Jump to content

Tipaeɛ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Headache
medical journal
inception1961 Sesa
titleHeadache Sesa
main subjectneurology, Tipayɛ Sesa
publisherWiley-Blackwell Sesa
country of originAmerika Sesa
language of work or nameEnglish Sesa
wɔn wɛbsaethttp://www.headachejournal.org/view/0/index.html, http://onlinelibrary.wiley.com/journal/10.1111/(ISSN)1526-4610, http://firstsearch.oclc.org/journal=0017-8748;screen=info;ECOIP Sesa
indexed in bibliographic reviewScopus Sesa
Danish Bibliometric Research Indicator level1 Sesa

Tipaeɛ, ( borɔfo kasa-Headache, Latin- cephalalgia) yɛ yaw a yɛte wɔ yɛn anim, yɛn tiri mu, ne yɛn kɔn. Egu ahodoɔ atitriw mmienu. Ɛbɛtumi ayɛ deɛ wɔfrɛ no migraine, tension-type tipaeɛ anaa deɛ wɔfrɛ no cluster cluster headache.[1][2] Tipaeɛ tae ma obi ho yɛ no basabasa. Ɛyɛ yadeɛ a ɛha adwene pa ara. mu.Tipaeɛ bɛtumi afa kwan pii so aba. Yɛwɔ ɔkwan ahodoɔ a yɛfa so kyekyɛ tipaeɛ mu. Deɛ yɛnim paa yɛ International Headache Society, deɛ a wɔadan no adi a ɛboro ahodoɔ bɛyɛ ɔha ne aduonum. Nea ɛde tipaeɛ ba no bi ne sɛ obi ho nsuo bɛtwe a, ɔbrɛ, sɛ obi nna yie, ayamtim ne deɛ ɛkeka ho.[3] Tipeɛ bɛtumi nso ayɛ sunsuansoɔ a obi nya firi nnuro nom mmorosoɔ mu. Mmoawammoawa nketenkete a yɛmfa yɛn ani nhunu wɔn bi nso nam aduane anaa nsuo so kɔ yɛn mu a, ɛno tumi de tipaeɛ ba. Dedeyɛ nso ka deɛ ɛde tipaeɛ ba no ho. Sɛ obi pira wɔ ne tiri ho baabi nso, ɛde tipaeɛ ba. Nsaborɔ nso tumi de ba.[4] Kaka ka nyarewa a ɛde tipaeɛ ba no ho. Kwan a yɛfa so sa saa yareɛ no gyina ɛkwan ɛfaaso baeɛ, nanso nea yɛtaa hunu ne yaw(ne titire sɛ ɛyɛ migraine anaasɛ cluster headache). [5] Tipaeɛ yɛ adeɛ a ɛba nnipa so Sɛ obi ho mfa noa. Tipaeɛ a ɛde ateetee ba nso ho nyɛ na. Ɛnya nnipa bɛyɛ ɔpepepem baako ne nsia(ɔhamu nkyekyɛmu aduonu baako ne akyiri pɔ nnwɔtwe). Tipaeɛ a yɛfrɛ no migraine nso nya nnipa bɛyɛ ɔpepem ahannwɔte ne aduanan nnwɔtwe (ɔhamu nkyekyɛmu du baako akyiripɔ nson).

Deɛ Ɛde Ba[sesa]

Yɛwɔ tipaeɛ ahodoɔ bɛyɛ ahanu. Ɛbi nha adwene na ɛbi nso nyɛ koraa. Tipaeɛ nkyerɛkyerɛmu ne ne nhunumu wɔ Neurological nhwehwɛmu mu no kyerɛ sɛ wɔhia nhwehwɛmu foforɔ ne aduro a yɛ ma tipaeɛ no. Wakyekyɛ tipaeɛ mu "Primary ne Secondary". Tipaeɛ a ɛyɛ "Primary" yɛ yareɛ a ɛnyɛ yareɛ bi na ɛde ba. Nhwɛsoɔ, migraine yɛ tipaeɛ a ɛdikan. Sɛdeɛ Primary tipaeɛ ma obi ti yɛ no ya dabiara no, ɛnyɛ yareɛ a ɛyɛ hu. Nea ɛde " Secondary "tipaeɛ ba yɛ yareɛ bi te sɛ infection, hear injiry, vascular disorder, brain bleed, stomach irritatio anaasɛ Timor. Tipaeɛ a ɛyɛ "Secondary" no yɛ hu. Frankaa bi a ɛyɛ kɔkɔɔ anaa kɔkɔbɔ bi kyerɛ sɛ "Secondary" tipaeɛ no bɛtumi ayɛ hu.

