Takoradi

Ɛfi Wikipedia

Sekondi-Takoradi yɛ kuro a ɛwɔ Ghana a ɛwɔ nkuro mmienu Sekondi ne Takoradi.[1] Ɛyɛ sekondi Takoradi Metropolitan Assembly ne Atɔeɛ mantam a ɛwɔ Ghana ahenkuro.Sekondi Takoradi yɛ kuro kɛseɛ a ɛwɔ mantam nom na ɛwɔ nnwumakuo ne commercial Centre pii a ɛwɔ nnipa mpem ahanan ne aduanan num, ahanu ne num(2012).[2] Ɔhene no nnwumakuo a ɛwɔ Sekondi -Takoradi no yɛ timba, kookoo dwuma,plywood, keteke ahosiesie, ɛhyɛn ho dwuma, beaɛ a yɛde nnoɔma gu ne fangoo. Adwuma titire a wɔyɛ no wɔ Sekondi -Takoradi yɛ nsuomunam adwuma.[3] Sekondi -Takoradi wɔ keteke kwantenpɔn a ɛrekɔ kumase ne Nkran.

Abakɔsɛm[sesa]

Na Sekondi, Ahanta kuro a ɛso na akyɛ yɛ asase ma Dutch Fort Orange(1642) ne English Fort Sekondi (1682). Ɛtuu mpɔn firi keteke kwan a a wɔsii no wɔ afe apem ahankron ne mmiɛnsa fagudeɛ ne timba.Na Takoradi a wɔfrɛ no Ahanta yɛ Dutch Fort Witsen asaase(1665) na ɛwɔ nsuo a ɛmu dɔ a ɛho wɔ mfasoɔ a Ghana dii kan siiɛ wɔ afe apem ahankron ne aduonu nnwɔtwe.[4][5]

Wɔ World war II no, na RAF Takoradi yɛ beaɛ a ɛhɔ hia a British wiemhyɛn wɔ na wahyɛ ato hɔ ama Egypt.[6] Wɔkraa wiemhyɛn a ɛtoto bobɔ firii England debaa Takoradi, ɛhɔ na na w'aboa wɔn ho ano na wɔne Nigeria ne Sudan kɔɔ Libya koo no. Na squadron SAAF aduonu nsia wɔ Takoradi World war II ɔko berɛ no mu,wɔde anti-submarine ne ɛhyɛn a ɛdi obi akyi bɔ ne ho ban ka ho. Wɔsiee South Africa wiemhyɛnkafoɔ pii wɔ Takoradi European Public amusieɛ.[7] Kuro no ka bomm wɔ afe apem ahankron ne aduanan nsia. Wɔ obubuo bosome da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron no, kuro no bɛyɛɛ Roman Catholic Diocese of Sekondi -Takoradi akonnwa.

Seisei wato kuro no din sɛ(ɛwɔm sɛ ɛnyɛ deɛ mpanimfoɔ apene so agye atom deɛ) Ghana fangoo kuro ɛnam fangoo a wɔtu wɔ atɔeɛ mantam na ama nnipa pii a ɛwɔ wiase afanan nyinaa atu aba hɔ.[8] Nhwɛsoɔ, bɛyɛ nnipa mpem ahanu ne aduanan nwɔtwe, ahansia ne aduowɔtwe a ɛwɔ Sekondi -Takoradi wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du, bɛyɛ mpem ɔha ne aduanan nnwɔtwe na nea ɛboro saa, na na ɛyɛ ɔmanni wɔ Ahanta, nnipa mpem aduasa na ɛfiri Ghana mfimfini mantam baeɛ, mpem aduosia firi mantam foforɔ a ɛwɔ Ghana ɛna mpem du yɛ amamfrafoɔ.[9]

Nnipa Dodoɔ a ɛwɔ hɔ[sesa]

Nnipa dodoɔ a ɛwɔ a ɛwɔ Sekondi -Takoradi no pii no ara yɛ akristofoɔ. Mantam ɔha mu nkyekyem aduasa num yɛ Pentecostfoɔ/Charismatic, ɔha mu nkyekyem aduonu nsia yɛ protestant na ɔha mu nkyekyem du nan yɛ Catholic na ɔha mu nkyekyem du mmienu a aka no yɛ mesɔre nketewa a aka no. Ɔha mu nkyekyem nkron yɛ nkramofoɔ, ɔha mu nkyekyem mmiɛnsa akyiripɔ num yɛ wɔ a wɔnkɔ asɔre na 0.2% yɛ abosonsomfoɔ. Abusuakuo a ɛso a ɛwɔ Sekondi yɛ Ahantafoɔ.[10]

Amammuo[11][12][sesa]

Takoradi na ɛhwɛ suhyɛn gyinabea ne timba, anyinam ahoɔden ne nnwumakuo. Wɔ mfeɛ a atwam no, anya wɔn a wɔtu famgudeɛ, ɛnam sɛ kuro no bɛn beaeɛ a wɔtu agudeɛ wɔ Ghana atɔeɛ fam baabi.[13] Ghana nya ɔnyaa fangoo no maa Sekondi -Takoradi kuro no agye din a wɔfrɛ no fangoo kuro.

