Amadu Ali

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Amadu Ali
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth31 Kitawonsa 1953 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, teacher Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 1st Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewIslam Sesa

Amadu AliGhanani amanyɔni ne ɔkyerɛkyerɛni. Ɔsomm sɛ mmarahyɛbadwani maa Atebubu South abatoɔ mpasua a na,ɛwɔ kane Brong Ahafo mantam wɔ Ghana mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ Ghana adehyeman nan mu.[1]

Nahyɛase ne Ne Sukuu kɔ[sesa]

Wɔwoo Ali wɔ Kitawonsa bosome da ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahenkron aduonum mmiɛnsa. Ɔkɔɔ Tamale 'Business ' ntoasoɔ sukuu, ɛhɔ na ɔnyaa abɔdin wɔ 'West African Examination Certificate ' na, akyire ɔkɔ toaa nadesua so wɔ Cape Coast Suapɔn mu.[2][3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba yii Ali kɔɔ mmarahyɛbadwafie deɛ ɛdi kan wɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu wɔ Ghana mmarahyɛbadwa abatoɔ akonwa abatoɔ no mu. Ɔno ne Nipa a Ɔdii kan kɔɔ mmarahyɛbadwa a ɛdi kan wɔ Ghana adehyeman nan mu wɔ Kyiniɛ Amanyɔnkuo (National Democratic Congress ) din mu.

Ɔsane bɛyɛɛ mmarahyɛbadwani wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu wɔ Ghana Adehyeman nnan mu bere a wɔtoo aba yii no wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia Ghanafoɔ abatoɔ no mu. Ne dwumadie sɛ mmarahyɛbadwani no baa awieɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia mfeɛ mpem mmienu ne baako no mu. Ɔsane gyina maa wɔtoo ne so aba yii no bio wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ Ghanafoɔ abatoɔ no mu. Ɔnyaa akonwa no bere a Ɔnyaa mma no mpem mmiɛnsa ahensia aduanan -nnum . Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Atebubu South abatoɔ mpasua so wɔ National Democratic Congress firi Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahenkron aduokron mmiɛnsa kɔ si sɛ Owura Emmanuel Owusu Manu tuu no adeɛ so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan abatoɔ no mu bere a ɔpue firii Atebubu-Amantin abatoɔ mpasua so.[4][5]

Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan Ghanafoɔ abatoɔno mu, Ali dii nkunim bere a Ɔnyaa mma no mpem du ahanu ne aduanan nnum(10,245 votes) a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn aduonum mmienu akyire po aduoson(52.70%) firii mma dodoɔ a Wɔtoeɛ a,ɛyɛ mpem du-nkron ahanan aduasa (19,430 total votes ). Mumuni Ibrahim Mohammed na,ɔgyina New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu no nyaa mma no mpem nsia ne ahansia (6,600 votes ) a ɛkyereɛ ɔha mu abupɛn aduasa -nnan (34.00%). Deɛ na ɔka ho repere akonwa no wɔ National Reform Party (NRP) din mu Owura George Kwasi Nyarko nso nyaa mma no apem ahenson ne aduokron nnan ( 1,794 vote) a ɛne ɔha mu abupɛn nkron akyire po aduonu yɛ pɛ.(9.20%). Mma a aka no Owura Anthony Kwame Amevor ɔgyina ma People's National Convention (PNC) ne Annor Z. Nikitins ɔgyina ma,Convention People's Party (CPP) na ɛkyɛɛ. Wɔn nyaa mma ahanum ne aduonu nnan. Kyerɛ ɔha mu abupɛn mmienu ne akyire po aduoson ne Ɔha mu abupɛn baako ne akyire po aduanan sɛ deɛ wɔn din toa so no[6]

N'abrabɔ[sesa]

Ali Amadu yɛ Kramoni.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register 1992-1996
  2. "MPs". staging.odekro.org. Retrieved 2020-09-01
  3. https://ghanamps.com/mps-by-year-group/?group=2463
  4. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/MPs-Brong-Ahafo-Region-12585
  5. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/brongahafo/
  6. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/brongahafo/