Akua Donkor

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akua Donkor
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAkua Sesa
family nameDonkor Sesa
date of birthOgyefuo 1952 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationƆkuani, Amanyɔni Sesa
educated atWesley Girls' High School Sesa

Ɔbra Ahyaseɛ[sesa]

Wɔwoo Akua Donkor wɔ Ogyefoɔ bosome no, ne da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe apem ahankron aduonum mmienu mu (29/02/1952) wɔ Afigya Kwabere Mansini a was Asante Mantam mu. Akua Donkor yɛ Okuani a kokoo ho dwuma na ɔdi no titire. Ɔnyɛ obi a wahyɛda anya sukuu mu adesua anaa nteteɛ biara [2]

Amanyɔsɛm Mu Suahunu[sesa]

Akua Donkor daeɛso kɛseɛ ne sɛ daakye bi no, ɔbɛba abɛyɛ Ghana omanpanin. Ne saa nti no, ɔgyinaaeɛ maa wɔtoo ne so aba sɛ ananmusini  ma amanfoɔ a wɔwɔ Heman abatoɔ bea wɔ Afigya Kwabere Mansini Badwa no mu. Ɔdaa n'anisoadehunu sɛ ɔbɛyɛ Ɔmanpanin yi adi wɔ mfie mpem mmienu ne dummienu no mu wɔ mmerɛ a ɔde ne nkrataa kɔeɛ sɛ ɔpɛsɛ ɔpere ɔmanpanin adwa no sɛ ɔkɔntenkorɔ. Nanso Fofie anto Atta na wadue Abam maa Abatoɔ Kɔmmisa no yii no sii nkyɛn a, wantumi ampere aba no bi. Saa gyinaeɛ yi yɛ adeɛ Akua Donkor bo anwo so koraa. Akua kyerɛ mu a, na ɔsɛ fata sɛ wɔma no abɔdin ''Her Excellency" a ɛkyerɛ Ɔbaa Nimuonyamfoɔ, ɛmfa ho sɛ wantumi annyina no.

Akua Donkor amanyɛkuo a ɛde Ghana Faahofie Kuo yi, n'atenaeɛ kɛseɛ paa no wɔ beaɛ a ɛde Kabu wɔ no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ ɔbɛpɔn da a ɛtɔ so aduonu-mmienu wɔ mfie mpem mmienu ne dunsia mu no, ogya branee bi kɔtɔɔ atenaeɛ kɛseɛ yi mu a ɛhyee no dwerebee.

Atoyerɛnkyem yi antumi ansi n'anisoadehunu sɛ ɔbɔyɛ Ghana ɔmanpanin no kwan.

Ɔdwenee ho hunuu sɛ, sɛ  obi bɛtumi abɛyɛ ɔmanpanin a na, ɛho bɛhia kɛseɛ sɛ onie no bɛte amanyɛkuo. Ɛnam wei so nti na ɛmaa ɔtee amanyɛkuo a wɔfrɛ no GFP no. Mprenpren yi no, Maame Akua Donkor gu ahoboa so a ɔpɛsɛ ɔbueɛ ne nkorabata wɔ Ghana amantam du-nsia no nyinaa mu.

Abatoɔ Mu Ntoabɔ Ne Bɔhyɛ Ahodoɔ[sesa]

Wɔ mmerɛ a Akua Donkor rebɔ ntoa no, asɛm baako a na ɛda n'ano paa ne sɛ sɛ ɔbɛyɛ Ghana Ɔmanpanin a, ɔbɛma sukuu korɔ ayɛ famekwa firi n'ahyeaseɛ de kɔ si ne ntoasoɔ.

Ɛno akyire no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛtete toɔ a ɛda nneɛma a wɔkra ba ɔman yi mu sɛnea ɛbɛboa ama amanfoɔ a wɔkra nneɛma ba ɔman yi mu no komm bɛhenhan wɔn.

Ɛfa toɔ ho nsɛmsɛm yi ho no, Akua Donkor san hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛte beaɛ bi wɔ Tɛma suhyɛn gyinabea hɔ a, ɛbɛma adwadifoɔ bi nom a wɔfiri amanɔne de nneɛma ba ɔman yi mu no abɛtɔn a wɔntua sempoa anaa kaprɛ. Ne saa nti ne sɛ, wei bɛboa ama Ghana ayɛ akɔnnɔ ama wɔn a wɔrepɛ baabi Aguero nnwuma wɔ abibirem ha.

Akua Donkor toaa so kyerɛɛ mu sɛ, sɛ wei nyinaa bɛtumi aba mu a, na ɛgyina ɔkwan pa a yɛde yɛn ɔbɔadeɛ akyɛdeɛ ne fam agudeɛ bi te sɛ kokoo, sika-kɔkɔɔ, nkuto ne nkyene ne nea aka no bɛfa so.

Akua Donkor kyerɛ mu a, ɔnte aseɛ wɔ nea nti a ɛsɛ sɛ Ghanafoɔ tɔ fangoo aboɔden wɔ mmerɛ ko a wɔtu fangoo wɔ ɔman yi mu.

wɔ n'amanyɔsɛm mu no, onipa a Akua Donkor hwɛ no sua noɔ ne Libya Manpanin dada a wanya ne baabi korɔ, Col. Muammar al-Ghaddafi.

Ɔsusu sɛ, ɛsɛ sɛ Ghana tumi sua Libya wɔ kwan a ɔtu fango ne sɛnea wɔtɔn no.

Ne Nkotosrɛ[sesa]

Wɔ ne ntoabɔ mu no, Akua Donkor srɛɛ Ghanafoɔ sɛ mmerɛ aso sɛ Ghanafoɔ to aba ma ɔbaa ma ɔbɛyɛ ɔmanpanin. Ɔkyerɛ mu a, mmaa nkutoo na wɔbɛtumi de Ghana akɔduru bɔhyɛ asaase no so.

2016 Abatoɔ Ne Mu Nsɛm[sesa]

Wɔ ahinime da a ɛtɔ so du wɔ mfie mpem mmienu ne dunsia mu no, Ghana Abatoɔ Kɔmmisa no de bɛtoo dwa sɛ wɔayi Maame Akua Donkor ne afoforɔ bi a wɔn dodoɔ yɛ dummienu asi nkyɛn a wɔntumi nnyina mpere ɔmanpanin adwa no bi wɔ abatoɔ a na ɛbɛba so wɔ Ɔpɛnimaa bosome no, ne da a ɛtɔ so nson wɔ mfie mpem mmienu ne dunsia no mu.

Wei akyire no, Akua Donkor bɛgye too mu sɛ na mfomsoɔ bebree wɔ krataa a ɔde kɔmaa Abatoɔ Kɔmmisa no sɛ wɔnhwɛ so ma ɔnnyina no.

Mpanimfo se akyea na ɛmmueɛ, Akua bɔɔ n'amanyɛkuo no mu mpanimfoɔ ne akyidifoɔ nyinaa anohoba sɛ mma wɔn aba mu mmu fi sɛ, ɛdane sɛ boɔ a, afe 2020 bɛba na wɔbɛhyia no ahoɔden so.

Beae menyaa mmoa firii[sesa]

  1. http://nowghana.com/akua-donkor-otumfuo-husband/
  2. https://web.archive.org/web/20230119165832/http://historyofafricaotherwise.blogspot.com/2011/07/ms-akua-donkor-illiterate-president-of.html