Kwan a yɛfa so tu kwan

Yɛwɔ ɛhyɛn a ɛfiri Takoradi dekɔ nkuro akɛseɛ bi te sɛ Accra, Kumasi,Mum, Cape Coast,Sunyani,Tamale,Tema,Ho,Wa, Bolgatanga,Elubo,Aflao ne Techiman.

Nsrahwɛ[sesa]

Sekondi-Takoradi wɔ mpoano pii, nanso ɛnyɛ nsrahwɛ akɛseɛ a ɛwɔ hɔ. Mpoano no pii wɔ Takoradi atɔeɛ fam, ɛwɔ fanta folly ketewa bi hyɛ hɔ,Hodeout ne Green Turtle Lodge ne akɛseɛ bi te sɛ Busua Beach, Lou Mpon Lodge ne Adom Beach Resort ne mmeaeɛ sononko bi a wɔdidi te sɛ Scoops Bar, Paragon Bar ne Grill. Ɛsane nso wɔ Street Carnival bi a wɔyɛ no afe biara, a ɛne nsrahwɛ nyinaa agye din.[14] Yɛwɔ akura bi a wɔfrɛ no Nzulezu(Efie a ɛsi nsuo so) a ɛyɛ nsrahwɛ bea a agye din paa wɔ atɔeɛ mantam.[15]

Adesua[sesa]

Sekondi-Takoradi wɔ ntoasoɔ sukuu, kɔlegye ne sukuu sononko pii a ɛhyɛ aseɛ firi mmaa ne mmarima nkoa sukuu. Suapɔn ahodoɔ no bi ne: Takoradi Technical University (aban sukuu), Nurses and Midwifery training college,Holy Chile Teachers training college (seisei ɛyɛ College of Eduɔation).[16] Sekondi -Takoradi wɔ ntoasoɔ sukuu pii ne sukuu a ɛsom bo, a ɛfiri mmaa ne mmarima nkoa sukuu. Ɛno ne:

  • St. John's School (The Saints)St. John's School, Sekondi
  • Ghana Senior High Technical School (GSTS)
  • Baidoo Bonsoe Senior High Technical School (BBSTS)
  • St Mary's Boys Senior High School
  • Takoradi Secondary School (Tadisco)
  • Methodist senior high school ( The Young legend)
  • Sekondi College (Sekco)
  • Ahantaman Senior High School
  • Fijai Secondary School
  • Adiembra Secondary School
  • Bompeh senior high technical school
  • Archbishop Porter Girls Secondary School and many others[17]
  • Takoradi Technical Institute wɔ dan Lab, a massachusetts Institute of Technology (MIT) hyɛ no ma, ɛno na ɛda nso wɔ abibirem.[17]Takoradi wɔ training Centre (Takoradi Technical Institute,TTI, asuafoɔ apem ne ahanan) a German aban na ɛnam GTZ/GOPA so boa yɛ. Ɛfiri TTI, Takoradi wɔ polytechnic ne ntoasoɔ sukuu a agye din a ɛno ne Ghana Secondary Technical School, St. Mary Secondary School, Bompeh Secondary School, Takoradi Secondary School ne nea aka. Sekondi -Takoradi wɔ abɛɛfo ntentan ne beaɛ a wɔsua computer pii a ɛboa ma wɔn ho kɔkwa so ma wɔnya nteteɛ pa wɔm. Wɔtee Western Regional Library wɔ sekondi wɔ afe apem ahankron ne aduonum num.[18]

Agopramma so ne Agorɔ[sesa]

Agopramma so

  • Essipong Stadium
  • Gyandu Park
  • Agorɔ
  • Professional sports teams based in Sekondi-Takoradi include:
    • FC Takoradi
    • Sekondi Hasaacas
    • Sekondi Wise Fighters

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://citisportsonline.com/2021/05/21/betway-extends-support-to-volleyball-teams-in-the-western-and-western-north-regions/
  2. https://web.archive.org/web/20070930155500/http://bevoelkerungsstatistik.de/wg.php?x=1170623253&men=gcis&lng=de&dat=32&geo=-85&srt=npan&col=aohdq&pt=c&va=x
  3. Archive copy, archived from the original on 2012-10-01, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Archive copy, archived from the original on 2012-10-01, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. Archive copy, archived from the original on 2007-12-31, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. http://www.bibliovault.org/BV.book.epl?BookId=3985
  7. http://www.southafricawargraves.org/lists/ghana.htm
  8. Obeng-Odoom F., 2014, Oiling the Urban Economy: Land, Labour, Capital, and the State in Sekondi-Takoradi, Ghana, Routledge, London.
  9. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2018-07-12, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  10. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2018-07-12, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  11. Archive copy, archived from the original on 2007-12-31, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  12. Archive copy, archived from the original on 2007-12-31, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  13. Archive copy, archived from the original on 2007-12-31, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  14. Archive copy, archived from the original on 2016-09-15, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  15. Archive copy, archived from the original on 2018-04-19, retrieved 2022-07-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  16. https://web.archive.org/web/20120325210700/http://www.ghanaschoolsonline.com/intermediate/shs.cfm?levelID=2
  17. 17.0 17.1 https://web.archive.org/web/20120325210700/http://www.ghanaschoolsonline.com/intermediate/shs.cfm?levelID=2
  18. https://en.wikipedia.org/wiki/Special:BookSources/9783110230710