Prempeh College
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Prempeh Kɔlegye(
pronounciation of "Prempeh Kɔlegye" (help·info)) yɛ aban ntoasoɔ sukuu ma mmarima a ɛwɔ Asantemantem ahenkro Kumasi wɔ ɔman Ghana mu.
Asanteman mpaninfoɔ, Enyirisi Aban, Methodist Asɔre ne Presby asɔre na ɛkaa wɔn ho bɔɔmu tee sukuu yi wɔ afe apem aha-nkron aduanan nkron mu (1949).[1]
Wɔde sukuu no too Asantehene, Otumfoɔ Sir Osei Tutu Agyeman Prempeh II, a ɔmaa asaase a wɔde sii sukuu no.[2] Wɔde Eton College a ɛwɔ Enyirisiman mu na ɛyɛɛ nhwɛsoɔ.[3]
Wɔ afe mpem mmienu ne nnan mu no (2014), adesuafoɔ a wɔnyaa kwan sɛ worekɔgye nteteeɛ wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn mu (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) no mu no, wɔn mu dodoɔ no ara a ɛyɛ ahanan ne aduanan baako na na wɔyɛ adesuafoɔ a na wɔakɔgye nteteeɛ afiri Prempeh College a, na ɛno ne ntoasoɔ sukuu a na n'adesuafoɔ dɔɔso pa ara,[4] afei wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu mu no (2012) nso, Kwame Nkrumah Suapɔn no gyee asukuufoɔ ahanu ne aduokron nsia (296) a na wɔn nyinaa gyee wɔn nteteeɛ firii Prempeh College. Dodoɔ noaa gye tum sɛ sukuu no yɛ ntosoɔ sukuu a edimu wɔ ɔman Ghana mu.[5][6][7] Sukuu no adi nkunim mprensa wɔ ɔman mu akansie a w'ato din sɛ "National Robotics Championships" ɛwɔ mpem mmienu ne du-mmiɛnsa (2013) saa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako (2021) mu.
Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia (2016) mu no, Prempeh College nyaa abasobɔdeɛ kɛseɛ a wato din sɛ "Toyota Innovation Award" wɔ amanman akansie a wato din sɛ International Robofest World Championships wɔ Michigan, Amerika man mu.[8]
Abakwasɛm
[sesa]Ɛwɔ afe apem ahankron ne aduanan (1940s) no, Enyirisi Aban to nsa frɛɛ Prɛsbiterian ne Matɔdest nsɔre, ɛnam sɛ na wɔn adikan ate Wesley Girls' suuuk ne Prɛsbiterian Boys' sukuu wɔ Krobo Odumase ɛnam wɔn nimdiɛ a na wɔn wɔ no nti, sɛneɛ wɔn bɛtumi aboa ama wɔn asi sukuu wɔ Ghana mfinimfin na aboa atififamfoɔ a wɔwɔ ɔman yi mu. Ɛwɔmu sɛ ntɔkwa a ɛtɔ so mmienu no kyɛree, wɔ afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe (1948) no Maxwell Fry ne ne yere a wɔyɛ Enyirisi adansifoɔ besii Prɛmpeh Kɔlegye.[9]
Sɛ wode toto Jane Drew a ɔwɔ Ashante nwoma ho a, Prempeh Kɔlegye da mu soronko kyɛn Lain Jackson ne Jessica Holland nwoma a wɔfrɛ no "The Architecture of Edwin Maxwell Fry and Jane Drew: Twentieth Century Pioneer Modernism and the tropics". Deɛ efiri Ashanti Pioneer nkaebɔ baeɛ ne sɛ, Ɔgyefoɔ bosom da a ɛtɔ so num wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron na wɔn buei Prempeh Kɔlegye ano. Major C.O.Butler, ɔhene kɔmisa a ɔwɔ Ashanti de saa nsɛm wei too dwa wɔ dwumadie no ase.
Nnipa titiriw a wafa sukuu yi mu
[sesa]- Mohammed Abdul-Saaka, a deputy minister in the second republic
- Sam Adjei, physician
- Samuel Yaw Adusei, former deputy Ashanti Regional Minister
- Jot Agyeman, author, actor, playwright and media executive
- Kwesi Ahwoi, former Minister for the Interior of Ghana.
- Francis Amanfoh, diplomat
- Abednego Feehi Okoe Amartey, Vice Chancellor of the University of Professional Studies
- Joseph Amoah, sprinter representing Ghana at the 2019 World Athletics Championships and national record holder in the men's 200 metres[10]
- Richard Twum Aninakwah, Justice of the Supreme Court of Ghana (2004–2008)
- Edmund Owusu Ansah, footballer
- Yaw Appau, active Justice of the Supreme Court of Ghana (2015–)
- Kwame Baah, Ghanaian soldier and politician; formerly Minister for Lands and Mineral Resources, Minister for Foreign Affairs, and Minister for Economic Planning during the Acheampong regime.
