Mathew Opoku Prempeh

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Hon. Dr,
Matthew Opoku Prempeh
Mmrahyɛbadwni Manhyia South
Mprenpren
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2009
Ɔsoafoɔ a ɛhwɛ Ahoɔdeneɛ so
Mprenpren
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2021
OdikanfoJohn Peter Amewu
Ɔsoafoɔ ɔhwɛ Nwomasua so
Bere
10 Ɔpɛpɔn 2017 – 6 Ɔpɛpɔn 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Matthew Opoku Prempeh

Nhwɛsoɔ:Awoda
Pakyi No 2, Ghana
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔPrempeh College
Kwame Nkrumah University of Science and Technology
Harvard Kennedy School
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaOduruyɛfo
CommitteesDefense and Interior Committee; Appointments Committee

Matthew Opoku Prempeh a wɔwoo no Kɔtɔnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu -mmiɛnsa wɔ afe apem ahenkron aduosia - nnwɔtwe mu no yɛ Ghana aduruyɛ ho oduruyɛfo ne amanyɔni. Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ni a, ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Manhyia South abatoɔ mpasua a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ kane Nwomasua ho Soafo. [1] Wɔfrɛ no kɛse sɛ NAPO.[2] [3] [4] Mprempren ɔyɛ Ɔsoafo a ɔhwɛ Ahoɔden so.[5] [6] [7] [8]

Ne Mmɔfraase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Matthew Opoku Prempeh wɔ Kɔtɔnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu -mmiɛnsa wɔ afe apem ahenkron aduosia -nnwɔtwe mu wɔ Asanti New Town, Kumasi kurotia, na ɔfiri Pakyi No. 2 wɔ Asanti Mantam mu.[9]

Ɔhyɛɛ ne mfitiaseɛ nwomasua ase wɔ KNUST Primary na ɔkɔɔ so kɔɔ Prempeh College a ɛwɔ Kumasi, Asanti mantam wɔ Ghana, maa ne mfimfini sukuu adesua.[10]

Ɔsuaa 'Human Biology ne Medicine' wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) na ɔwiee ne MB CHB wɔ Afe apem ahenkron aduokron - nnan mu. Ɔtoaa so yɛɛ 'Post-graduate' adesua wɔ 'MSc. Clinical Epidemiology' wɔ 'Netherlands Institute of Health Sciences' wɔ afe apem ahenkron aduokron - nnwɔtwe [11] ne 'Kennedy School of Government' wɔ Harvard Suapɔn mu a ɔsuaa Akannifoɔ ne Aban ho adeɛ.[12] [13] Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu no, ɔkɔɔ oprehyɛn ho ntetee akyi wɔ United Kingdom (MRCS).

Adwuma[sesa]

Ansa na ɔrehyɛn mmarahyɛbadwa mu no, Prempeh yɛɛ 'Keyedmap Security Services Limited' CEO firi mfeɛ mpem mmienu ne nnan kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne nkron.Ɔsane yɛ aduruyɛ ho oduruyɛfo [14] na ɔsom sɛ 'Royal College of Physicians and Surgeons' a ɛwɔ United Kingdom no muni firi afe apem ahenkron aduokron -nkron kɔsi mfeɛ mpem mpem mmienu ne mmiɛnsa mu.[15]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Sɛ Ghana mmarahyɛbadwani no, ɔgyinaa Manhyia South ananmu wɔ Kumasi, kane no na ɔgyina Manhyia ananmu.Wɔdii kan paa,no sɛ ɔnyɛ mmarahyɛbadwani wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu a na ɔyɛ New Patriotic Party amayɔkuoni. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nsia mu no, wɔsane paa no bio berɛ a ɔde mma mpem aduasa num, ahenkron aduonum nnwɔtwe ( 35,958), anaa abatoɔ a wɔtoo wɔ ɔmantam no mu Ɔha abupɛn aduowɔtwe nson akyire po du- nson ( 87.17%).[16] Na ɔyɛ akwahosan boayikuo ne boayikuo a wɔpaa nnipa no muni. Prempeh sii akan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwani kandifoɔ maa Manhyia South mansini no wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu na ɔdii nkonim kɛseɛ. [17]

Nwomasua ho Ɔsoafo[sesa]

Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo na ɔpaa no wɔ Ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so du wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nson mu sɛ ɔmmɛyɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nwomasua so wɔ Ghana.[12] Ɔsomm wɔ saa dwumadie no mu mfeɛ nnan kɔsii Ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so nsia wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu - baako mu berɛ a ɔmampanyin ne n’asomfo berɛ baa awieeɛ.

