Ghana Freedom Party

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ghana Freedom Party
ƆkandifoɔAkua Donkor
ƆkyerɛwfoKusi Collins
FarebaeAkua Donkor
AsoɛeKabu, Akwampim North Municipality, Eastern Region
Kɔla   
Green and yellow
FeneLove and Unity
Mmerahyɛbaguafie
0 / 275
Abatoɔ ahyɛnsodeɛ
Cocoa

Ghana Freedom Partyamanyɔkuo bi a Akua Donkor teeɛ. Ɔyɛ kuani. Na ne tirimpɔ nyinaa ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Ghana manpanin.

Mmerɛ a yɛyii no firii akansie no mu[sesa]

Abatoɔ komisa yi no firii akansie no mu aberɛ a ɔno nko ara gyinaa sɛ Ghana manpanin wɔ 2012 abatoɔ no mu. Ɛne sɛ wantumi anyɛ anatoɔ no ho nkrataasɛm anwie. Yɛsane yii Akua Donkor firii akansie no mu mmerɛ ɔgyina akansie no mu bio ma time parti wɔ 2016,[1] Ghana mmrahyɛbadwa akonnwa no mu ma yɛsane yii no firii akansie no mu bio wɔ Ahinime, 2016 mu.[2] Ɔsane yii ne ti bɛhyɛɛ John Mahama amammuo ase mmerɛ a abatoɔ Komisa sane yii no firii akansie no mu bio[3]. Na parti no ti wɔ Kabu, akurase bi ase a ɛwɔ Akwapim North MunicipalityApuei Mantam (Ghana), Ghana. [4]Wei dii wɔn hwamɔ wɔ ɛgya bi ɛsiiɛ Ɔpɛpɔn, 2016 mu.[5]

2020 Abatoɔ no mu nsɛm[sesa]

Akua Donkor de ne nkrataa kɔɔ abatoɔ kɔmisa Jean Mensa, anim kyerɛ n’ani ɛgye ho sɛ ɔgyina ma 2020 amanpaninfoɔ abatoɔ no[6]. Na neɛ ɔne no regyina abatoɔ no mu yɛ Ernest Adakabre Frimpong Manso.[7] Ɔnyaa aba 5,574 a ɛyɛ 0.04% sɛ yɛkekabom a. Ɔtɔɔ so du-baako(11) yɛ te firi ne nyinaa a ɛyɛ du-mmienu no mu no.[8] Akua Donkor gye Nana Akufo-Addo tom mu ntɛm mmerɛ a abatoɔ kɔmisa kekaa aba no wɔ Ɔpɛnimaa 10, 2020 mu ni. N’ani gye sɛ ɔtumi gyinaa abatoɔ no biom saa mmerɛ no mu.[9]

Beaɛ a mmoa firii[sesa]