Matthew Opoku Prempeh

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon. Dr,
Matthew Opoku Prempeh
Member of Parliament for Manhyia South Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2009
Minister of Energy
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoJohn Peter Amewu
Minister of Education
Bere
10 January 2017 – 6 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Matthew Opoku Prempeh

23 May 1968 (1968-05-23) (age 55)
Pakyi No 2, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔPrempeh College
Kwame Nkrumah University of Science and Technology
Harvard Kennedy School
N'adwumaPolitician
N'adwumaMedical doctor
CommitteesDefense and Interior Committee; Appointments Committee

Matthew Opoku Prempeh, (wɔwoo no 23 Kotonimma 1968) yɛ Ghana aduruyɛ ho oduruyɛfo (medical doctor) ne amanyɔni. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no muni na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Manhyia Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoaAshanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ kan Nhomasua Soafoɔ (former Minister of Education).[1] Wɔfrɛ no kɛse sɛ NAPO.[2][3][4] Mprempren ɔyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ahoɔden so (Minister for Energy).[5][6][7][8]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Prempeh wɔ Kotonimma bosome da a ɛtɔ so aduonu mmiɛna (23)1968 na ofiri Pakyi No 2 wɔ Ashanti Mantam mu.[9] Ɔsuaa Nnipa Abɔdeɛ ne Aduruyɛ ho adeɛ (Human Biology and Medicine) wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so (Kwame Nkrumah University of Science and Technology), akyiri yi ɔtoaa adesua akyi wɔ Netherlands Akwahosan Ho Nyansahu Asoɛe ne Kennedy Aban Sukuu (Netherlands Institute of Health Sciences and the Kennedy School of Government) wɔ Harvard Suapɔn (Harvard University) mu.[10][11]

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔreyɛ mmarahyɛbadwani no, Prempeh yɛɛ Keyedmap Security Services Limited Adwumayɛfo Panyin (Chief Executive Officer - CEO) firi afe 2004 kosi afe 2009.[9] Ɔsan yɛ aduruyɛ ho oduruyɛfo (medical doctor) [12] na ɔsom sɛ Royal Kɔlege ma Nnuruyɛfo ne Oprehyɛn Ho Nnuruyɛfo (Royal College of Physicians and Surgeons) a ɛwɔ United Kingdom no muni fi afe 1999 kosi afe 2003.[13]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbaguani[sesa]

Sɛ Ghana mmarahyɛbadwani no, ogyina Manhyia Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Kumasi, kan no na ogyina Manhyia ananmu.[10] Wɔdii kan paw no sɛ ɔnyɛ mmarahyɛ badwa wɔ afe 2008 mu na ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no muni.[9] Wɔ afe 2016 mu no, wɔsan paw no bio de amba 35,958, anaa abatoɔ a wɔtoo wɔ ɔmantam no mu no mu 87.17%.[14] Na ɔyɛ akwahosan boayikuw (health committee) ne boayikuw a wɔpaw nnipa (appointments committee) no muni. Prempeh sii akan wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛ badwafoɔ kandifoɔ maa Manhyia Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no, wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) frankaa ase na odii nkonim wɔ nkontabuo kɛseɛ mu.[15]

Nhomasua ho Ɔsoafoɔ[sesa]

Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo na ɔpaw no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du (10) afe 2017 sɛ ɔmmɛyɛ Ghana Nhomasua Soafoɔ (Minister for Education of Ghana).[10] Ɔsomm wɔ saa dwumadie no mu mfeɛ anan (4) kosii Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia (6) afe 2021 mu bere a ɔmampanin ne n’asomfo dibea no baa awieeɛ.

bosome Kotonimma afe 2017 mu no, Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo bɔɔ Prempeh din sɛ asoafoɔ dunkron (19) a wɔbɛhyehyɛ ne kabinet no fa.[16] Wɔde asomfo dunkron (19) no din kɔmaa Ghana Mmarahyɛ Badwa no na kan Aban no Kasafo, Mike Ocquaye na ɔde too gua.[16] Sɛ Kabinet ɔsoafoɔ no (Cabinet minister), na Prempeh ka ɔmampanin no mu kuw no ho na na ɛsɛ sɛ ɔboa wɔ gyinaesi dwumadi atitiriw (decision-making activities) mu wɔ ɔman no mu.[16]

