Jump to content

Agyemmirekutu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
mumps
class of disease, symptom or sign
subclass ofparotitis, mumps virus infectious disease, herpangina, salivary gland disease, Nyarewa Sesa
has causemumps virus Sesa
health specialtyinfectious diseases, pediatrics Sesa
possible treatmentsupportive care Sesa
disease transmission processdroplet infection, airborne transmission Sesa
anatomical locationsalivary gland, gonad, pancreas, meninges Sesa
risk factorsmoking Sesa
ICD-9-CM072 Sesa
ICPC 2 IDD71 Sesa
NCI Thesaurus IDC29888 Sesa

Agyemmirekutu (brɔfo kasa mu, Mumps) yɛ yareɛ a ɔyare mmoawa mumps de ba[1][2].

Ma ɛde ba[sesa]

Agyemmirekutu fi mumps mmoawa a ɛnam ɔhome mu nsu anaasɛ obi a ɔwɔ ɔyare no a ɔne no di nkitaho tẽẽ so na ɛba. Mmoawa no betumi afa mmeae a efĩ wɔ nso so atrɛw[2]. Wɔ Ghana no, nneɛma te sɛ nnipa pii a wɔte faako ne nnuru a wɔde bɔ nkurɔfo ho ban a ɛba fam no betumi ama Agyemmirekutu no atrɛw akɔ nnipa pii mu.

Sɛnkyerɛnne[sesa]

Abofra a ɔwɔ Agyemmirekutu na ama n'anim ahonhon

Nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɛkyerɛ sɛ obi anya Agyemmirekutu no nyɛ nea ɛyɛ pɔtee na nea ɛka ho ne Ahoɔhyeɛ, tipaeɛ, akisikuru, ntini mu yaw, ne aduan ho akɔnnɔ a ɛyera[2][3].

Mpɛn pii no, sɛnkyerɛnne ahorow no ba wɔ nnafua 16 kosi 18 akyi bere a wɔanya mmoawa no[4][5]. Nnipa a wɔwɔ Agyemmirekutu yare no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako ntaa nnya sɛnkyerɛnne biara (wɔnkyerɛ sɛnkyerɛnne biara).

Mpɛn pii no, anim no nkyɛnmu hono na ɛde yaw (parotid glands, a wɔfrɛ no parotitis) di saa sɛnkyerɛnne ahorow yi akyi, na ɛno ne sɛnkyerɛnne a ɛtaa ba a ɛkyerɛ sɛ obi anya Aggywmmirekutu[2][6].

Ɔhaw[sesa]

Agyemmirekutu betumi anya akwahosan so nkɛntɛnso kɛse, titiriw wɔ nnipa a wɔamfa nnuru ambɔ wɔn paneɛ no mu[2]. Sɛ wɔnhwɛ ansa a ebetumi de haw a emu yɛ den aba, te sɛ asosiw ne awo mu akwahosan ho nsɛnneenen. Agyemmirekutu ho haw a ɛwɔ Ghana no yɛ kɛse esiane akwahosan ho nhyehyɛe a wobenya ho nsɛnnennen nti. Etumi kyɛ ansa na woahu yare no na wɔasa no.

Nsɔano[sesa]

Agyemmirekutu a wobesi ano taa faa paneeɛbɔ a wɔde bɔ nkrufo ho ban no ho. Nduro a wɔde bɔ nnipa ho ban, MMR (measles, mumps, rubella) boa ko saa yareɛ yi[1].

Wɔ Ghana no, nnuru a wɔde bɔ nkurɔfo ho ban a wɔbɛma akɔ soro ne ɔmanfo akwahosan ho nkyerɛkyerɛ ho hia kɛse na wɔatumi asiw Agyemmirekutu yareɛ a ɛtrɛw yi ano[7].

Mpɛn pii no, Agyemmirekutu no ankasa tumi kɔ abere a wɔnfa aduro pɔtee bi nsa, na nnuru pɔtee biara nni hɔ a wɔde ko tia ɔyare mmoawa no, enti paneɛbɔ no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛtew sɛnkyerɛnne ahorow so na asiw nsɛnnennen ano. Akwan a ɛnyɛ nnuruyɛ a wɔfa so di yare no ho dwuma bi ne nna ne home a obi bɛhome, blɔɔgo anaa ɔhyew nneɛma a wɔde gu kɔn mu a wɔde bedi dwuma, nsu pii a wɔnom, nnuan a ɛyɛ mmerɛw a wobedi, ne nkyene nsu a ɛyɛ hyew a wɔde gu wɔn anom[8][9].

Sua pii[sesa]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 Mumps (in English), retrieved 2024-06-29
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 Mumps: Vaccination is important-Mumps - Symptoms & causes (in English), retrieved 2024-06-29
  3. CDC (2024-06-10), About Mumps (in American English), retrieved 2024-06-29
  4. Shih-Bin Su, Hsiao-Liang Chang, Kow-Tong Chen (2020-03-01), "Current Status of Mumps Virus Infection: Epidemiology, Pathogenesis, and Vaccine", International Journal of Environmental Research and Public Health, vol. 17, no. 5, p. 1686, doi:10.3390/ijerph17051686, ISSN 1661-7827, PMC 7084951, PMID 32150969, retrieved 2024-06-29{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Patrick Davison, Elizabeth A. Rausch-Phung, Jason Morris (2024), "Mumps", StatPearls, Treasure Island (FL): StatPearls Publishing, PMID 30521206, retrieved 2024-06-29{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. Cleverland Clinic (2022-09-28), Mumps
  7. Daniel Amoako-Sakyi, Dorcas Obiri-Yeboah, Anthony Ofosu, Kwadwo Asamoah Kusi, Kingsley Osei, Richard Adade, Ebenezer Aniakwaa-Bonsu, Reginald Quansah, John Arko-Mensah, Brodrick Yeboah Amoah, Godwin Kwakye-Nuako, Eric Yaw Frimpong, Mariama Combasseré-Cherif, Hidaya Mohammed, Boubacar Maiga, Julius Fobil, Isabella Quakyi, Ben A. Gyan (2022-10-12), "Preponderance of vaccine-preventable diseases hotspots in northern Ghana: a spatial and space-time clustering analysis from 2010 to 2014", BMC Public Health, vol. 22, p. 1899, doi:10.1186/s12889-022-14307-1, ISSN 1471-2458, PMC 9555261, PMID 36224589, retrieved 2024-06-29 {{citation}}: Check |pmc= value (help); Check |pmid= value (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. Mumps - National Library of Medicine - PubMed Health, 2014-10-17, retrieved 2024-06-29
  9. Niall F. Davis, Barry B. McGuire, Jackie A. Mahon, Anna E. Smyth, Kiaran J. O’Malley, John M. Fitzpatrick (2010-04-01), "The increasing incidence of mumps orchitis: a comprehensive review", BJU International (in English), vol. 105, no. 8, pp. 1060–1065, doi:10.1111/j.1464-410X.2009.09148.x, ISSN 1464-4096, retrieved 2024-06-29{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)