- Hon Kwadwo Baah-Wiredu, Ghanaian Politician, Former Minister of Education
- Fritz Baffour, television producer and media consultant is the managing director of Tropical Visionstorm Limited
- Baffour Adjei Bawuah, diplomat
- Kofi Boahene, physician
- Nana Osei Bonsu II, the traditional ruler of Ashanti Mampong
- Yussif Chibsah, footballer
- Dr. Kwabena Duffuor, Former Governor Bank of Ghana, Finance Minister, Founder UniBank Ghana[11]
- Maxwell Kofi Jumah Former Mayor of Kumasi[12]
- Sadat Karim, footballer
- John Kufuor,[13] former president of the Republic of Ghana
- Osagyefo Kuntunkununku II- Okyenhene
- Joakim Lartey, percussionist
- Kwadwo Mpiani, Former Chief of Staff and Minister for Presidential Affairs
- Martin Osei Nyarko, footballer
- Dominic Oduro, footballer
- Prof. Kwadwo Asenso Okyere, former Vice Chancellor, University of Ghana, Legon, former head of Food and Agriculture, UNO
- Dr. Matthew Opoku Prempeh, MP for Manhyia South and Minister for Energy, Ghana
- Kwadwo Afoakwa Sarpong, former Ghanaian diplomat
- Kwabena Sarpong-Anane, acting Director General of the Ghana Broadcasting Corporation (2010–2011)
- Tonyi Senayah, Chief Executive Officer of Horseman Shoes
- Kwaku Sintim-Misa Ghanaian actor, director, satirist, talk show host, and author.
- Godfred Akoto Boafo, journalist and sports administrator[14]
Sukuu Ntadeɛ
[sesa]sukuu atadeɛ no ahosuo no yɛ ahahan mono ɛna sukuu no ahyɛnsodeɛ no da mu. Asukuufoɔ no hyɛ sukuu atadeɛ yi da biara de kɔ sukuu. sɛ ɛyɛ dwabɔ bi ase na asuafoɔ rekɔ nso dea, wɔhyɛ atadeɛ foforɔ a yɛka no borɔfo mu sɛ jacket a n'ahosuo no nso yɛ ahahan mono, ɛna yɛanwene sukuu no ahyɛnsodeɛ no atom. Kɔlɛgyi yi sane nso wɔ atadeɛ foforɔ a yɛfrɛ no borɔfo mu sɛ blazer (suit) a na wɔhyɛ firi afe apem ahankron aduanan nkron (1949) ahyɛaseɛ, ɛna wogyae hyɛ wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe (1980s) mu, afei wɔsane nso de baa bio wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa (2003) mu. Adusuafoɔ yi hyɛ kɔlɛgy no atadeɛ a ɛyɛ suit no de kɔ dwumabɔ biara ase, ɛbi te sɛ speech days ɛne graduation dwabɔ ase.
Abasobɔdeɛ ahodoɔ
[sesa]Prempeh College ne ntoasoɔ sukuu a ɛdi kan a ɛdii nkonim wɔ Ɔman Ghana Nyansahu ne Nkontaabuo Nsɛmmisa mu ( National Science and Maths Quiz) wɔ afe apem ahankron aduokron nnan (1994) ne afe apem ahankron aduokron nsia (1996) mu.[16]
Kɔlege no nso dii nkonim wɔ afe 2015, 2017 ne 2021 mu wɔ Ghana Ɔman Nyansahu ne Nkontaabu Nsɛmmisa a ɛma wɔyɛ sukuu a ɛdi mu paa wɔ Ɔman Nyansahu ne Nkontaabu Nsɛmmisa akansi mu no mu baako, na ɛdi mu paa wɔ Ashanti Mantam mu. Prempeh College nso adi nkonim wɔ Ghana National Debate Championship akansi no mu mprenu, wɔ afe 1997 ne 2004 mu.
Sukuu no dii nkonim wɔ Luv Fm ntoasoɔ sukuu akyinnyegye akansi a ɛtɔ so nnan mu wɔ afe 2023 mu na wɔakɔ akansi a ɛtwa toɔ a yɛka no borɔfo kasa mu sɛ Finals no mprɛnsa a ɛtoatoa so wɔ afe 2021, 2022 ne 2023 mu a ɛma wɔyɛ akyinnyegye sukuu a ɛyɛ sen biara wɔ Ashanti Mantam mu. Prempeh College yɛ ntoaso sukuu a ɛdi kan wɔ Ghana ne Afrika a ɛdi nkonim wɔ World Robofest 2016, anaa World Robotics Competition, a ɛdii sukuu ahodoɔ a wɔfiri China, Japan ne aman foforɔ a wɔanya nkɔsoɔ wɔ mfiridwuma mu so nkonim.
