Isaac Ashai Odamtten

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Isaac Ashai Odamtten
MP
Member of Parliament Elect for
Tema East Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoDaniel Titus Glover
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician, Local Governance Personnel

Isaac Ashai Odamtten (wɔwoo no 13 Kotonimma 1972) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) no muni.[1][2][3] Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a Wɔapaw no ama Tema Apuei Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no. Efi afe 2013 kosi afe 2017 no, ɔsomm sɛ Mayor ne Metropolitan Adwumayɛfo Panyin (Metropolitan Chief Executive).[4]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Odamtten wɔ Kotonimma bosome da a ɛtɔ so dumiɛnsa (13) afe 1972 mu. Ɔyɛ Tema kuromni wɔ Nkran Mantam mu wɔ Ghana.[5] Ɔwiee Cape Coast Suapɔn (University of Cape Coast) wɔ afe 1999 mu a na ɔwɔ aguadi ho abodin krataa (bachelor of commerce degree - BCom).[5][6] Ɔsan nso wɔ Adwumayɛ ho adwumayɛ ho nimdeɛ abodin krataa (Master of Business administration - MBA) wɔ Akontaabu ho nimdeɛ mu ne adansedie krataa wɔ adwuma no sohwɛ mu ( certificate in project management).[5]

Adwuma[sesa]

Adwuma a ɔyɛe mfiase[sesa]

Odamtten yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ (teacher ) wɔ n’adwuma mu na ɔhyɛɛ n’adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ (tutor ) wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea ansa na ɔresɔre abɛyɛ Sikasɛm sohwɛfoɔ ne Bursar wɔ asoɛeɛ korɔ no ara ase.[5][6] Ɔtu kɔɔ Amanaman Ntam Aguadi Sikakorabea (Ghana Education Service) sɛ ɔrekɔsom sɛ sikasɛm sohwɛfoɔ (Finance officer) ne nnwumakuo dwumadie sohwɛfoɔ panin (Bursar ) ansa na John Dramani Mahama repaw no sɛ ɔnsom sɛ Tema Mayor wɔ afe 2013 mu.[5][6]

Tema kurow sohwɛfo[sesa]

Ɔyɛɛ kurow sohwɛfo (Mayor) ne Kuropɔn Adwumayɛfo Panyin (Metropolitan Chief Executive) wɔ Tema Kuropɔn Nhyiam (Tema Metropolitan Assembly) no mu firi afe 2013 kosi afe 2017.[7][8][9] Nea otumi yɛe no mu biako ne sɛ ɔboaa mpataayifo (fishemen) na ɔmaa mpataayi (fisheries) ne nsu mu mmoayɛn adwuma (aquaculture sector) no nyaa sika pii denam abɔnten mfiri (outboard motors) a wɔde bɛma apofofo fekuw ahorow (fishermen associations) a ɛwɔ Tema no so.[10]

Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa (3) afe 2016 no, wɔpaw no sɛ Ɔman Fekuo a ɛhwɛ mpɔtam hɔfoɔ so wɔ Ghana (National Association of Local Authorities of Ghana - NALAG) no titenani (president) na ɔkaa ntam wɔ ɔman ananmusifoɔ nhyiamu a ɛtɔ so dunkron (19th biennial national delegates conference) a wɔyɛ no afe mmienu (2) biara wɔ Sunyani no ase. Wɔkaa no ntam bere a onyaa amba 624 fii abatow 980 a ɛfata a wɔtowee nyinaa mu de dii nea ɔne no resi akan nkutoo, James Gunu, ɔmantam no panyin (District Chief Executive - DCE) ma Akatsi Atifi, a onyaa amba ahasa aduonum nsia (356) no akyi.[11][12][13]

Ɔyɛɛ Afrika Nkurow a Wɔaka abom ne Mpɔtam Aban Ahorow mpanyimfo boayikuw a emufo yɛ dunsia (16) no muni (member of the 16-member executive committee of the United Cities and Local Governments of Africa - UCLG Africa).[14][15] Ɔsan nso som sɛ badwafo baanu (2) a wogyinaa Afrika Atɔe Fam ananmu wɔ Commonwealth Mpɔtam Aban Nhyiam (West Africa on the Commonwealth Local Government Forum - CLGF) no mu biako.[16][17][18] Wɔ Wiase Nkuropɔn Da afe 2016 (World Cities Day), ne Habitat III akyi no, na ɔyɛ akasafoɔ a wɔde wɔn firi nkuropɔn mu wɔ wiase nyinaa baeɛ no mu biako ɛnam Amannɔne Nkɔso Asoɛe (Overseas Development Institute - ODI) Global Challenges adeyɛ no mu baeɛ sɛ wɔrebɛhwehwɛ sɛdeɛ nkuropɔn mu mmeaeɛ bɛtumi de wɔn wiase nyinaa SDG botaeɛ ama.[19]

