Ato Panford

Ɛfi Wikipedia
Ato Panford
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth28 Ɔsanaa 1962 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, director Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Southampton, University of Southampton Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ato PanfordGhana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani a ɔka Mmarahyɛdwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni a, ɔgyinaa Shama Mansin no ananmu wɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

wɔ afe 2020 mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu no, New Patriotic Party (NPP) yɛɛ wɔn mmarahyɛbadwam mfitiaseɛ abatoɔ ho nhyehyɛeɛ de yii obi a ɔbɛgyina abatoɔ mpesua no ananmu. Ato Panford de ne ho hyɛɛ mu nanso ɔdii nkoguo wɔ nea ɔne no resi akan a yɛfrɛ no Mmaranimfo Samuel Erickson Abakah a akyiri yi ɔdii nkonim wɔ amansan abatow no mu no anim.[2][3][4]

Ne wuo[sesa]

Dr Ato Panford, a na ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) Mmarahyɛ Badwa no mu ni a ɔhwɛ Shama so wɔ Atɔe Fam Mantam mu no awu bere a na wadi mfeɛ aduosia baako (61).

Wɔkaa sɛ ɔwuiɛ Kwasida anɔpa, Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so du mmienu wɔ afe, 2023 mu, wɔ GPHA Ayaresabea a ɛwɔ Takoradi, baabi a na wɔde no akɔ ayaresabea sɛ wɔrekɔhwɛ no, esiane yareɛ tiawa bi nti.

Na Ɔbenfo Panford yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni (MP) ma Shama Mansin wɔ Mmarahyɛ Bagua a Ɛto so Ason a ɛwɔ Republic a Ɛto so Anan no mu, na na ɔyɛ Adwumayɛfo Sikasɛm ho Ɔfotufo Panyin – AfCFTA’s National Coordinating Office.

Adɔfoɔ bi nsɛm a wɔkaa faa ne ho[sesa]

Owura Joe Ghartey, a ɔpɛ sɛ ɔyɛ NPP ɔmampanyin, ne Essikado-Ketan MP, wɔ ne Instagram krataafa so, nyaa tema maa abusua no wɔ Ɔbenfo Panford wuo no ho.

Ɔkaa sɛ Shama ne Essikado-Ketan kyɛ ɔhyeɛ na amansin mmienu no yɛɛ adwuma boom.

“Me nyaa anigyeɛ kɛseɛ sɛ menim no na me ne no yɛɛ adwuma, na ɔyɛ nhyɛsoɔ ma obiara”.

“Sɛ́ obuo agyiraeɛhyɛdeɛ no, watwerɛ no ɔman no nyinaa akwantuo a ɛfa ‘Anidasoɔ ne Baakoyɛ’ a na ɛbɛhyɛ aseɛ Memeneda, Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du mmiensa, wɔ Atɔeɛ Mantam mu no akɔ si Dwoada Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so du num wɔ afe 2023”.[5]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  2. BusinessGhana, retrieved 2023-10-02
  3. Peace FM, Shama Constituency Results - Election 2020, retrieved 2023-10-02
  4. Kenneth Abban Jnr (2020-06-20), Shama: Ato Panford loses NPP Primaries (in American English), retrieved 2023-10-02
  5. emmakd (2023-02-14), Former MP for Shama, Dr Ato Panford dies (in American English), retrieved 2023-10-05