Wɔdii nkonim wɔ Toyota Innovation Award saa afe no mu na wɔn nko ara ne sukuu a ɛfiri Afrika a wɔayɛ saa.[17] Prempeh College Robotics Club nso adi nkonim wɔ robɔt abasobɔdeɛ afoforo pii mu wɔ mfeɛ no mu. Wɔn nkɔsoɔ bi ne: 2016 Ashanti Mpɔtam Robotics Nkonimdifoɔ, Robofest Toyota Innovation Award Nkonimdifoɔ 2016, Robofest Ɔman Nkonimdifoɔ 2016, Ɔman Robotics Nkonimdifoɔ 2015, Ɔman Robotics Nkonimdifoɔ 2014, Ɔmantam Robotics Nkonimdifoɔ 2013, nkonimdifoɔ wɔ Ɔmantam Robotics Akansie 2012, Nkonimdie wɔ Dwumadie a Ɛyɛ Paara mu wɔ Robotics Nyansahu Nhomasua Akansie a ɛkanyan 2011, 2016 Ɔman Robofest a Wɔfata, Presec-Legon, Ghana Nkonimdifoɔ.[18][19] Sukuu no gyinaa Ghana ananmu wɔ Wiase robɔt akansi a ɛkɔɔ so wɔ New Delhi India.[20]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ [1] http://asantekingdom.org/history/asanteman/
- ↑ [2] Report on financial and physical problems of development in the Gold Coast, Dudley Seers, Claud Richard Ross,Office of the Govt Statistician, 1952
- ↑ [3] David Dunkley Gyimah (6 July 2007). "Amanfoo - Prempeh College". Archived from the original on 19 December 2021 – via YouTube.
- ↑ [4] "Prempeh College Is Producing More Scientist ..." www.ghanaweb.com. 30 November 2001.
- ↑ [5] http://ghanaculturepolitics.com/top-10-senior-high-schools-in-ghana-based-on-national-science-maths-quiz-winnings/
- ↑ [6] "History". Prempeh College. Retrieved 26 March 2015.
- ↑ [7] "10 Best Secondary Schools In Ghana The Last 10 Years, According To SSCE Scores". 3 February 2016.
- ↑ [8] "Achievements". home.amanfour.com.
- ↑ Close [9] Jackson, Iain; Holland, Jessica (16 March 2016). The Architecture of Edwin Maxwell Fry and Jane Drew: Twentieth Century Architecture, Pioneer Modernism and the Tropics. Routledge. ISBN 9781317044864 – via Google Books.
- ↑ "Coppin State's Joseph Amoah emerges as world-class sprinter, eyes representing Ghana at 2020 Olympics". Baltimore Sun.
- ↑ "de best born van information over sigh. Deze website is te koop!". ksigh.com. Retrieved 24 May 2012.
- ↑ 5 Times Kofi Jumah Showed that he is the Most Troublesome Kumasi Politician - NsromaMedia". 3 June 2016.
- ↑ "President John Agyekum Kufuor of Ghana". Joinafrica.com. Retrieved 24 May 2012.
- ↑ "Godfred Akoto Boafo | The Conversation, Citi FM (Accra, Ghana), Pasha - from The Conversation Africa Journalist | Muck Rack". muckrack.com. Retrieved 13 September 2021.
- ↑ "History". Prempeh College OLD Students of North America.
- ↑ Peace FM Online, 2017 NSMQ: "Congratulations To Prempeh College . . . Favourites From Start" – Akufo-Addo | General News | Peacefmonline.com, archived from the original on 2017-08-03, retrieved 2026-09-25
- ↑ Pulse staff, ROBOFEST: Prempeh College wins 2016 robotics world championship (in American English), archived from the original on 2017-07-22, retrieved 2026-09-25
- ↑ Hussaini Kwaifa, Prempeh College Wins Outstanding Engineering Knowledge & Exemplary Achievement Award, archived from the original on 2020-05-14, retrieved 2026-09-25
- ↑ K. Effah (2016-05-17), "Prempeh College wins Robofest World Championship in USA", Yen.com.gh - Ghana news. (in American English), archived from the original on 2020-05-13, retrieved 2026-09-25
- ↑ World News, retrieved 2026-09-25