Muntaka Mohammed Mabarak

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Muntaka Mohammed Mubarak
MP
Member of Ghanaian Parliament for Asawase Constituency
Mprenpren
Bere
21 April 2005
OdikanfoGibril Adamu Mohammed
Minister for Youth and Sports
Bere
January 2009 – 25 June 2009
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoNana Akomea
AnanmusiniAbdul-Rashid Pelpuo
Ne ho asɛm
Awo bere
Muntaka

17 October 1971 (1971-10-17) (age 52)
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniMeimuna Ezideen Abdul Wahab
RelationsRas Mubarak (nephew)
Mma5 children
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaDevelopment Planner / Quantity Surveyor
N'adwumaƆkyereɛni
CommitteesHouse Committee; Appointments Committee; Health Committee; Mines and Energy Committee; Committee for Selection Committee; Business Committee and Standing Orders Committee

Alhaji Mohammed Mubarak Muntaka yɛ mmarahyɛdwani ma Asawase a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana[1] mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan, nnum, nsia , nson ne nnwɔtwe a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu.[1][2] Na ɔyɛ dɔm kumaa kandifoɔ wɔ Ghana Mmarahyɛbadwa no mu.[1][3][4]

Ne mmɔfra ase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Muntaka wɔ Ahinime bosome 17,1971.[2][5] Ɔfirii Akuse a ɛwɔ Ghana Apueɛ Mantam mu nanso n’awofoɔ firi Ghana atifi fam wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Kumbungu mu.[6] Ɔyɛ obi a ɛkɔɔ sukuu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so. Ɔnyaa Masters of Science abodin krataa wɔ "Development Policy ne Planning" mu wɔ sukuupɔn no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004) mu.[1][7] Muntaka twerɛɛ ne 'common entrance exam' wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nson (1987), na ɔkɔɔ so nyaa ne "B.Sc Agric (Agriculture Economist)[1] wɔ mfeɛ mpem mmienu ( 2000) mu ɛna ɔnyaa ne "MSc Development Policy and Planning (Development Planner)" wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan ( 2004) mu.[7]

Adwuma[sesa]

Muntaka yɛ nkɔsoɔ nhyehyɛeɛfoɔ wɔ n’adwuma mu. Na ɔyɛ nhwehwɛmu so panyin wɔ 'Adwumapa Buyers Limited' adwumakuo bi a wɔtɔ kokoo ne nkrobata(RME) baako mu.[7]

Amammuo mu adwuma[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Muntaka dii kan kɔɔ Ghana Mmarahyɛbadwafie no mu wɔ National Democratic Congress din mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num (2005) mu bere a ɔdii nkonim wɔ 'by-election' mu wɔ Asawase mansini mu a na ne mma dodoɔ no ara yɛ mpem du-baako, ɔha ne aduanan -mmienu (11,142 votes ),[8] de sii owufo Dr Gibril Adamu Mohammed nso a ɔfiri NDC a na w'adi nkonim wɔ akondwa no mu wɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004) no anan mu, a na nnipa dodoɔ no ara wɔtoo aba no maa no no yɛ mpem nnan, ahanan ne aduoson - nnan ( 4,474 votes ).[9] 'Ghana Centre for Democratic Development' buu saa abatoɔ foforɔ yi sɛ "ɛteɛ na ɛda adi pefee, nanso ɛnyɛ nea ehu nni mu''.[10][9] Akyiri yi ɔkuraa n'akondwa no mu wɔ Ghana mmarahyɛbadwa abatoɔ a wɔtoo no ​​Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe (2008) no mu.[11][12] Ɔsan nso dii nkonim wɔ abatoɔ a ɛdi hɔ no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu (2012) no mu. Muntaka yɛɛ 'Chief Majority Whip' wɔ mmarahyɛbadwafie mu maa National Democratic Cingress, Dɔm Kɛseɛ a na wɔwɔ mmrahyɛbadwafie ne dodoɔ no ara wɔwɔ Aban mu.[13]

Ɔsoafo a ɔhwɛ Mmabunu ne Agodie so[sesa]

