Papa Owusu Ankomah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Papa Owusu Ankomah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth27 Oforisuo 1958 Sesa
place of birthSekondi-Takoradi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationbarrister, university teacher, Amanyɔni Sesa
educated atUniversity of Ghana, Ghana School of Law Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Papa Owusu-AnkomahGhana mmaranimni ne amanyɔni. Ɔka wɔn a wɔtee Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) no ho.[1] Ɔdii dwuma sɛ mmarahyɛbadwani maa Sekondi mpɛsua firi afe apem ahankron ne aduokron nsia mu (1996) de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne dunsia mu (2016).[2]Ayɛwohomumɔ bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson (2017)mu no, wɔpaw Papa Owusu-Ankomah sɛ Ghana High Commisiona ma UK ne Ireland.[3] Ne srahwɛ dwumadie no siiɛ wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu (2020)[4][5] mu wɔ Obubuo bosome ne da a ɛtɔ so aduasa no mu. Na wɔfrɛ no Quiet Dynamo ma Ghana amanyɔnsɛm. Ɔhyiaa Queen Elizabeth II berɛ a na ɔreda ne Credence nkrataa adi wɔ Buckingham Ahemfie wɔ London.[6]

Abrabɔ ahyɛseɛ[sesa]

Wɔwoo Owusu-Ankomah wɔ Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduonum nwɔtwe (1958) mu wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nson maa adwadie abusua bi a na wɔdi dwa fa adansie ho wɔ atɔeɛ mantam mu. Yaw Owusu-Ankomah a ɔyɛ ne papa no firi Atibie a ɛwɔ Kwahu mansini mu wɔ apueeɛ mantam mu, na ne maame, Araba Owomoye Owusu-Ankomah, nso firi Dixcove a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu.

Nwomasua[sesa]

Owusu-Ankomah hyɛɛ ne nwomasua ase firi primary wɔ Takoradi, ɔfirii hɔ na ɔkɔɔ Mfantsipim ntoasoɔ sukuu. Wɔ Mfantsipim ntoasoɔ sukuu mu na ɔnyaa ne West African Examination Council's Advanced Level nsɔhwɛ ababɔdin krataa maa no de toa so kɔɔ suapɔn.

University of Ghana, Legon suapɔn mu no ɔsuaa mmara ho nsɛm. Ɔwieeɛ no na ɔkura LL.B (Hons) 2nd Class Upper Division wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron (1979) mu na ɔde toa so kɔɔ Ghana School of Law, a owiee ne nwomasua wɔ mmara mu wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako (1981). Wɔgyee no tum sɛ mmaranimni sa afe no ara.

Adwuma[sesa]

Owusu-Ankomah yɛ mmaranimni. Odii dwuma sɛ Aban lawya (Attorney General) maa Ghana firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa (2003) mu de kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne num (2005) mu. Ansana ɔrebɛwura amanyɔnsɛm mu no, na ɔka wɔn a wɔhwɛ practice of Owusu-Ankomah, Amanquah ne deɛ ɛkeka ho.

Amanyɔkuo ho dwumadie[sesa]

Na Owusu-Ankomah ka nnipakuo a wɔtee Atɔeɛ mantam Ɔsono amanyɔkuo (NPP) fam deɛ no, odii dwuma sɛ kuo no panini, na ɔsane nso ka wɔn a wɔtee Danquah-Busia kuo ne ekuoba ma atɔeɛ mantam dawurubɔ kuo ho wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu (1992) ne afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu. Na ɔka Publicity kuo na ɛhwɛ NPP mfeɛ mpem mmienu (2000) abatoɔ no nnwuma so, na firi Ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako (2001) de kɔsi Ɔbɛnem bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa (2003) mu no na ɔyɛ panini wɔ kasa nkitahodie kuo mu.

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ mu no, Owusu- Ankomah nyaa mma mpem aduonu nwɔtwe, ahanwɔtwe ne mmienu (28,802) firi mma dodoɔ mpem aduanan nan, ahanum ne nson (44,507) mu a egyina hɔ m ɔha nkyekyɛmu aduonum mmiɛnsa ne akyirepɔ aduowɔtwe (53.80%) de dii nkunim wɔ n'akansifoɔ Albert Bosomtwi-Sam a na ɔyɛ kyiniiɛ amanyɔkuo (NDC) no mu nnipa a Ɔnyaa mma mpem dunan, ahankron ne aduokron (14,990) ne Anthony Ackah a ɔno nso yɛ PNC amanyɔkuo no mu nnipa a ɔnyaa mma ahanson ne dunum (715).[7]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu no, ɔnyaa mma mpem aduonu nwɔtwe, ahanan ne aduasa nan (28,434) a na egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia nson ne akyirepɔ aduosia (67.60%) de dii nkunim wɔ berɛ a n'akansifoɔ Anthony Richard Cudjoe a ɔyɛ NDC kuoba no nyaa mma apem ɔha ne baako, ahansia ne aduosia baako (11,661) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nson ne akyirepɔ aduoson (27.70%), Charles Van Dyck, CPP kuo mu nnipa no nso nyaa mma apem, ahanu ne aduonu mmiɛnsa (1,223) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu mmienu ne akyirepɔ aduokron (2.90%) ne Abu Seidu PNCni no nso nyaa mma ahanson ne aduonum nkron a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ aduowɔtwe (1.80%).[8]