Nsɔano[sesa]

An old advertisement for a headache medicineYɛadi

Yɛadi kan ahunu sɛ, tipaeɛ bɛboro ahammienu a apɔmuden adwumayɛfoɔ adan no adi no nyinaa wɔ nkyekyɛmu atitriw mmienu. Emu biara wɔ kwan a wɔfa so sa. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso ne sɛ, ekuo a ɛdeɛ ɛdi kan no yɛ deɛ yadeɛ no ankasa ba. Su ebia, obi abrɛ anaa obi adi nneɛma fi bi akɔ ne yam na ɛnam so, wanya tipaeɛ. Ɛkwan a wɔfa so sɔ ɛno ano ne sɛ, wɔma ayarefoɔ no num nnuro a wɔagye atu mu.[6]

Ekuoa a Ɛtɔ so Mmienu[sesa]

Ekuo a ɛtɔ so mmienu yi yɛ tipaeɛ a wɔnam nyarewa bi so ba. Sɛ ebia, ayamtim ama obi ti pae no, obi apira wɔ ne tiri ho ama ne ti pae no ne deɛ ɛkeka ho. atment of secondary headaches involves treating their underlying cause. Tipaeɛ a ɛnam yareɛ foforɔ so ba no, wɔdi kan hwɛ sɛ wɔbɛhwɛ saa yareɛ no. Deɛ nti a wɔyɛ saa no ne sɛ, sɛ wɔdi kan sa saa yadeɛ no a, tipaeɛ no ankasa bɛkɔ.

History[sesa]

An 1819 caricature by George Cruikshank depicting a headache

Tipaeɛ deɛ ɛwɔ hɔ firi abɔdeɛ mfitiaseɛ. Abakɔsɛm kakra yi mfa kwan a tipaeɛ faa so baa asase so anaa kwan a wɔfaa so hunuiɛ ho, mmom, ɛfa berɛ a wɔde tipaeɛ guu akuoakuo mu no ho. Deɛ ɔdii kan kyekyɛɛ tipaeɛ mu no din de Aretaeus a ɔfiri Cappadocia. Na ɔyɛ apɔmuden ho nhwehwɛmufoɔ a ɔdi ne dwuma wɔ Greco-Roman antiquity.[7] Ɔde tipaeɛ ahodoɔ mmeɛnsa na ɛtoo dwa:

i)cephalalgia, ( mpofirimu tipaeɛ- ɛba a, ɛnkyɛ na asan nso kɔ).

ii) cephalea, ( deɛ ɛtumi tena obi ho kyɛ)

iii) heterocrania, ( Deɛ ɛma obi ti fa pae no).[8]

Ɛno akyiri no, Thomas Willis nso de ne nkyekyɛmu baeɛ wɔ afe apem, ahansia ne aduɔson mmienu1672) a ɛsɛ nnɛ merɛ yi mu deɛ a yɛadi kan aka ho asɛm no.

Wɔ afe apem, ahanson ne aduɔwɔtwe nson( 1787 ) mu no, Christian Baur de nkyekyɛmu mmienu baeɛ:

i) idiopathic ( deɛ ɛno ankasa ba

i) symptomatic ( deɛ ɛnam nyarewa nkaeɛ bi so ba).[9]

Beaeɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. "Headache disorders" (in English). The World Health Organization. 8 April 2016. Retrieved 2021-12-14.
  2. Silberstein, Stephen D. (2022-03-09), Lynch, Mary E.; Craig, Kenneth D.; Peng, Philip W. (eds.), "Headache", Clinical Pain Management (in English) (1 ed.), Wiley, pp. 336–342, doi:10.1002/9781119701170.ch32, ISBN 978-1-119-70115-6, retrieved 2022-04-29
  3. Carolyn B. Britton (2013), Mark W. Green, Philip R. Muskin (ed.), "Stress and headache", The Neuropsychiatry of Headache, Cambridge: Cambridge University Press, pp. 54–62, ISBN 978-1-107-02620-9, retrieved 2024-06-16
  4. Headache (in English), retrieved 2024-06-16
  5. Headache (in English), retrieved 2024-06-16
  6. Franklin GM (September 2014). "Opioids for chronic noncancer pain: a position paper of the American Academy of Neurology". Neurology. 83 (14): 1277–1284. doi:10.1212/WNL.0000000000000839. PMID 25267983.
  7. Classical antiquity | Dates, Art, Literature, & Map | Britannica (in English), retrieved 2024-06-16
  8. Aretaeus Of Cappadocia | Ancient, Medical Writings, Galen | Britannica (in English), retrieved 2024-06-16
  9. Environmental Health (in English), retrieved 2024-06-16