Jump to content

Konkoraa

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dysentry agglutinins in the sera of healthy animals
scholarly article
title Sesa
main subjectShigella dysenteriae, Shigella, Escherichia, agglutinin Sesa
author name stringDIMOW I, I. DIMOW Sesa
language of work or nameGerman Sesa
publication date1 Ɛbɔ 1962 Sesa
published inZeitschrift für Immunitätsforschung und experimentelle Therapie Sesa
volume124 Sesa
page(s)90-95 Sesa

Konkoraa( borɔfo-ysentery) yareɛ kane no na yɛnim no sɛ bloody flux,[1] yɛ yafunu mu yadeɛ ayamtuo de ba[2][3] ɛho nsɛnkyerɛnne no bi ne ahoɔmerɛ, yafunukeka[4][5] afei nso, obi wɔ bi a, ne ho nsuo taa we ntɛm. Ɛba saa a, naukɔm taa de no ntentem.[6]

Mmoawa nketenkete a wɔfiri genus Shigella abusua abusuakuo no mu na wɔde konkora yadeɛ ba. [2] Deɛ ɛde ba no bɛtumi nso ayɛ mmoawa bi te sɛ nsonsono a wɔyɛ antɔborɔ.[4] Ɛyɛ nsaeyadeɛ.[7]Wn a wɔtaa di aduane a anyinya na wɔtaa nya konkora yadeɛ pa ara. Nyɛ aduane a ɛreyɛ asɛe nko na obi di a onya yadeɛ yi. Sɛ obi ammɔ n'aduane ho ban amfiri nwansena ho na wɔbɛsisi so a, wɔgya mmawammoawa bi a yɛmfa yɛn ani nhunu wɔn sis nnuane no so. Onipa no taa di aduane a.akɔ saa tebea no mu a, ɛnyɛ den sɛ ɔbɛnya yadeɛ yi bi .[5] Yadeɛ no taa wɔ nsono mu. Yɛn nsono kɛseɛ a aduane a yɛdi no yam wie a ɛfa mu no mu na yadeɛ yi taa si.[4]

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Cross-section of diseased intestines. Colored lithograph c. 1843

Ɛnam mmoawa antɔborɔ nketenkete bi a yɛmfa yɛn ani nhunu wɔn na wɔde komkoraa ba. Nyɛ wɔn ankasa na wɔde yadeɛ no, na mmom, deɛ ɛde yadeɛ no ankasa ba no wɔ wɔn mu. Wɔpu gu yɛn nsono mu a, na yadeɛ no ho nsɛnkyerɛnne hyɛ aseɛ.[3] Sɛ saa mmoa yi fra yɛn nnuane ne yɛn nsuo na sɛ yɛdi anaa yɛnom ko yɛn mu a, berɛ a aduane no reyam no, wɔkɔka yɛn nsono mu. Sɛ wɔpu saa pathogen yi gu yɛn nsono mu a wɔdeɛ aduradeɛ a ɛwɔ nsono no mu no. Ɛhɔ na yafunukeka nkakrankakra hyɛ aseɛ no. Ɛba saa a na onipa no ho ayɛ hye. Ɔtumi te su ne nsono mu nso yɛ ne ya. Nsono no tumi honhono kakra. Yei si a ɛmma nnuane nnuro a ɛwɔ nnuane a yɛdi no mu no ntumi nyɛ adwuma yie.

Yɛbɛtumi de mmoa a wɔde saa yadeɛ yi ba no agu akuo ahodoɔ mmienu mu. Ɛdi kan, yɛwɔ wɔn a apɔmuden ho nhwehwɛmufoɔ frɛ wɔn invasive ɛna deɛ wɔfrɛ no toxogenic. Deɛ wɔfrɛ no nvassive no ba nipadua no mu a, nyɛm pa ara, wɔsɛe adeɛ a wɔfrɛ no mucosa. Mmoawa no fa a wɔfrɛ wɔn yoxogenic no deɛ, wɔnseɛ mucosa mu, mmom, wɔsi nneɛma nketekete bi a ɛboa ma nipadua no tumi yɛ adwuma yie no kwan.

Signs and symptoms[sesa]

Konkoraa yadeɛ no gu ahodoɔ. Ɛmu baako ne bacillary dysentery. Yei nhyɛ da nyɛ hu pii. Ɛho nsɛnkyerɛnne kakra ne yafunukeka nketenkete bi. Yei taa de ayamwhie ba. Nsɛnkyerɛnne yi ntaa mmoro nna mmeɛnsa. Sɛ ɛwɔ hɔ boro nna mmeɛnsa a na kyerɛ sɛ yadeɛ foforɔ de ne ho agye mu.[4][8][9][10].[11]

Nsɔano[sesa]

Kwan a wɔtaa fa so bɔ wɔn ho ban firi konkoraa ho ne sɛ wɔbɛhohoro wɔn nsa berɛ ano berɛ ano.[7]

Ahobammɔ Nnuro.[sesa]

Seesei deɛ, nnuro biara nni hɔ a wɔnom de bɔ wɔn ho ban firi konkoraa yadeɛ ho. Ahonidie ne ade titiriw a ɛbɔ ɔmanfoɔ ho ban ma wɔnya yadeɛ no bi. Ebia berɛ rekɔ anim no, wɔbɛnya nnuro a ɛbɛtumi abɔ ɔmanfoɔ ban ama wɔanya yadeɛ no. Ɛyɛ wiase kubaatan a ɛhyɛ apɔmuden no anisoadehunu sɛ wɔde aduro a ɛbɛbɔ ɔmanfoɔ ho ban afiri konkoraa yadeɛ ho.

Ayaresa[sesa]

Ɛkwan baako nso a wɔfa so tu yareɛ no ase ne yɛbɛtwe adwene asi hia a ɛhia sɛ wɔbɛnom nsuo bebree.[7] Sɛ abofono ne ɛfeɛ ntoɔtoasoɔ nti sunom yi remmoa a, ɛsɛ sɛ ɔyarefoɔ no kɔhunu dɔkota. Ayaresabea hɔ deɛ, wɔbɛtumi de nsuo asi ne so.

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Nhwɛsoɔ:Cite OED
  2. 2.0 2.1 "Dysentery". who.int. Archived from the original on 5 December 2014. Retrieved 28 November 2014.
  3. 3.0 3.1 "Controlling the Spread of Infections in Evacuation Centers |Health and Safety Concerns". U.S. Centers for Disease Control and Prevention. Retrieved 15 November 2019.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Nhwɛsoɔ:DorlandsDict
  5. 5.0 5.1 Marie C, Petri WA (August 2013). "Amoebic dysentery". BMJ Clinical Evidence. 2013. PMC 3758071. PMID 23991750.
  6. "WHO EMRO | Dysentery | Health topics". www.emro.who.int. Retrieved 15 November 2019.
  7. 7.0 7.1 7.2 "Dysentery". nhs.uk (in English). 18 October 2017. Retrieved 15 November 2019.
  8. DuPont HL (September 1978). "Interventions in diarrheas of infants and young children". Journal of the American Veterinary Medical Association. 173 (5 Pt 2): 649–53. PMID 359524.
  9. DeWitt TG (July 1989). "Acute diarrhea in children". Pediatrics in Review. 11 (1): 6–13. doi:10.1542/pir.11-1-6. PMID 2664748.
  10. "Dysentery symptoms". National Health Service. Archived from the original on 23 March 2010. Retrieved 22 January 2010.
  11. "Dysentery-Diagnosis". mdguidelines.com. Archived from the original on 14 July 2011. Retrieved 17 November 2010.