Thomas Kwame Yeboah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Thomas Kwame Yeboah
Mmmrahyɛbadwani ɛwɔ Dormaa West
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere(1959-07-05)5 July 1959
Dormaa West, Brong Ahafo Region, Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician

Thomas Kwame Yeboah (About this soundpronounciation of "Thomas Kwame Yeboah" ) ( yɛwoo no kitawonsa bosome da a ɛtɔ so num wɔ afe apem ahankron ne aduonum nkron mu) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ ekuoba wɔ mmrahyɛbedwa a ɛtɔ so mmienu wɔ kwasafoman a ɛtɔso nan a ɔgyina hɔ ma Dɔmaa atɔeɛ mpɛsoa wɔ Bono Ahafo mantamGhana.[1][2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Yɛwoo Yeboah wɔ kitawonsa bosome da a ɛtɔ so num wɔ afe apem ahankron ne aduonum nkron wɔ Dɔmaa atɔeɛ a ɛwɔ Bono Ahafo mantamGhana. Ɔkɔɔ Ghana suapɔn sukuu ɛna ɔnyaa n'abodin nkrataa wɔ bakyela wɔ Arts mu wɔ berɛ a ɔsua amanyɔsɛm ne nnoɔma a ɛfa nnipa ne yɛn mpɔtam ho.[3]

Amanyɔsɛm.[sesa]

Yɛyii Yeboah too mmrahyɛbedwa a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔso nan wɔ Ghanaɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔso nson wɔ aberɛ a yɛdaa no adi sɛ ɔno na adi nkunim wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) Ghana abatoɔ no mu wɔ a amanyɔkuo a yɛfrɛ no National Democratic Congress wɔ Dɔmaa atɔeɛ mpɛsoa so a ɛwɔ Bono Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana. Ɔdii Ɔmanpanin wɔ mfeɛ mpem mmienu Ghana abatoɔ no mu maa Yaw Asiedu-Mensah[4] a ɔyɛ "New Patriotic Party" dii nkunim, a mma mpem aduanan, ahasia ne aduosia nsia (40,366) mu no ɔnyaa mma mpem aduonu,ahasa ne aduasa baako (20,331) a ɛgyina hɔ ma ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nkron akyirepɔn aduokron mmienu(49.92).[1]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 ^ "Ghana Election dormaa-west Constituency Results". www.graphic.com.gh
  2. http://www.ghanareview.com/parlia/BrongAhafo.html
  3. ^ "Brong Ahafo Region". www.ghanareview.com​. Retrieved 10 October 2020.
  4. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/brongahafo/46/index.php