Efi Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so dunsia (6) kosi aduonu mmienu (22) afe 2016 no, odii ananmusifoɔ anim kɔɔ Ahemfo Kurow a Ɛwɔ Greenwich (Royal Borough Of Greenwich) a ɔboaa GUBA Adwumayɛbea (GUBA Enterprise) a Dentaa di wɔn anim.[20][21] Nsrahwɛ no yɛ ayɔnkofa a ɛda Tema kuropɔn ne Ahemfo Kurow a Ɛwɔ Greenwich (Royal Borough Of Greenwich) ntam a ɛfa adwumayɛkuo a ɛda mpɔtam mmienu (2) no ntam wɔ Nhomasua, Agumadi ne Aban mu (areas of Education, Sports and Governance) no fa.[21]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛ Badwa no mu mmɔdenbɔ[sesa]

Odamtten dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu sɛ obegyina National Democratic Congress ananmu ama Tema Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ansa na afe 2020 abatow no aba.[3]

bosome Ɔpɛnimma afe 2020 mu no, Odamtten dii Mmarahyɛbadwani a ɔdi tumi mprempren wɔ Tema Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu Daniel Titus Glover so nkonim wɔ abatow 41,692 so bere a wɔde abatow 31,956 dii nkonim wɔ 2020 Abatow no mu.[22]

Mmarahyɛbaguani[sesa]

Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2021 no, wɔkaa Odamtten ntam sɛ Mmarahyɛbadwani a ogyina Tema Apueɛ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Mmarahyɛ Bagua a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu.[5] Ɔsom sɛ ɔmannifoɔ wɔ Bɔbeasu ne Mmofra Boayikuo (member of the Gender and Children Committee) ne Adwumayɛ, Asetena mu Yiedie ne Ɔman Nnwuma Boayikuo a ɛwɔ Mmarahyɛ Badwa (Employment, Social Welfare and State Enterprises Committee of Parliament) no mu.[5]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Odamtten yɛ Kristoni.[5]

Ntotoho[sesa]

  1. Agency, Ghana News (2020-11-30). "I will be MP for all, Ashai Odamtten". News Ghana (in American English). Retrieved 2020-12-20.
  2. "Don't let NPP deceive you, Ashai Odamtten advises electorates". MyJoyOnline.com (in American English). Retrieved 2020-12-20.
  3. 3.0 3.1 "NDC condemns 'foolhardy' Titus Glover over Ashai Odamtten's arrest". www.ghanaweb.com (in English). 2020-12-03. Retrieved 2020-12-20.
  4. "Isaac Ashai Odamtten". Bogotá 2016 UCLG (in English). 2016-08-04. Archived from the original on 2021-04-14. Retrieved 2021-04-14.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 5.5 5.6 "Official Profile of Isaac Ashai Odamtten – Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 14 April 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  6. 6.0 6.1 6.2 "Kempes Endorses Mahama's Nominee". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-04-14.
  7. "Titus Glover kicked out of Parliament". MyJoyOnline.com (in American English). Retrieved 2020-12-20.
  8. "40-bed maternity ward commissioned for Tema General Hospital". MyJoyOnline.com (in American English). Retrieved 2020-12-20.
  9. "The Chinese Economic Day was Successfully Held in Tema". www.mfa.gov.cn. Retrieved 2020-12-20.
  10. Glover, Benjamin Xornam (18 February 2016). "Govt presents outboard motors to fishermen". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-04-14.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  11. "Tema Mayor elected NALAG president". GhanaWeb (in English). 2016-03-14. Retrieved 2021-04-14.
  12. "Tema Mayor elected NALAG president". Ghana Business News (in American English). 2016-03-15. Retrieved 2021-04-14.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  13. Ghana, News (2016-03-23). "NALAG To Venture Into Property Development". News Ghana (in American English). Retrieved 2021-04-14.
  14. "Summary report 12–15 October 2016". IISD Earth Negotiations Bulletin (in English). Retrieved 2021-04-14.
  15. "Report of main proceedings for 14 October 2016". IISD Earth Negotiations Bulletin (in English). Retrieved 2021-04-14.
  16. "West Africa regional board members – CLGF". www.clgf.org.uk. Retrieved 2021-04-14.
  17. "Le développement économique local a un impact positif en Afrique de l'Ouest". Platforma (in French). 2016-12-01. Retrieved 2021-04-14.
  18. "UCLG Congress starts today: our 7 shortlisted events". Platforma (in American English). 2016-10-12. Retrieved 2021-04-14.
  19. "Cities and urbanisation – CLGF (Knowledge Hub)". www.clgf.org.uk. Retrieved 14 April 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  20. Ghana, News (2016-04-11). "Tema Mayor Visits The Royal Borough Of Greenwich". News Ghana (in American English). Retrieved 2021-04-14.
  21. 21.0 21.1 "GUBA Enterprise Brings Tema Mayor To The Royal Borough Of Greenwich". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-04-14.
  22. "Election 2020: Tema East NDC parliamentary candidate Isaac Ashai Odamtten floors Titus Glover". Pulse Ghana (in American English). 2020-12-08. Retrieved 2020-12-20.