Jump to content

Yarefufuoɔ

Ɛfi Wikipedia
Honam ani yare a ɛyɛ Yarefufuo a dwensɔtwaa mu kokoram de ba

Yarefufuoɔ (brɔfo kasa mu, Jaundice) yɛ aduruyɛ mu tebea a ɛma honam ani yɛ akokɔsrade (yellowish) ne aniwa fitaa a bilirubin dodow a ɛdɔɔso wɔ mogya mu na ɛde ba no[1][2]. Wɔ Ghana no, jaundice yɛ akwahosan ho haw titiriw, na ɛka mmofra a wɔawo wɔn foforo ne ankorankoro a wɔwɔ mberɛboɔ mu yareɛ titiriw[3][4].

Mpɛn pii no, Yarefufuo a ɛba mpanyimfo mu no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wonya nipadua mu nneɛma a ɛnyɛ ne kwan so, mmerɛbo a ɛnyɛ adwuma yiye, anaasɛ mogya mu ntini a ɛsiw wɔ wɔn mu. Nsɛnkyerɛnne a ɛtaa bata Yarefufuo ho ne ɛyaw, nsu a ɛyɛ fitaa, ne dwunso a ɛyɛ tumm[5].

Sɛnkyerɛnne[sesa]

Yarefufuoɔ ani kɔla

Nsɛnkyerɛnne a ɛtaa kyerɛ sɛ ɔmpanyin bi anya Yarefufuo ne aniwa no fã a ɛyɛ fitaa (sclera) ne honam ani kɔla a ɛsakra kɔla, ne scleral icterus honam a ɛkyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no serum bilirubin yɛ 3 mg/dl no[6]. Nsɛnkyerɛnne a ɛntaa nsi koraa a ɛkyerɛ sɛ obi anya jaundice titiriw wɔ mmofraase ne sẽ a ɛyɛ kokɔsradeɛ kɔla anaa ahabammono.

Ma ɛde ba[sesa]

Wɔ Ghana no, nneɛma titiriw a ɛde Yarefufuo ba no bi ne:

  1. Nkokoaa a Wɔawo Wɔn Foforo Yarefufuo: Ɛtaa ba wɔ mmofra a wɔawo wɔn foforo mu. Saa mmofra Yarefufuo yi betumi afi akokoaa no mmerɛbo a ennyinii, ɔyare mmoawa, anaa mogya kuw a ɛne ɔwofo no de nhyia enti a.
  2. Berɛboɔ mu yareɛ: Berɛboɔ mu yareɛ a mmoawa de ba, titiriw Berɛboɔ mu yare B ne C, abu so wɔ Ghana na ebetumi ama obi anya mmerɛbo mu yare a enni sabea ne Yarefufuo.
  3. Atiridii: Sɛ́ ɔman a Atiridii abu so no, atiridii a emu yɛ den betumi ama mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ asɛe, na ɛde Yarefufuo aba.
  4. Mmerɛbo mu Yare a Nsãnom deba: Nsã a wɔnom bere tenten betumi ama obi anya mmerɛbo mu yare ne Yarefufuoɔ.

Nsɔano[sesa]

Yarefufuoɔ ayaresa wɔ Ghana gyina nea ɛde ba no so. Sɛ ntini bi mu na asiw a, mpɛn pii no ɛho hia sɛ wɔyɛ oprehyɛn; anyɛ saa a, sɛnea wɔhwɛ so no yɛ aduruyɛ[7][8].

Wɔtaa de phototherapy sa mmofra a wɔawo wɔn foforo Yarefufuoɔ, na wɔ tebea horow a emu yɛ den mu no, ebia ɛho behia sɛ wɔsesaa mogya a mmofra no wɔ no. Wɔde nnuru a ekum ɔyare mmoawa ne nhyehyɛe ahorow a wɔde bɔ obi ho ban di berɛboɔ mu yareɛ ho dwuma na ama Berɛboɔ mu yareɛ B a ɛba no so atew. Wɔde nnuru a ekum atiridii sa Yarefufuoɔ a atiridii de ba no[9]. Wɔ awosu mu nyarewa te sɛ G6PD a enni nipadua mu ho no, ɛsɛ sɛ wɔbɛkwati nneɛma a ɛma mogya tu na wɔhwɛ wo bilirubin dodow so daa[10].

Mberɛbo mu yare a ɛde Yarefufuoɔ ba no hwehwɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ asetra mu te sɛ nsa a wɔbɛtew so, aduan pa a wɔbɛkɔ so adi, ne nnuru a wɔde di dwuma de di sɛnkyerɛnne ne nsɛnnennen ho dwuma.

Ɔmanfo Akwahosan Ho Nhyehyɛe ahorow[sesa]

Ghana aban ne ahyehyɛde ahorow a ɛnyɛ aban de de wɔn ho ahyɛ ɔmanfo akwahosan ho nhyehyɛe ahorow mu denneennen de atew Yarefufuoɔ a ɛba no so[11]. Wɔ Ghana no, ɔmanfo akwahosan ho nhyehyɛe ahorow a ɛboa ma wɔsiw Yarefufuoɔ ano no bi ne berɛboɔ mu yare B paneɛwɔ nhyehyɛe ahorow, akwan a wɔfa so siw atiridii ano te sɛ ntotom buo ne aduru a wɔde petepete so, ne ɔhwɛ a ɛkɔ anim ansa na wɔawo abofra ne awo akyi nhwehwɛmu[12].

Sua pii[sesa]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Healthdirect Australia (2024-03-14), Jaundice in adults (in Australian English), retrieved 2024-06-19
  2. Jaundice: MedlinePlus, 2016-08-27, archived from the original on 2016-08-27, retrieved 2024-06-19{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. SageJournals (2023-01-01), "Neonatal Jaundice Management: Knowledge, Attitude, and Practice Among Nurses and Midwives in the Northern Region, Ghana", SAGE Open Nursing (in English), vol. 9, doi:10.1177/23779608231187236, ISSN 2377-9608, retrieved 2024-06-19
  4. Research Gate (2022-03-01), Neonatal jaundice in Ghanaian children: Assessing maternal knowledge, attitude, and perceptions
  5. Roger Jones (Prof.) (2005), Oxford Textbook of Primary Medical Care (in English), Oxford University Press, ISBN 978-0-19-856782-0, retrieved 2024-06-19
  6. Bilal Gondal, Andrew Aronsohn (2016-12-01), "Biliary Interventions: A Systematic Approach to Patients with Jaundice", Seminars in Interventional Radiology (in English), vol. 33, no. 4, p. 253, doi:10.1055/s-0036-1592331, PMID 27904243, retrieved 2024-06-19
  7. Fred F. Ferri (2014-07-26), Ferri's Clinical Advisor 2015 E-Book: 5 Books in 1 (in English), Elsevier Health Sciences, ISBN 978-0-323-08430-7, retrieved 2024-06-19
  8. Jonathan M. Lorenz (2016-12-01), "Biliary Interventions: Management of Malignant Biliary Obstruction", Seminars in Interventional Radiology (in English), vol. 33, no. 4, p. 259, doi:10.1055/s-0036-1592330, PMID 27904244, retrieved 2024-06-19
  9. CDC (2024-05-09), Malaria's Impact Worldwide (in American English), retrieved 2024-06-19
  10. Glucose-6-Phosphate Dehydrogenase (G6PD) Deficiency: Practice Essentials, Pathophysiology, Etiology, 2023-06-27, retrieved 2024-06-19
  11. Minitry of Health, Ghana, Integrated Disease Surveillance and response in Ghana (PDF)
  12. Yellow fever (in English), retrieved 2024-06-19