Nyarewa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nyarewa ho mfoni

Nyarewa yɛ tebea bi a obi kɔ mu a ne ho mfa no na ɛde nsunsuansoɔ ba nnipadua nom mma no nni dwuma yie na ɛnyɛ sɛ obi apira.[1][2] Nyarewa yɛ tebea a obi kɔ mu a ɛde nsɛnkyerɛne na ne nnipadua ho. Nnoɔma a ɛwɔ yɛn mu a yɛfrɛ no pathogens tumi de yareɛ ba. Nhwɛsoɔ, sɛ yɛn nkwammoa no ntumi nni dwuma yie a ɛtumi de nyarewa pii bi te sɛ immunodeficiency, hypersensitivity, allergies ne autoimmune disorders brɛ yɛn. Wɔ nnipa fam no, yareɛ yɛ tebea bi a obi kɔ mu a ɛde yaw, nnipadua no nni dwuma yie, ɔbrɛ, ne ɔhaw a ɛwɔ mpɔtam anaa owuo brɛ nea wanya yareɛ no, anaa wɔn a wɔbɛn saa nnipa no nso bɛtumi anya saa ɔhaw no bi. Ɛtumi yɛ pira, dɛm, nnoɔma ntorɔ yie wɔ nnipadua nom, syndrome, nsanyareɛ, nsɛnkyerɛnne a ate ne ho, suban bɔne, saa ara nso na wɔ nsɛm foforɔ mu ne botaeɛ foforɔ mu no ɛbɛtumi a nkyekyɛmu a wobɛtumi akyerɛ mu ama yɛahunu no nsonsonoeɛ. Nyarewa tumi yɛ adwene no nnyɛ nnipadua no nkoa, sɛ wonya yareɛ na ɛtena wo mu a ɛtumi de ɔhaw abrɛ nea yareɛ no wɔ no so. Sɛ obi yare na ɛnam so ma no wu a wɔfrɛ no owupa. Yɛwɔ nyarewa ahodoɔ nan, deficiency diseases, hereditary diseases (including both genetic diseases ne non-genetic hereditary diseases), ne physiological diseases. Wobɛtumi akyekyɛ nyarewa wɔ akwan pii bi so te sɛ yareɛ a ɛsane ne nea ɛnsan.Yareɛ a ɛyɛ hu paa ne coronary artery disease (blood flow obstruction), followed by cerebrovascular disease ne lower respiratory infections.[3] Wɔ aman a atu mpɔn mu no, yareɛ aba nnipa so paa ara neare neuropsychiatric conditions, bi te sɛ dɔbrɛ ne adwene mu haw. Pathology yɛ ɔkwan a yɛfa so su nyarewa, a etiology adesua ne nea ɛde ba ka ho.

Edin Ahodoɔ[sesa]

concept

Wɔ nnoɔma pii mu no, edin te sɛ disease, disorder, morbidity, sickness and illness di dwuma wɔ berɛ biara wɔpɛ; nanso yɛwɔ baabi a yɛde edin pɔtee bi nkoa di dwuma wɔ hɔ .[4]

Yareɛ

Yareɛ nkyerɛaseɛ ne tebea bi ɛmma nnipadua no nni dwuma yie. Ne saa nti, nyarewa a ɛmma nnipadua no nni dwuma sɛdeɛ ɛteɛ no bɛyɛ homeostatic.[5] Wɔde edin no gyina hɔ ma nsanyareɛ a ɛyɛ nyinasoɔ yareɛ a ɛfiri pathogenic microbial bi te viruses, bacteria, fungi, protozoa, multicellular organisms, ne aberrant proteins a wɔfrɛ no prions. Nsanyadeɛ a ɛma yɛ adanseɛ biara te sɛ, mmoawammoawa bi aba gut no mu anaasɛ mmoa bi a ɛwuraa nnipadua no mu no nyɛ yareɛ. Nea ɛda nso ne sɛ nsanyareɛ a ɛyɛ asymptomatic wɔ berɛ a yareɛ no hyɛaseyno, nanso na ɛwɔ sɛ ɔho nsɛnkyerɛnne no ba akyire na yɛfrɛ no nyareo. Yareɛ a ɛnsan yɛ nyarewa foforɔ a kokoram, akoma mu yareɛ ne genetic disease ka ho.

Yareɛ a yɛnya firi baabi

Yareɛ a yɛnya hyɛ aseɛ firi yɛn abrabɔ mu, yareɛ a yɛnya firi awoɔ mu a ɛyɛ congenital disease. Woanya kyerɛ sɛ"wanya yareɛ a ɛsan", nanso ɛkyerɛ sɛ woanya yareɛ bi wɔ awoɔ mu. Ɛtumi yɛ sɛ yareɛ a ɛnsan nanso yareɛ a yɛnya no yɛ nketewa.

Acute disease

Yareɛ a ano yɛ den no yɛ adeɛ a ɛba a ɛnkyɛ; edin tumi ma nkyereaseɛ traa.

Chronic condition or chronic disease

Yareɛ koankorɔ yɛ yareɛ a ɛkyɛ bɛyɛ bosome nsia nanso ɛda yareɛ bi a ɛwɔ sɛ ɛtena nnipadua no mu ne nkwa nna nyinaa.

Congenital disorder or congenital disease

Congenital disorder yɛ yareɛ a ɛba wɔ bɛ a yɛawo obi. Ɛyɛ yareɛ a ɛwɔ abusua mu a ɛtumi nya obi. Ɛbɛtumi ayɛ sɛ maame no de yareɛ no bɛma abɔfra no, yareɛ bi te sɛ HIV/AIDS

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20090628224336/http://www.mercksource.com/pp/us/cns/cns_hl_dorlands_split.jsp?pg=/ppdocs/us/common/dorlands/dorland/three/000030493.htm
  2. https://tgb.com.au/injured-people/what-is-the-difference-between-an-%E2%80%9Cinjury%E2%80%9D-and-%E2%80%9Cdisease%E2%80%9D-for-commonwealth-injury-claims/
  3. https://www.who.int/features/qa/18/en/
  4. https://web.archive.org/web/20100528085547/http://science.education.nih.gov/supplements/nih5/Mental/other/glossary.htm
  5. https://web.archive.org/web/20121025044155/http://regentsprep.org/Regents/biology/units/homeostasis/index.cfm