Ɔde mma 17, 433 dii nkunim wɔ Ghana abatoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan (2004) mu. Wɔ mma dodoɔ no nyinaa 26,307 no ɔnyaa ɔha nkyekyɛmu aduosia nsia ne akyirepɔ aduasa (66.30%) a n'akansifoɔ Betty Busumtwi-Dam NDC kuo no mu nnipa nyaa mma 8,086, Omar Ahmed Bekure PNC kuoni no nso nyaa mma 444 na Joe Victor Eghan CPP kuoni no nso nyaa mma 344.[9]

Odii nkunim bio wɔ 2008 abatoɔ mu onyaa ma 13,005 a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum num ne akyirepɔ aduanan baako (55.41%) wɔ mma dodoɔ no nyinaa mu. N'akansifoɔ Betty Busumtwi-Sam nyaa mma 9,578, Mrs Hildergard Krakue nso nyaa mma 727, Frederick Akor Larbi nso nyaa mma 88 ne Oliver Peter Vanderpuye-Orgle a ɔno nso nyaa mma 72.[10]

Mmarahyɛbadwam dwumadie[sesa]

Berɛ a Ɔsono Amanyɔkuo (NPP) dii nkunim wɔ Ghana abatoɔ mu wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu no wɔyii Owusu-Ankomah sɛ mmarahyɛbadwam nnipa dodoɔ kuo baanodani abɛdiakyire na akyire no wɔtoo aba yii no sɛ ekuo no baanodani wɔ mmarahyɛbadwam.

Berɛ a na ɔwɔ mmarahyɛbadwam no, odii dwuma wɔ ekuo ahodoɔ bebree mu, ebi ne: the Standing Committee on Subsidiary Legislation, the Select Committee on Foreign Affairs, Finance Committee ne the Committee on Constitutional, Legal and Parliamentary Affairs.

Ɔne Aban nkitahodie[sesa]

Wɔ mpanimfoɔ kuo bi mu wɔ aban mu no,Owusu-Ankomah adi adwumayɛfoɔ bi anim wɔ Asoeɛ a ɛhwɛ pɛpɛɛpɛyɛ, mmaabunu ne agorɔdie ho nsɛm so, mmarahyɛbadwam ho nsɛm, nwomasua, Science ne agorɔ asoeɛ, asoeɛ ɛhwɛ adwadie ho nsɛm so, mfidie nnwuma, ne Private Sector Development and Presidential Special Initiatives so. Wɔ ne dwumadie mu sɛ mansoafoɔ ma nnwomasua, science ne agorɔ mu no, Ghana Black Stars nyaa wɔn abakwasɛm a yɛfrɛ no run to the round of sixteen wɔ brofo kasa mu wɔ world cup mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu (2006). Ɔno ara nso na ɔboa maa wɔsane hyehyɛɛ Ghana mmofrase sukuu no bio.[11]

N'abrabɔ[sesa]

Owusu-Ankomah yere ne Augustine Owusu-Ankomah. Wɔwɔ mma mmiɛnsa.

Owusu-Ankomah nyaa yareɛ kodiawuo COVID-19 no bi wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so du wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu (2020) mu na wɔde no kɔɔ beaeɛ a wɔhwɛ nnipa yie pa ara wɔ Royal Free Hospital a ɛwɔ London. Ne ho tɔɔ no akyire no.[12][13][14]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanahighcommissionuk.com/ambassador.aspx
  2. https://www.msn.com/en-xl/news/other/papa-owusu-ankomah-appointed-honorary-patton-of-uk-ghana-chamber/ar-BB115WAX
  3. https://www.modernghana.com/news/1032024/papa-owusu-ankomah-returns-to-ghana.html
  4. http://citifmonline.com/2017/06/akufo-addo-swears-in-first-batch-of-ambassadors-photos/
  5. https://citinewsroom.com/2020/09/papa-owusu-ankomah-returns-to-ghana-after-diplomatic-service-in-uk-ireland/
  6. https://www.telegraph.co.uk/news/2017/06/30/pictures-day-30-june-2017/queen-elizabeth-ii-meets-high-commissioner-ghana-papa-owusu/
  7. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/western/225/index.php
  8. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/225/index.php
  9. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/western/225/index.php
  10. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2008/western/225/index.php
  11. Papa Owusu Ankomah Returns To Ghana (in English), retrieved 2022-09-11
  12. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/papa-owusu-ankomah-recovers-from-covid-19.html
  13. https://citinewsroom.com/2020/05/papa-owusu-ankomah-recovers-from-coronavirus-infection-in-uk/
  14. https://www.myjoyonline.com/news/national/papa-owusu-ankomah-recovers-from-covid-19-extends-gratitude-to-well-wishers/