Mohammed Adamu Ramadan

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Mohammed Adamu Ramadan
Member of Parliament for
Adenta Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoYaw Buaben Asamoa
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniLaila Ramadan
RelationsAhmed Ramadan (father)
Samira Bawumia (sister)
Abu Ramadan (brother)
MmaFour
ResidenceAshaley Botwe
Sukuu a w'akɔGIMPA
N'adwumaFinancial Consultant
CommitteesBusiness Committee and Health Committee

Mohammed Adamu Ramadan (wɔwoo no 3 Kotonimma 1975) yɛ Ghana amanyɔni.[1] Ɔyɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwani (National Democratic Congress).[2][3] Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Adenta Mmrahyɛbadwam mpɛsoa.[4] Ɔyɛ amanyɔni Ahmed Ramadan babarima ne Samira Bawumia ɔyɛ Ghana Awuraa a ɔtɔ so mmienu (Second Lady of Ghana) no nuabarima panin (elder brother).[5][6]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Mohammed Adamu Ramadan wɔ Kotonimma bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa (3) afe 1975.[7] Ofiri Ashalley Botwe wɔ Greater Accra Mantam mu.[7] Ɔwɔ Bachelor’s abodiin krataa wɔ Adwumayɛ ho nhyehyɛe mu (bachelor's degree of Business Administration), master’s abodiin krataa wɔ Adwumayɛ ho nhyehyɛe mu (Master's degree in Business Administration) a ne ho akokwaw wɔ Sikasɛm mu (specialization in Finance).[7] Ɔsan nso wɔ Master of Arts abodin krataa wɔ Sikasɛm ho nhyehyɛe sohwɛ mu (Master of Arts in Economic Policy Management).[7]

Adwuma[sesa]

Ramadan yɛ Ɔboafoɔ Titiriw ne ɔmampanyin adwumayɛfoɔ wɔ Flagstaff Fie (Flagstaff House) wɔ kan Ɔmampanyin John Mahama berɛ mu.[8]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛ Badwa no mu mmɔdenbɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Mmarahyɛ Badwa abatoɔ mu no Ramadan gyinaa Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwani (National Democratic Congress) akyi wɔ Adenta Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu na odii nkoguo wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no Yaw Buaben Asamoa Anim. Asamoa nyaa amba 33,952 a egyina hɔ ma 50.64% sɛ Ramadan abatoɔ 32,588 a ɛyɛ 48.61%.[9][10] Ɔsan gyinaa primaries maa NDC na odii nkonim de gyinaa wɔn ananmu wɔ 2020 Abatoɔ no mu.[11] Odii nkonim wɔ kan Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Bɔbeasu, Mmofra ne Asetra mu Ahobammɔ so (former Minister for Gender, Children and Social Protection), Nana Oye Lithur so. Odii nkonim denam amba 730 a onyaeɛ tiaa ne amba 558 a ɔde too dwa sɛ odii nkonim no so.[12]

Wɔ ne mmɔdenbɔ a ɛtɔ so mmienu (2) sɛ ɔbɛdi nkonim wɔ Adenta Mmrahyɛbadwam mpɛsoa atenaeɛ no mu no, odii nkonim wɔ mmarahyɛbadwni a odii tumi mprempren Yaw Buaben Asamoah a ɔne no sii akan wɔ afe 2016 abatoɔ no mu no, Otumi nyaa amba 63,436 a ɛgyina hɔ ma 55.9% sene abatoɔ 49,255 a ɛgyina hɔ ma 43.4% wɔ ɔno so.[13]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Mohammed Adamu Ramadan kaa ntam sɛ Mmarahyɛbadwani a ogyina Adenta Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2021 mu.[7] Ɔsom sɛ Mmarahyɛ Badwa no Akwahosan boayikuw (Health committee) ne Adwumayɛ Boayikuw (Business Committee) no muni.[7]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ahmed Ramadan a na ɔyɛ Nnipa Ɔman Nhyiam guamtrani (former chairman of People's National Convention - PNC) ne Ghana Awuraa a ɛtɔ so abien (Ghana's Second Lady) Samira Bawumia nuabarima panyin no ba a odi kan.[6][14][15] Ɔyɛ Nkramoni a ɔyɛ ɔhokafo. Ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu no, ɔne kan ɔman wimhyɛn adwumayɛkuw Ghana Airways ne Ghana International Airlines yɛɛ adwuma.

Ntotoho[sesa]

  1. "NDC Adamu Ramadan Receives A Heroic Welcome, Donates To The Party Grassroot". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-04-13.
  2. Hamza, Paramza Kofi (30 March 2020). "Adenta Residents Welcome Mohammed Adamu Ramadan For Coronavirus Fight". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-12-18.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  3. Emmanuel, kojo (2019-07-19). "Ignore the detractors; Ramadan is the most trusted candidate to lead us to victory - Adentan NDC". Pulse Ghana (in American English). Retrieved 2020-12-18.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  4. "Parliamentary Results For Greater Accra Region". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-12-18.
  5. "The 6 children of politicians in Ghana's parliament and those who failed". The Ghana Report (in English). 2021-01-13. Retrieved 2021-04-13.
  6. 6.0 6.1 "Samira's brother, Adamu Ramadan is trustworthy - Adentan NDC executives". GhanaWeb (in English). 2019-07-21. Retrieved 2021-04-13.
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 "Official Profile of Mohammed Adamu Ramadan - Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2021-04-13.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  8. Hamza, Paramza Kofi (25 August 2019). "Re: NDC Adentan primaries: Ramadan not an aspirant to win Adentan seat". GhanaWeb (in English). Retrieved 13 April 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  9. FM, Peace. "2016 Election - Adenta Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-12-18.
  10. "Adamu Ramadan confident of capturing Adentan seat for NDC". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-04-13.
  11. "#NDCDecides: Delegates snub Oye Lithur for Adamu Ramadan in Adentan". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2019-08-24. Retrieved 2020-12-18.
  12. "I 'wept' over hard fought victory – Ramadan". GhanaWeb (in English). 2019-08-25. Retrieved 2021-04-13.
  13. FM, Peace. "2020 Election - Adenta Constituency Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-04-13.
  14. Okyere, Gertrude (2020-03-10). "Samira Bawumia's NDC brother you need to know about". Adomonline.com (in American English). Retrieved 2020-12-18.
  15. Qwame, Benedict (2020-12-08). "Samira Bawumia's brother representing the NDC floors NPP's Yaw Buaben Asamoah at Adentan". GhPage (in British English). Retrieved 2020-12-18.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)