John Peter Amewu

Ɛfi Wikipedia
John Peter Amewu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJohn Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Minister of Energy and Petroleum, Minister for Lands, Minister of Railway Development Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa

John-Peter Amewu (wɔwoo no afe 1972 mu) yɛ Ghana amanyɔni ne mprempren Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Keteke Nkɔsoɔ so wɔ Ghana na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani (MP) wɔ Hohoe Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu wɔ Ghana Mmarahyɛ Badwa mu.[1][2][3] Na ɔyɛ kan Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ahoɔden so[4] ne kan Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Asase Ne Abɔdeɛ mu Nneɛma so wɔ Ghana.[5][6][7]

Ne mmofraase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo John-Peter Amewu wɔ afe 1972 mu wɔ Wli-Todzi wɔ Hohoe Kuropɔn mu wɔ Volta Mantam mu. Ɔkɔɔ ne ntoaso sukuu wɔ Hohoe E. P. Senior High School, St. Mary’s Seminary/Senior High School, Lolobi ne Adisadel College, Cape Coast. John-Peter Amewu nyaa ne bachelor’s degree wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so. Ɔtoaa ne nhomasua so na onyaa MBA wɔ sikasɛm mu wɔ Ghana Suapɔn, Legon, na ɔkɔɔ so nyaa abodin krataa a ɛdi akyire wɔ amanaman ntam ahoɔden adwumayɛ sohwɛ mu ne abodin krataa a ɛkorɔn wɔ petroleum mmara ne nhyehyɛeɛ mu wɔ Dundee Suapɔn (UK) 9][10

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ obi a ɔka wɔn a wɔhyehyɛɛ Africa Center for Energy Policy (ACEP), faako a ɔyɛɛ adwuma sɛ nhyehyɛe ne nhwehwɛmu kwankyerɛfo, na ɔde nhyehyɛe ho afotu mae de boaa aban ne ankorankoro nnwuma ahorow.[11]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so nson (7), afe 2020, amansan abatoɔ akyi no, John-Peter Amewu bɛyɛɛ New Patriotic Party kandifoɔ a ɔdi kan a ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa abatoɔ mu wɔ Hohoe Mantam mu firi afe 1992.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ Kristoni. Waware na ɔwɔ mma baanan (4)