Prempeh nso boaa Ghana nhomasua dwumadibea sɛ Nhomasua soafoɔ (Minister of Education) te sɛ nnwuma a ɔmaa nkɔsoɔ ne adwumayɛ ne mfiridwuma ho adesua (Vocational and Technical Education - TVET) a ɔhyɛɛ ho nkuran ne aban no dwumadiɛ titire ''FREE SHS'' a odii anim.[17][18]

Boayikuw ahorow[sesa]

Prempeh yɛ Defense ne Interior Boakyikuo no muni na ɔsan yɛ Appointments Boakyikuo no muni.[9]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ Kristoni[9] na ɔyɛ kan Ghana ɔmampanyin, John Kufuor banana (grandson).[19] Wagyae awarɛ (divorced).[12]

bosome Kotonimma afe 2022 mu no, kuw bi a wɔfrɛ wɔn Friends of NAPO de nkyerɛkyerɛ nneɛma bi maa sukuu ahorow a ɛwɔ Manhyia South Constituency de hyɛɛ n’awoda a ɛtɔ so aduonum anan (54) ho fa.[20]

Ntotoho[sesa]

  1. "NAPO reacts to $1.2M World Bank cash controversy". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2022-05-27. Retrieved 2022-08-20.
  2. "Matthew Opoku Prempeh is Minister designate for Education". Citi 97.3 FM - Relevant Radio. Always (in American English). 2017-01-10. Retrieved 2020-04-27.
  3. "Napo Leads Covid-19 Stigma Fight". DailyGuide Network (in American English). 2020-07-18. Retrieved 2020-07-19.
  4. "Matthew Opoku Prempeh names library complex after late Queen Mother of Ashanti Kingdom". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-20.
  5. "Hon. Matthew Opoku Prempeh". Archived from the original on 11 October 2022. Retrieved 18 March 2021.
  6. "Projects by government to solve energy crisis near completion – Matthew Opoku Prempeh - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-05-17.
  7. "Hon. Matthew Opoku Prempeh | Ministry of Energy". www.energymin.gov.gh. Archived from the original on 2022-10-11. Retrieved 2022-08-20.
  8. "Relocation of Ameri plant will stabilise power - Dr Matthew Opoku Prempeh". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-20.
  9. 9.0 9.1 9.2 9.3 9.4 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-20.
  10. 10.0 10.1 10.2 Annang, Adolphus. "Dr. Matthew Opoku Prempeh – Education - Government of Ghana". www.ghana.gov.gh (in British English). Archived from the original on 2017-05-19. Retrieved 2017-05-13.
  11. Forum, Education World. "Hon Dr Matthew Opoku Prempeh - Speakers". Education World Forum (in English). Retrieved 2020-12-07.
  12. 12.0 12.1 "Ghana MPs - MP Details - Prempeh, Matthew Opoku (Dr)". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-01-25.
  13. Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2017-05-13.
  14. FM, Peace. "Ghana Election 2016 Results - Manhyia South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2017-05-13.
  15. FM, Peace. "Manhyia South Constituency Results - Election 2020". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-12-11.
  16. 16.0 16.1 16.2 FM, Citi. "Arts Minister Catherine Afeku makes it to Cabinet". ghanaweb.com. ghanaweb. Archived from the original on 31 July 2017. Retrieved 7 July 2017.
  17. "We've initiated 1,011 SHS projects since 2017— NAPO". Graphic Online (in British English). Retrieved 2020-12-07.
  18. "We've invested over $800 million in education sector since 2017 – Matthew Opoku Prempeh". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2020-10-14. Retrieved 2020-12-08.
  19. "Kufuor Grandson Joins Race". ModernGhana.com (in British English). Retrieved 2017-05-13.
  20. "Group donates to schools to mark NAPO's 54th birthday". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2022-05-24. Retrieved 2022-05-24.