Zuwera Ibrahimah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Zuwera Ibrahimah
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth27 Kitawonsa 1970 Sesa
occupationAmanyɔni, administrator Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atTamale Senior High School Sesa

Zuwera Mohammed Ibrahimah (wɔwoo no Kitawonsa bosome da ɛto so aduonu nson wɔ afe apem ahankron aduoson mu, 27 July 1970) yɛ Ghana amanyɔni.[1][1] Ɔyɛ National Democratic Congress (NDC) muni.[2] