Ghanafoɔ aa ɛwɔ Germany

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ghana foɔ a wonom wɔ Germany ɛyɛ Ghana akwantufoɔ ɛnɛ wonom asefoɔ a ɛti Germany ɛyɛ Adwuma[1] . Germany yɛ kro a ɛtɔso mienu a Ghana foɔ dɔɔso wɔ so paa sɛ wo yi United kingdom a edi kan no a.Ghana ne Germany wɔ ayonkofa sronko dadaada koraa ansa na [Ghana ebenya faa ho die efiri Great Britain foɔ ase.[2]

Abakɔsɛm[sesa]

Ansana Ghana benya ne faahodie no wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson no, na ayɔkofa soroko bi da Ghana ne Germani ntam. Na frawmantam a ɛwɔ Ghana ka Nkurow a Germani dii wɔnso ka Togo fo ho ansana wiase ntɔkwa a edikan bae no.

Wɔ afe apem ahankron ne aduonum ason mu no, mmara bi a ɛbɛboa Ghanafo asukuufo wɔ Germany boa timtim asukuufo aduanan-anan wɔ Germany suapɔn mu.

Wɔ afe apem ahankron ne aduosia ne aduoson mu, Nnipa dodow a wotuu kwan kɔɔ Germani no, na dodow no ara yɛ asukuufo. Wɔtee kuo bi a na wɔfrɛ no "Union of Ghanaian Students in Germany" (UGSG).

Wɔ afe apem mienu ne akron no,. Deutsche Gesellchaft fie Technishe Zusammenarbeit (GTZ), kae sɛ, Ghanafo bɛyɛ mpem mpem aduanan na atuukwan kɔɔ Germani, na saa nnipa yi ne wɔn mma ne wɔn nnena na wɔayɛ Germanfo sesei.

Mmofra bɛyɛ apem nkron,aha-nson ne aduonu nkron na wɔn awofo yɛ Germanifo ne Ghanafo a wɔn aware wɔ afe apem ahankron ne aduosia-num ne afe apem mienu ne nsia ntam.

Wɔ afe mpem mienu ne ason mu no, Ghanafo mpem mpem aduonu, ɔha miensa ne aduonu nkron nam mmara kwan so bɛyɛɛ Germanfo, mpem awotwe, aha nkron ne anan (8,194) nso bɛyɛɛ Germanfo wɔ afe apem nkron ne aduawotwe(1980) ne afe apem mienu ne nson(2007) ntam.

Nansan yi de, Ghana gusu kura ayɔnkofa a ɛda wɔn ne Germany ntam a Ghanafo wɔ kurow a ɛwɔ Germany, dodow no ara kɔ hɔ kɔ sua ade ma ebi nso kɔ hɔ  kɔsra wɔn mmusuafo nkyɛn.

Nkyekyɛmu[sesa]

Ghanafo dodow a wɔwɔ Germany no te Bremen, Berlin ne Frankfurt. Wɔnmmu dodow no te Hamburg na ebi nso te North Rhine-Westphalia ɛna nkae no nso te Berlin ne Hesse. Ayɛ amamerɛ amma Ghanafo a wotukwan kɔ Hamburg sɛ, wɔn a wɔtukwan kɔ hɔ no wɔ din a wɔde frɛ wɔn sɛ, Bɔga.

Akuokuo[sesa]

Wɔ afe apem mienu mu ne anan no Ghanafo tee akuo bi a wɔfrɛ no "Union of Ghana Associations"(UGAG). Wɔtee saa kuo yi maa Ghanafo a wɔwɔ German no. Nsɔre bi te sɛ Catholic Mission Hamburg, Bethel Church-Stuttgart ne Presbyterian Church Of Cologne. Nsɔremma na wɔdii saa akuo no mu akoten.

Sika yie[sesa]

Ghanafo a wɔte Germani ka adikanfo a wɔwɔ wiase afanan a, wɔtaa tua toɔ na wɔsan mane sika kɔma wɔn mmusuafo fo wɔ wɔ Ghana no, ebi tumi mane sika ma ɛdane wɔn kaw.

Ammamerɛ[sesa]

Nnwom[sesa]

Efiri afe apem aha du-nkron ne aduɔson kɔ afe apem aha du-awotwe mu no, Ghanafo tee nnwom bi a na wɔfrɛ no Bɔga Highlife, Ɛyɛ nnwom a ekura ɔbra ne nnwom mu annigyie.

Abakɔasɛm.

Ansana Ghana benya ne faahodie no wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson no, na ayɔkofa soroko bi da Ghana ne Germani ntam. Na frawmantam a ɛwɔ Ghana ka Nkurow a Germani dii wɔnso ka Togo fo ho ansana wiase ntɔkwa a edikan bae no.

Wɔ afe apem ahankron ne aduonum ason mu no, mmara bi a ɛbɛboa Ghanafo asukuufo wɔ Germany boa timtim asukuufo aduanan-anan wɔ Germany suapɔn mu.

Wɔ afe apem ahankron ne aduosia ne aduoson mu, Nnipa dodow a wotuu kwan kɔɔ Germani no, na dodow no ara yɛ asukuufo. Wɔtee kuo bi a na wɔfrɛ no "Union of Ghanaian Students in Germany" (UGSG).

Wɔ afe apem mienu ne akron no,. Deutsche Gesellchaft fie Technishe Zusammenarbeit (GTZ), kae sɛ, Ghanafo bɛyɛ mpem mpem aduanan na atuukwan kɔɔ Germani, na saa nnipa yi ne wɔn mma ne wɔn nnena na wɔayɛ Germanfo sesei.

Mmofra bɛyɛ apem nkron,aha-nson ne aduonu nkron na wɔn awofo yɛ Germanifo ne Ghanafo a wɔn aware wɔ afe apem ahankron ne aduosia-num ne afe apem mienu ne nsia ntam.

Wɔ afe mpem mienu ne ason mu no, Ghanafo mpem mpem aduonu, ɔha miensa ne aduonu nkron nam mmara kwan so bɛyɛɛ Germanfo, mpem awotwe, aha nkron ne anan (8,194) nso bɛyɛɛ Germanfo wɔ afe apem nkron ne aduawotwe(1980) ne afe apem mienu ne nson(2007) ntam.

Nansan yi de, Ghana gusu kura ayɔnkofa a ɛda wɔn ne Germany ntam a Ghanafo wɔ kurow a ɛwɔ Germany, dodow no ara kɔ hɔ kɔ sua ade ma ebi nso kɔ hɔ  kɔsra wɔn mmusuafo nkyɛn.

Nhwɛsoɔ[sesa]

  1. https://www.peacefmonline.com/pages/politics/politics/201206/118610.php
  2. https://www.theafricancourier.de/features/ghanaians-in-germany-1950s-till-today/