Peter Lanchene Toobu

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Peter Lanchene Toobu
Member of Parliament for
Wa West Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoJoseph Yieleh Chireh
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaSecurity Expert, Politician
N'adwumaPolice Officer

Peter Lanchene Toobu (wɔwoo no 8 Ayɛwohomumɔ 1968) yɛ Ghana polisini ne amanyɔni a wakɔ pɛnhyen a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) no muni.[1][2] Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Wa Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Upper West mantam mu.[3][4] Ɔyɛ Polisifoɔ Panyin a wakɔ pɛnhyen wɔ Ghana.[5]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Toobu wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so awɔtwe (8) afe 1968. Ofiri Jirapa a ɛwɔ Atifi Atɔe MantamGhana.[6] Onyaa ne ntoaso sukuu adesua wɔ Lawra Ntoaso Sukuu (Lawra Secondary School) a ɛwɔ Lawra wɔ Atifi Atɔe Mantam a ɛwɔ Ghana. Wɔtetee no sɛ Polisini wɔ Ghana Polisifoɔ Adesuabea (Ghana Police Academy). Ɔwɔ Master of Arts abodin krataa wɔ Akannifoɔ mu (Master of Arts degree in Leadership) wɔ Kofi Annan Amanaman Ntam Asomdwoeɛ Nteteeɛ Beaeɛ (Kofi Annan International Peacekeeping Training Centre).[6]

Adwuma[sesa]

Toobu yɛɛ adwuma wɔ Ghana Polisifoɔ Dwumadibea (Ghana Police Service) na ɔforo kɔɔ Polisifoɔ Panyin dibea (Superintendent of Police) ansa na ɔrekɔ pɛnhyen (retiring).[5][7][8] Ɔyɛɛ Ɔkyerɛwfoɔ Panyin (Executive Secretary) maa kan Polisifoɔ Panyin (ormer Inspector General - IGP) David Asante Apeatu firi afe 2017 kosii sɛ ɔgyaee adwuma na ɔgyaee (resigned) adwuma no sɛ ɔrekɔ Amanyɔsɛm mu wɔ afe 2019 mu.[2][9][10][11]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛ Badwa no mu mmɔdenbɔ[sesa]

Toobu dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu sɛ ɔbɛgyina Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) ananmu ama Wa Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ansa na afe 2020 abatoɔ no aba wɔ bosome Ɔsanaa afe 2019 mu akyi a onyaa amba 775 de dii mmarahyɛbadwani a ɔwɔ hɔ seesei kan Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mpɔtam Aban so Joseph Yieleh Chireh a onyaa amba 317 na wasom no so nkonim sɛ mmarahyɛbadwani fi afe 2004.[7][12]

Ansa na afe 2020 Amansan abatoɔ no reba no wɔpaw no sɛ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) Kasamafoɔ wɔ Bammɔ mu (Security) na wɔtee no wɔ radio ne television dwumadibea ahorow so sɛ ɔreka nhyehyɛe ahorow a n’apam no wɔ a ɛfa ahobammɔ ho ho asɛm.[2][13][14]

bosome Ɔpɛnimma afe 2020 mu no, Toobu dii nkonim wɔ Wa Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa atenaeɛ no mu wɔ mmarahyɛ badwa abatoɔ no mu. Odii nkonim denam abatoɔ 27,550 a ɔde tiaa nea ɔne no reko paa, Dari Daniel Kuusongno a onyaa amba 13,143 firii abatoɔ 40,829 a wɔtoo no nyinaa mu.[3][8]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2021 mu no, Toobu kaa ntam sɛ mmarahyɛbadwani a ogyina Wa Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu. Ɔsom sɛ Asɔremma a Wɔkura Mfaso Boayikuw no Dwumadibea ahorow (Members Holding Offices of Profit Committee) ne Mmarahyɛ Badwa no Bammɔ ne Mfinimfini Boayikuw (Defence and Interior Committee) no muni.

Oforisuo bosome da a ɛtɔ so nsia (6) afe 2021 mu no, ɔde adesrɛ kɔtoo Mmarahyɛ Badwa no Kasafo (Speaker of Parliament), Alban Bagbin sɛ ɔntwe Ɔmanpanin no adwene nkɔ nsɛm a ɛfa ahobammɔ ho na onni ahobammɔ a enni hɔ a ɛrenya nkɔanim wɔ Ghana mu no ho dwuma.[15] Ɔkyerɛɛ akodeɛ a wɔde korɔn wɔ ne Mmrahyɛbadwam mpɛsoa, Wa Anafoɔ ne mmeaeɛ a atwa ho ahyia firi Sissala Apueɛ kosi Bawku Atɔeɛ.[15]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Toobu yɛ Kristoni.[6]

Ntotoho[sesa]

  1. Agency, Ghana News (2020-12-05). "NDC's Lanchene-Tuubo to help improve education in Wa West". News Ghana (in American English). Retrieved 2020-12-23.
  2. 2.0 2.1 2.2 "'NDC govt will restore integrity of Nat. Security, Police, Military' – Lanchene Toobu". www.ghanaweb.com (in English). 2020-09-09. Retrieved 2020-12-23.
  3. 3.0 3.1 OKumi, bed Afari (8 December 2020). "2020 polls: Ex-IGP's Executive Secretary Peter Toobu wins Wa West seat for NDC". Citinewsroom. Retrieved 23 December 2020.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  4. Online, Peace FM. "Ato Forson's Court Case: An Attempt To Cow Minority Via Machiavellian Tactics – MP". Peacefmonline.com – Ghana news. Retrieved 2022-01-24.
  5. 5.0 5.1 "Be wary of deceitful politicians- Supt. Lanchene Toobu tells constituents in Wa West". GBC Ghana Online (in American English). 2020-03-05. Retrieved 2020-12-23.
  6. 6.0 6.1 6.2 "Official Profile of Toobu, Lanchene Peter". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2021-04-14.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  7. 7.0 7.1 ""I spent Ghc20,000 on my primaries" – Supt. Peter Lanchene Toobu (rtd) admits | Politics GhanaToday". GhanaToday (in American English). 2019-09-03. Retrieved 2020-12-23.
  8. 8.0 8.1 Agency, Ghana News (2020-12-08). "Retired Police Officer wins Wa West Constituency Parliamentary seat". News Ghana (in American English). Retrieved 2020-12-23.
  9. MyNewsGH (2020-04-26). "Politics never existed between Asante-Apeatu and I – Superintendent Peter Toobu". MyNewsGh (in American English). Retrieved 2020-12-23.
  10. "Frontline politicians should retire at age 70 – Lanchene Toobu". The Ghana Guardian News (in English). Retrieved 2021-04-14.
  11. "Politics never existed between Asante-Apeatu and I – Superintendent Peter Toobu". MyNewsGh (in American English). 26 April 2020. Retrieved 14 April 2020.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  12. "NDC Polls: Yieleh Chireh floored by ex-cop Tuubo". Graphic Online (in British English). 24 August 2019. Retrieved 2020-12-23.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  13. Agency, Ghana News (2020-09-07). "NDC announces sectoral spokespersons for 2020 manifesto". News Ghana (in American English). Retrieved 2020-12-23.
  14. "Election 2020: Peter Toobu advocates for public filming of police actions at polls". www.ghanaweb.com (in English). 2020-11-05. Retrieved 2020-12-23.
  15. 15.0 15.1 Asiedu, Abednego Asante (8 April 2021). "MP petitions Speaker to draw President's attention to address growing insecurity – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 14 April 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)