Na ɔyɛ Mmabunu ne Agodie ho soafo wɔ Ghana aban mu. Wɔ Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, Ɔmampanyin John Evans Atta Mills paa Mubarak sɛ Ɔsomfo a wɔayi no ama Mmabunu ne Agodie dwumadiberɛ no. Aman Mmabunu Badwa no bɔɔ ne nsam wɔ ne paa yi ho ɛsiane sɛ ɔyɛ abranteɛ na mmrantebere mu anigye wɔ ne mu nti . Ɛfiri sɛ bere a wɔpaa no no, na wadi mfeɛ aduasa - nkron (39years ). Ɔyɛɛ Ɔsoafo a ɔhwɛ Mmabunu ne agodie so kɔsii sɛ wɔmaa no kɔɔ akwamma bere a wɔrehwehwɛɛ soboɔ ahodoɔ a wɔdebɔɔ no faa kɛtɛasehyɛ ho no. Nanso, ɔgyaeɛ aban adwuma too hɔ wɔ bere a Ɔmampanyin Mills gyee nea nhwehwɛmufoɔ boayikuo no hunuiɛ no toom akyi. Akyiri yi wɔde Oduruyɛfo Abdul-Rashid Pelpuo sii n’anan mu.[14][15]

Boayikuo Ahodoɔ[sesa]

Muntaka yɛɛ somfoɔ wɔ boayikuo ahodoɔ pii mu, a nea ɛka ho ne Aban Boayikuo, Boayikuo a Wɔpa Nnipa, Daa Ahyɛde Boayikuo, Akwahosan Boayikuo, Aboɔden abo ne Ahoɔden Boayikuo, Adwumayɛ Boayikuo, ne Boayikuo a Wɔpa Boayikuo.[2]

Abatoɔ[sesa]

Wɔpaa Muntaka sɛ mmarahyɛbadwani maa Asawase mansini no wɔ abatoɔ a ɛbaa mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num (2005) mu wɔ Ɔbenfoɔ Gibril Adamu Mohammed a na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani saa berɛ no ma Asawase mansin no wuo akyi.

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe ( 2008) mu no, ɔdii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ National Democratic Congress din mu maa ɔmansin korɔ no ara.[16] Na ne mansin no yɛ Asanti Mantam mmarahyɛbadwa nkonnwa mmiɛnsa no mu baako wɔ aduasa nkron a National Democratic Congress dii nkonim wɔ saa abatow no mu no mu. National Democratic Congress dii nkonim dodow no ara a ɛyɛ mmarahyɛbadwa nkonnwa ɔha ne du- baako 113 wɔ nkonnwa Ahanu ne aduasa (230) no mu. Wɔde mma mpem aduasa nsia, ahenum ne aduonum nson (36,557 votes) na ɛpaa no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu a na ɛyɛ mpem aduosia- nnan, ahenan ane aduanan- mmiɛnsa (total votes 64,443) a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu Ɔha mu nkyekyemu aduonum nsia akyire po aduonson mmiɛnsa ( 56.73%) yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Ɔbenfo Mohammed Abdul-Kabir a ofi New Patriotic Party amanyɔkuo no mu, Elyasu Mohammed a ɔfiri People's National Convention no mu, Mohammed Bashir Tijani a ɔfiri Democratic Freedom Party mu ne Alhaji Baba Musah a ɔfiri Convention People's Party no mu. Yeinom nyaa mma 27,168, 371, 86 ne 261 wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ no nyinaa mu. Yei ne 42.16%, 0.58%, 0.13 ne 0.41% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[16]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- mmienu ( 2012) mu no, ɔdii nkonim bio wɔ amansan abatoɔ mu maa ɔmansin korɔ no ara. Wɔde mma 43,917 na ɛpaa no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu na ɛyɛ 77,034. Yei ne abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyemu aduonum nson 57.01% yɛ pɛ. Wɔpaa no sen Nana Okyere-Tawiah Antwi a ɔfiri New Patriotic Party, Jerry Joseph Quayson a ɔfiri Progressive People’s Party, Abdulai Umaru a ɔfiri People’s National Convention, Elias Mohammed a ɔfiri Convention People’s Party, Yakubu Adams Zakaria a ofi National Democratic Party ne Alhassan Abdul Majeed yɛ kontokrɔ no. Wɔnom nyaa mma 31,013, 458, 267, 251, 182 ne 946 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a wɔtow no nyinaa mu 40.26%, 0.59%, 0.35%, 0.33%, 0.24% ne 1.23% yɛ pɛ.[17]

