Emmanuel Akwasi Gyamfi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Emmanuel Akwasi Gyamfi
MP
Member of the Ghana Parliament
for Odotobri Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2005
OdikanfoSamuel Nkrumah Gyimah
Ne ho asɛm
Awo bere1 December 1974 (1974-12-01) (age 49)
Homase No. 2
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaDevelopment Planner/ Banker
CommitteesLocal Government and Rural Development Committee (Chairperson); Government Assurance Committee; Health Committee

Emmanuel Akwasi GyamfiGhana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) no muni a ogyina Odotobri Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so.[1]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Gyamfi wɔ Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so baako (1) afe 1974.[2] Ofiri Homase a ɛtɔ so mmienu (Homase No. 2) wɔ Ashanti mantam mu wɔ Ghana.[3] Onyaa ne Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ Nhyehyɛeɛ mu (Bachelor of Science degree in Planning) wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so (Kwame Nkrumah University of Science and Technology), Kumasi.[2][3][4]

Onyaa abodin krataa no wɔ afe 2000 mu.[5] Ɔsan nso yɛ Ghana Asoɛe a ɛhwɛ adwumayɛ ne ɔman adwumayɛ so (Ghana Institute of Management and Public Administration - GIMPA) no ade.[5] Onyaa Executive master’s degree wɔ institute no mu.[5] Eyi sii wɔ afe 2008 mu.[5]

Adwuma[sesa]

Ansa na wɔrepaw no sɛ ɔmmɛyɛ mmarahyɛ badwa no, na ɔyɛ adwuma sɛ adwuma sohwɛfo wɔ Odotobri Rural Bank Limited.[1][4] Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ ɔhwɛfoɔ (administrator) ne ɔkwankyerɛfoɔ panin (lead facilitator) maa ahyehyɛdeɛ bi a ɛnyɛ aban de (non-governmental organization) firi afe 2001 kosi afe 2002.[2]

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Gyamfi kɔɔ mmarahyɛ badwa mu sɛ mmarahyɛbadwani a wɔpaw no maa Odotobri Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no wɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so anan (4) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu. Ɔkuraa n’atenabea wɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so anum (5) mu firi Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) 2008 kosi Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia (6) afe 2013. Wɔde amba 22,914 na ɛpaw no wɔ abatoɔ 27,700 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛne 82.7%[4][6] yɛ pɛ wɔ abatoɔ a ɛdi mu nyinaa mu abatoɔ a wɔtoo wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no tekiti so wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu. Wɔsan paw no sɛ ɔmmra mmarahyɛ badwa mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2013 bere a wɔwiee afe 2012 Ghana Amansan Abatoɔ no. Afei wɔsan paw no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2017 wɔ afe 2016 Ghana Amansan Abatoɔ no akyi baabi a onyaa abatoɔ a ɛfata no mu 66.13%. Ɔyɛ Fam agodie ne Ahoɔden Boayikuw (Mines and Energy Committee) ne Mmofra ne Bɔbeasu Boayikuw a ɛwɔ Mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nson (7th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) no muni.[3]

Boayikuw ahorow[sesa]

Gyamfi yɛ Mpɔtam Aban ne Nkuraase Nkɔsoɔ Boayikuo no guamtrani (chairperson of the Local Government and Rural Development Committee), ɔyɛ Aban Awerɛhyɛmu Boayikuo (member of the Government Assurance Committee) no muni na ɔsan yɛ Akwahosan Boayikuo no muni (member of the Health Committee).[1]

Abatow[sesa]

Wɔpaw Gyamfi sɛ mmarahyɛbadwani ma Odotobri Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana nea edi kan wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[7][8][9] Odii nkonim wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[8][9] Na ne mmrahyɛbadwam mpɛsoa no yɛ mmarahyɛ badwa nkongua aduasa nsia (36) no fa wɔ nkongua aduasa nkron (39) a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no dii wɔ saa abatoɔ no mu maa Ashanti Mantam no mu.[10] Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no nyaa dodow no ara a ɛyɛ mmarahyɛ badwa nkongua ɔha aduonu awɔtwe (128) wɔ nkongua ahanu aduasa (230) mu.[11] Wɔde amba 23,804 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 28,967 mu.[7][9] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 82.2% yɛ pɛ.[7][9] Onyaa amba sen George Adu-Mensah a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress), Thomas Appiah-Kubi a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party) ne Johnny Owusu-Boadi a ɔyɛ obi a ɔde ne ho (independent candidate).[7][9] Eyinom nyaa amba 3,740, 423 ne 1,000 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[7][9] Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 12.9%, 1.5% ne 3.5% yɛ pɛ.[7][9]