Wɔ Kɔtɔnimaa bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nson mu no, Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo bɔɔ Prempeh din sɛ asomfoɔ du -nkron a wɔbɛhyehyɛ ne kabinet no mu baako.[18] Wɔde asomfo du- nkron no din kɔmaa Ghana Mmarahyɛbadwa no na kane Mmrahyɛbadwafoɔ Kasamafoɔ, Mike Ocquaye na ɔde too dwa.[18] Sɛ́ Kabinet soafo no, na Prempeh ka ɔmansoafo no mu kuo no ho na na ɛsɛ sɛ ɔboa wɔ gyinaesi dwumadi atitiri mu wɔ ɔman no mu. [18]

Prempeh nso boaa Ghana nwomasua adwuma no mu sɛ Nwomasua soafoɔ, te sɛ nnwuma a wɔbɛma atu mpɔn,adwuma ne mfiridwuma ho adesua (TVET) a ɔhyɛɛ ho nkuran, ne aban nhyehyɛeɛ titire ''FREE SHS'' a ɔdii anim. [19] [20]

Ɔmansoafo a ɔhwɛ ahoɔden so[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako mu no, Ghana Ɔmampanyin, Nana Akuffo-Addo, bere a wɔsane paa no sɛ Ɔmansoafoɔ no, ɔbɔɔ Ɔbenfo Matttew Opoku Prempeh din sɛ Ɔmansoafoɔ a ɔhwɛ Ahoɔden so.[21] [22] Na wadi kane asom sɛ Nwomasua Soafo wɔ Ɔmampanyin Nana Akuffo-Addo afe a ɛdi kan no.[12]

Boayikuo ahodoɔ[sesa]

Prempeh yɛ 'Defense and Interior Committee' no muni na ɔsan yɛ 'Appointments Committee' no muni.[9]

Abasobɔdeɛ Ahodoɔ[sesa]

Wɔbuu Dr. Matthew Opoku Prempeh sɛ Ɔsomfoɔ a ɔsen biara wɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du- nson ne mfeɛ mpem mmienu ne du- nkron no mu. Ɔsane nso nyaa 'Harvard Ministerial Medal of Achievement' wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu no mu.

Kɔtɔnimaa bosome mu wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne aduonu - baako mu no, Nwomasua Suapɔn Winneba maa no Nidie sɛ Oduruyɛfo Abodin krataa.[23]

Kitawonsa bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu - baako mu no, Suapɔn a ɛhwɛ Adwumayɛfoɔ Adesua so nso maa no Nidie sɛ Oduruyɛfoɔ a ɔhwɛ Nnipa Nkrataa so.[23]

Sɛ Ghana Mmarahyɛbadwani no, ɔgyinaa Manhyia South ananmu wɔ Kumasi, kan no na ɔgyina Manhyia ananmu.[24]

Cape Coast Suapɔn ne asoɛeɛ a ɛtwa toɔ a ɛgye Ɔbenfoɔ Prempeh mmoa a ɔde ama Ghana nkɔsoɔ ne ne som kɛseɛ a ɔde maa Cape Coast Suapɔn, Ghana no atom.[25]

Ankorankoro Abrabɔ[sesa]

Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni[9] na ɔyɛ kane Ghana ɔmampanyin John Agyekum Kufuor ba nana.[26]

Ɔbɛnim bosome mu wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne aduonu -mmienu mu no, kuo bi a wɔfrɛ wɔn 'Friends of NAPO' de nkyerɛkyerɛ nneɛma bi maa sukuu ahodoɔ a ɛwɔ Manhyia South abatoɔ mpasua so de hyɛɛ n’awoda a ɛto so aduonum nnan ho fa. [27]

Prempeh College too ne din wɔ wɔn 'dormitory block' bi so wɔ Ayɛwohommɔbɔ bosome da ɛtɔ du nson wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa mu [28] .