Muntaka kuraa mmarahyɛ bagua atenaeɛ no mu wɔ afe 2020 amansan abatoɔ no mu sɛ ɔbɛgyina ananmu wɔ Fourth Republic Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so 8 no mu. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ 51,659 mu berɛ a New Patriotic Party mmarahyɛ baguani kandifoɔ no nyaa abatoɔ 31,256.[18]

Muntaka wɔ Kwasida, Kɔtɔnimaa 17, 2023 no, wɔkoraa no sɛ National Democratic Congress mmarahyɛ bagua ananmusifoɔ maa Mmarahyɛbadwani ma Asawase Mantam no denam Masawudu Mubarick a ɔboroo no wɔ NDC 2023 mfitiaseɛ abatoɔ mu maa hokwan sɛ ɔgyina asɔre no ananmu wɔ afe 2024 mmarahyɛ bagua abatoɔ mu. Ɔde abatoɔ 1,063 dii nkonim tiaa Masawudu a ɔnyaa abatoɔ 735.[19]

Ɛwom sɛ wɔn a wɔtaa Muntaka Mubarak ne nea ɔne no resi akan no akyi de, nanso Masawudu Mubarick nyaa ntɔkwaw bi a Ghana Polisifo Dwumadibea no adwumayɛfo tew so ntɛmntɛm. Polisifo no de wɔn ho gyee mu no amma adwene a ɛyɛ basaa no ankɔ soro. Muntaka akyigyinafoɔ bɔɔ soboɔ sɛ Masawudu Mubarick akyigyinafoɔ binom bɔɔ Asawase mmrahyɛbadwani a ɔdi tumi seesei a ɔrefiri mfimfini hɔ berɛ a ɔtoo aba no akyi.[20]

Akyinnyegye Ahorow[sesa]

Wɔ afe 2020 amansan abatoɔ no mu no, wɔkaa sɛ Muntaka maa ne babaa a wadi mfeɛ 6 kwan sɛ ɔmfa ne nsateaa nkyerɛw ne abatoɔ krataa no, adeyɛ a ɛtwee kasatia kɛseɛ ɛfiri sɛ Ghana abatoɔ ho mmara ma nnipa a wɔadi boro mfeɛ 18 nko ara kwan sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ abatoɔ mu.[21]

Ɔmampanyin John Atta Mills srɛɛ no ​​sɛ ɔnkɔ so nnya akwamma bere a wɔreyɛ adifudepɛ ho sobo ahorow a wɔbɔɔ no ho nhwehwɛmu no. Nanso ogyaee aban adwuma wɔ bere a Ɔmampanyin Mills gyee nea nhwehwɛmu boayikuw no hui no toom akyi.

Wɔ Ɔpɛpɔn 2021 mu no, wɔkyerɛ sɛ ɔkaa sɛ Asɛnnibea Kunini temmufoɔ bi de biribi a ɛbɛkanyan NDC mmarahyɛ baguani ɔbaa bi maeɛ de abɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wato aba ama Mike Oquaye wɔ mmarahyɛ bagua no Kasafoɔ abatoɔ mu. Mmaranimfo kasa tiaa no kɛse na wɔka kyerɛɛ no ​​sɛ ɔmfa adanse mma.[22]

Wɔbɔɔ no sobo sɛ Mmabunu ne Agumadi Dwumadibea no mpanyimfo binom bɔɔ no sobo sɛ ɔde n’adwuma di dwuma ɔkwammɔne so na n’ani nnye ho esiane sɛ ɔde ne dibea no dii dwuma de nyaa German visa maa n’adamfo abeawa a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ no nti. Nanso, nhwehwɛmu a 'CHRAJ' yɛeɛ akyi no, wɔyii no fii soboɔ no nyinaa mu wɔ nnyinasoɔ a ɛne sɛ adanseɛ a ɛdɔɔso nni hɔ a ɛbɛma wɔabu no fɔ wɔ nsɛmmɔnedi no ho sɛdeɛ Ghana mmara kyerɛ no.