Afe 2008 Amansan abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) tekiti so maa ɔmansin korɔ no ara.[12][13] Na ne mansin no yɛ mmarahyɛ badwa nkongua aduasa anan (34) no fa wɔ nkongua aduasa nkron (39) a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu.[14] Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ no nyaa mmarahyɛ badwa nkongua ɔha nkron (109) wɔ nkongua ahanu adasa (230) mu.[15] Wɔde amba 22,914 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 27,700 mu.[12][13] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 82.72% yɛ pɛ.[12][13] Onyaa amba sen Isaac Mensah a ofi Nnipa Ɔman Nhyiam Kuw (People's National Convention) no mu, Kingsley Anning a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no mu ne Owusu Nhyira a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party).[12][13] Eyinom nyaa amba 230, 3,146 ne 1,410 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[12][13] Eyinom ne 0.83%, 11.36% ne 5.09% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[12][13]

Afe 2012 Amansan abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2012 mu no, odii nkonim bio wɔ amansan abatoɔ mu maa saa mmrahyɛbadwam mpɛsoa korɔ no ara.[16][17] Wɔde amba 27,526 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 35,221.[16][17] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 78.15% yɛ pɛ.[16][17] Onyaa amba sen Robert Bennett Forkuoh a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) ne Kojo Ego Ayeboafo a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho (independent candidate).[16][17] Eyinom nyaa amba 6,226 ne 1,469 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[16][17] Eyinom ne 17.68% ne 4.17% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[16][17]

Afe 2016 Amansan abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 mu no, odii nkonim bio wɔ amansan abatoɔ no mu maa mmrahyɛbadwam mpɛsoa korɔ no ara. Wɔde amba 23,255 na ɛpaw no. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 53.87% yɛ pɛ. Onyaa amba sen Dede Appiah Emmanuel a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress), Anthony Danso-Appiah a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho (independent candidate), Abraham Anokye nso yɛ obi a ɔde ne ho (independent candidate), Owusu Francis a ofi Nkɔsoɔ Nnipa Kuw (Progressive People's Party - Ghana) ne Minkah Prince a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party (CPP). Eyinom nyaa 12,098; 4,005 na ɛwɔ hɔ; 3,133 na ɛwɔ hɔ; 451 ne 223 na wɔtow aba wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 28.03%, 9.28%, 7.26%, 1.04% ne 0.52% yɛ pɛ wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.[18]

2020 Amansan abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2020 mu no, odii nkonim bio wɔ amansan abatoɔ no mu maa mmrahyɛbadwam mpɛsoa korɔ no ara. Wɔde abatow 28,021 na ɛpaw no. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 57.38% yɛ pɛ. Onyaa amba sen Emmanuel Obeng Agyemang a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) ne Paul Agyeman-Bannor a ofi Ghana Nkabom Kuw (Ghana Union Movement - GUM). Eyinom nyaa amba 10,456 ne10,358 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne abatow a wɔtow no nyinaa mu 21.41% ne 21.21% yɛ pɛ.[19]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Gyamfi aware na ɔwɔ mma baasa (3).[4] Ɔyɛ Kristoni ne katolekni.[4]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-09-01.
  2. 2.0 2.1 2.2 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2020-07-07.
  3. 3.0 3.1 3.2 "Parliament of Ghana".
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 "Ghana MPs - MP Details - Gyamfi, Emmanuel Akwasi". 2016-05-06. Archived from the original on 2016-05-06. Retrieved 2020-07-07.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 "Ghana MPs - MP Details - Gyamfi, Emmanuel Akwasi". 2016-05-06. Archived from the original on 2016-05-06. Retrieved 2020-08-04.
  6. Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 65.
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Odotobri Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-04.
  8. 8.0 8.1 FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Odotobri Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  9. 9.0 9.1 9.2 9.3 9.4 9.5 9.6 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 127.
  10. "Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results". Fact Check Ghana (in American English). 2016-08-10. Retrieved 2020-08-03.
  11. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - President". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  12. 12.0 12.1 12.2 12.3 12.4 12.5 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 65.
  13. 13.0 13.1 13.2 13.3 13.4 13.5 FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results - Odotobri Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  14. FM, Peace. "Ghana Election 2008 Results - Ashanti Region". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  15. FM, Peace. "Ghana Election 2008". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  16. 16.0 16.1 16.2 16.3 16.4 16.5 FM, Peace. "Ghana Election 2012 Results - Odotobri Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-03.
  17. 17.0 17.1 17.2 17.3 17.4 17.5 Elections 2012. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2012. p. 129.
  18. "Ashanti Region - 2016 Results". www.modernghana.com. Retrieved 2022-09-01.
  19. "Ashanti Region - 2020 Results". www.modernghana.com. Retrieved 2022-09-01.