Jump to content

Ahrawa mu yareɛ

Ɛfi Wikipedia
Ahrawa mu yareɛ ho mfoni

Ahrawa mu yareɛ (brɔfo kasa mu, Diphtheria), a Corynebacterium diphtheriae na ɛde ba no yɛ yare a ɛma mmoawa a ebetumi akum obi ba nnipa home nhyehyɛe beaɛ (respiratory system)[1][2].

Esiane sɛ ɛyɛ ntini a ɛyɛ fitaa a ɛyɛ den wɔ menewa mu nti, ebetumi asiw ɔhome na ɛde nsɛnnennen a emu yɛ den aba. Abakɔsɛm mu no, ɛyɛ wiase nyinaa akwahosan haw, na ahrawa mu yareɛ da so ara yɛ asɛm titiriw, titiriw wɔ mmeae a wɔmfa nnuru a wɔde bɔ nkurɔfo ho ban ndi dwuma papa no.

Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛko atia ahrawa mu yareɛ wɔ Ghana no bi ne ɔsatu ahorow a wɔde bɔ nkurɔfo dawuro na abɔ wɔn ho ban ne hwɛ a wɔbɛhwɛ afofor awɔ wɔn panee wɔ yare mmoawa no ho[3]. Ne yaresa, nea ɛda adi wɔ ayaresabea, ne akwan a wɔfa so siw ano no ntease ho hia kɛse ma ɔmanfo akwahosan[1].

Ade a ɛde ba[sesa]

Ɔyare mmoawa Corynebacterium diphtheriae na ɛma obi nya ahrawa mu yareɛ[4]. Ɛnam ɔhome mu nsuo a ɛfiri nnipa a wɔanya yadeɛ no bi wa anaa hintew mu, ne ɔhome mu nsuo anaa honam ani akuru a ɛka obi tẽẽ no so trɛw. Nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi anya ahrawa mu yareɛ ne menewa mu yaw, atiridiinini, ne ntini a ɛyɛ fitaa a ɛda nsow wɔ menewa no mu. Ɛkyɛ a ebetumi ama mframa kwan asiw, koma ntini mu yare, ne ntini mu nsɛnnennen[2].

Sɛnkyerɛnni[sesa]

Ahrawa mu yareɛ betumi ama kɔn ahonhon, na ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no nantwinini kɔn[5].

Mpɛn pii no, ahrawa mu yareɛ ho sɛnkyerɛnne fi ase wɔ ɔyare no akyi nna abien kosi ason. Nea ɛka ho ne atiridiinini a ɛyɛ 38 °C (100.4 °F) anaa nea ɛboro saa; awɔw; ɔbrɛ; honam ani kɔla a ɛsesa (cyanosis); menemkuro; ɛwa; tipaeɛ; ɛyɛ den sɛ ɔbɛmene ade; ɛyɛ den sɛ wobɛhome; ahome a wɔhome ntɛmntɛm; hwene mu nsu a ɛnyɛ na mogya ayɛ no ma.

Nsɔano[sesa]

Wogyina ayaresabea nkyerɛkyerɛmu so na wohu sɛ obi anya bi na wɔde nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔ aduruyɛdan mu te sɛ menewa mu hwehwɛmu anaa PCR so si so dua de hu ɔyare mmoawa no anaa ne awuduru. Akwan a wɔfa so siw ano no bi ne nnuru a wɔde bɔ paneɛ a toxoid wom (DTaP, Tdap). Wɔtaa de bɔ mmofra wɔ bere kɔ bere nhyehyɛe so wɔ wiase nyinaa[4][6].

Ɛde besi afe 2020 no, Ghana ammɔ amanneɛ sɛ obi anya ahrawa mu yareɛ no bi. Yare no bae wɔ afe 2010 mu bere a na enni hɔ fi 1985, bere a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nipa biako pɛ na onyaa yar yi saa afe no[3].

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 Diphtheria (in English), retrieved 2024-06-13
  2. 2.0 2.1 CDC (2024-05-21), Diphtheria (in American English), retrieved 2024-06-13
  3. 3.0 3.1 Ghana: number of diphtheria cases (in English), retrieved 2024-06-13
  4. 4.0 4.1 Corynebacterium diphtheriae - Search Results - PubMed (in English), retrieved 2024-06-13
  5. Pinkbook: Diphtheria | CDC (in American English), 2022-10-19, retrieved 2024-06-13
  6. Diphtheria (in English), 2018-01-11, retrieved 2024-06-13