Hon. Mutaka ne Assin Central mmrahyɛbadwani Kennedy Agyapong dii ntɔkwaw mu bere a ɔne no hyiae sɛ ɔbɛtwe no akɔ Mmarahyɛ Bagua Hokwan Boayikuw ahorow no mu esiane sɛ wɔkyerɛ sɛ ɔfrɛɛ ntuafo sɛ wɔne Ahmed Hussein Suale nsɛm ho amanneɛbɔfo a ɔyɛ nhwehwɛmu wɔ Tiger Eye a akyiri yi obi a wonnim no kum no no nni dwuma nti awudifo. Wɔn baanu mmrahyɛbadwafoɔ baabi a wohuu wɔn wɔ video bi mu sɛ wɔrebɔ wɔn ho wɔn ho ahohora wɔ mmarahyɛ bagua mu.[23]

Ankorankoro Abrabɔ[sesa]

Muntaka aware Meimuna Ezideen Adul Wahab na ɔwɔ mma baanum (5). Ɔyɛ Kramoni.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 I’ve not advocated for children to marry at age 16 – Muntaka (in American English), 2020-05-17, retrieved 2023-10-11
  2. 2.0 2.1 2.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-11
  3. Speaker has been asked to provide information on ambulance issue - Muntaka Mubarak - MyJoyOnline (in American English), 2022-01-27, retrieved 2023-10-11
  4. Muntaka urges government to address striking UTAG members’ concerns (in American English), 2022-02-01, retrieved 2023-10-11
  5. Mohammed-Mubarak Muntaka, Biography, retrieved 2023-10-11
  6. 6.0 6.1 https://web.archive.org/web/20160506160106/http://www.ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=2584
  7. 7.0 7.1 7.2 https://web.archive.org/web/20160506160106/http://www.ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=2584
  8. NDC wins Asawase bye-election (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-11 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  9. 9.0 9.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/artikel.php?ID=79852
  10. https://web.archive.org/web/20080819221004/http://www.cddghana.org/documents/STATEMENT%20ON%20ASAWASI%20BYE-ELECTION.pdf
  11. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/parliament.constituency.php?ID=110
  12. https://www.graphic.com.gh/news/politics/alhaji-muntaka-to-retain-asawase-seat.html
  13. https://citinewsroom.com/2023/02/mahama-intervenes-as-muntaka-accepts-minority-leadership-reshuffle/
  14. Rashid Pelpuo confirmed Minister of Sports - MyJoyOnline (in American English), 2009-09-08, retrieved 2023-10-11
  15. https://web.archive.org/web/20090613053758/http://news.myjoyonline.com/news/200906/31227.asp
  16. 16.0 16.1 Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Asawase Constituency, retrieved 2023-10-11
  17. Peace FM, Asawase Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-11
  18. Election 2020: Muntaka Mubarak retains Asawase seat - MyJoyOnline (in American English), 2020-12-09, retrieved 2023-10-11
  19. NDC Primaries: Muntaka wins Asawase parliamentary race (in American English), 2023-05-13, retrieved 2023-10-11
  20. https://citinewsroom.com/2023/05/ndc-primaries-supporters-of-muntaka-and-masawudu-clash-at-asawase/
  21. Emmanuel Ayamga (2020-12-07), Why I allowed my 6-year-old daughter to thumbprint my ballot – Muntaka Mubarak explains (in English), retrieved 2023-10-11
  22. Pressure Mounts On Muntaka For Bribe Evidence (in American English), 2021-01-14, retrieved 2023-10-11
  23. 2019 Rambo fighters: Ken Agyapong vs Muntaka Mubarak (in English), 2019-12-19, retrieved 2023-10-11