Akwasi Dante Afriyie

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Akwasi Dante Afriyie
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Atwima-Mponua Mpɛsoa so
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoKwame Gyawu-Kyem
AnanmusiniIsaac Kwame Asiamah
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party

Akwasi Dante Afriyie yɛ Ghana mmarahyɛ baguamuni.[1] Ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no mu ni. Ɔsom sɛ mmarahyɛ baguamuni ma Atwima Mponua mpɛsua wɔ Asante mantam mu.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Akwasi dii nkonim wɔ Ghana (1997) mfe apem ahankron aduokron ne nson abatow no mu. Wɔ mfe mpem mmienu (2000), ɔde mma (8,153) mpem nwɔtwe, ɔha num ne ɛbiesa na ɔde dii nkonim wɔ abatow no mu. Wɔ mfe (2004) mpem abiean ne nan Ghana abatow mu no, Isaac Kwame Asiamah tuu no fii akongua no so.[2]

Abatow[sesa]

Wɔ mfe (2000) mpem ɛbiean no, Afriyie dii nkonim wɔ Ghana abatow mu sɛ mmarahyɛ baguani ma Atwima Mponua mpɛsua so wɔ Asante mantam mu.[2]

Na ne mpɛsua no ka mpɛsua (31) aduasa biako wɔ mpɛsua (33) aduasa bieɛsa a New Patriotic Party (NPP) nyae wɔ Asante mantam mu. New Patriotic Party (NPP) nyaa nkongua (100) ɔha biako wɔ nkongua (200) ɔha abien mu wɔ Ghana mmarahyɛ bagua mu.[3]

Akwasi de mma a ne dodow yɛ 33,726 no mu 20,245. Eyi gyina hɔ ma 61.1% na edii nkonim. Akwasi dii Kwaku A.[3] Mensah a ogyina maa National Democratic Congress(NDC), Osei S. Bossman a ɔno nso gyina maa Convention People's Party(CPP) ne Edwina C. Quist a ɔno nso gyinaa hɔ maa National Reformed Party(NRP). Eyi nyaa mma mpem duabiean ne aduokron ebiean (12,092),aha nan ne aduonum ebiesa

(453) ne aha ebiesa ne dunkron (319) na eyi gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nsia ne akyirepow nun(36.5%),ɔha nkyekyɛmu biako ne akyirepow nan (1.4%) ne ɔha nkyekyɛmu biako (1%).[4]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://ghanamps.com/mps-by-year-group/?group=2463
  2. 2.0 2.1 2.2 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/13/index.php
  3. 3.0 3.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/ashanti/index.php
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/index.php