National Democratic Party

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

National Democratic Party (NDP) yɛ mmrahyɛbadwa kuo a ɛwɔ Ghana. Yɛtee saa kuo yi wɔ Ahinime, 2012 sɛ ekuo a ɛfiri National Democratic Congress mu. Na wɔn kanni ni a ɔdikan yɛ (NDC) mmrahyɛbadwani dadaa Nana Konadu Agyeman Rawlings, a ɔsan nso yɛ Ɔmanpanin dada ɔtee (NDC) kuo Jerry Rawlings yere.

National Democratic Party
Leader Nana Konadu Agyeman Rawlings
Chairperson Josiah Aryeh
Founded November 13, 2012
Split from National Democratic Congress
Political position Centre-left
Colours Red, Green, White, and Black
Slogan Justice, unity, peace and progress
Parliament 0 / 275
Election symbol
Aborɔnoma ɛretu a ɔkura Gye Nyame sɛnkyerɛnne
Website
Official website


Deɛ ɔtee kuo no[sesa]

Yɛtee NDP kuo no abera Ɔmanpanin John Atta Mills wuiɛ wɔ Kitawonsa, 2012 mu. Nana Konadu Agyeman Rawlings na firi 2011 ɔyɛɛ siakwan mmerɛ a Atta Mills yɛɛ sɛ ɔbɛtena ɔmanpanin akonnwa no so bio sɛ (NDC) ni. NDP de wɔn kuo no too dwa sɛ ɛfiri (NDC) mu na ɛka kuo a ɛsɔretia John Dramani Mahama a ɔregyina sɛ Ɔmanpanin wɔ Ɔpɛnimaa 7, 2012 manpanin abatoɔ no mu. [1]Yɛde NDP too dwa wɔ kitawonsa 6, 2012 mu ɛnam twerɛfoɔ panin, Manboah Rockson a ɔse yɛwoo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a (NDC) ani nnye da, sɛdeɛ Rawling ne nkrɔfoɔ bi agye atom no. pɔpulist ma asraafo ti wɔ state a ɔyɛ ɔmanpanin dadaa Jerry Rawlings kɔkaa NDC foɔ ho wɔ afe 1992 mu. Na wɔ bɛdi Ghanafoɔ so sɛ manpanin wɔ afe 1993 de kɔsi 2001 a na ɛwom sɛ na nsonsoneeɛ da Atta Mills a ɔbɛtuu no adeɛ so no so. [2][3]Sɛ yɛkyerɛ wɔn sɛnkyerɛnne  no mu:

... Aborɔnoma a ɔkura Gye Nyame sɛnkyerɛnne sɛ wɔn ahyɛnsodeɛ ne ahosuo bi te sɛ kɔkɛɛ, ahaban mono, fitaa ne tuntum a ɛne (NDC) nsɛnkyerɛnne sɛ: Trenee, nkabom, asomdwoeɛ ne nkɔsoɔ.[1]

The NDP yɛɛ wɔn nhyiamu a ɛdikan Baba Yara Stadium a ɛwɔ Kumasi wɔ Ahinime 13, 2012 berɛ a na wɔre yi Agyeman Rawlings sɛ wɔn kanni ni.[4] Ɔmanpanin dada Jerry Rawlings, a ɔkasaa wɔ NDP nhyiamu ase no nyaa (NDC) ni bi a ɔbaa nhyiamu no ase wɔ Mahama satu nhyehyɛeɛ wɔ ahinime 4 mu a ɛbɛba BBC mu a yɛfrɛ no " speculation that her candidature could divide the Rawlings home."[5] Wɔ NDP nhyiamu ase no, Ɔkaa sɛ kuo a atwam yi ayera wɔn nidie ne wɔn bɔhyɛ sɛ nneɛma papa bɛkɔso wɔ NDC mu, Ɔkaa sɛ kwan a yɛfaso de yi nkurɔfoɔ a wɔbɛdi kuo no anim nyinaa no deɛ akorɔmfoɔ nkoara.[6][7]

Ɔtwerɛtwerɛfoɔ panin Manboah Rockson gyae NDP ansa na wɔrebɛte kuo no a na ne nsɛm a ɔrekeka ara ne sɛ ɔsane rekɔ NDC.[8] Hanford Amoako, Mmrahyɛbadwani dada ma Nkoranza, na yɛde atwerɛtwerɛ adwuma no maa no sɛ ɔmmɛsi no anan mu. [9]Wɔ ahinime 13 mu no, kuo no de Josiah Aryeh yɛɛ wɔn National Chairman ma NDP. [10]kuo no mpanimfoɔ bi ne Hilarius Abiwu[11] ne David Sunu.[12]


Abatoɔ no mu nsɛm[sesa]

Mmrahyɛbadwa aba

Election Votes % Seats +/– Position Government
2012 33,857 0.31% 0 / 275 6th Extra-parliamentary
2016 19,450 0.18% 0 / 275 6th Extra-parliamentary
2020 6,421 0.05% 0 / 275 8th Extra-parliamentary

Ɔman mpaninfoɔ aba[sesa]

Election Candidate Number of votes Share of votes Outcome of election
2020 Nana Konadu Agyeman Rawlings 6,549 0.05% 10th of 12[13]
2016 Nana Konadu Agyeman Rawlings 17,207 0.16% 6th of 7[14]
2012 Nana Konadu Agyeman Rawlings

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-gbc20120706-1
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-2
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-3
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-4
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-5
  6. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-6
  7. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-7
  8. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-8
  9. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-9
  10. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#
  11. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-11
  12. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-12
  13. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-13
  14. https://en.m.wikipedia.org/wiki/National_Democratic_Party_(Ghana)#cite_note-peacefm-14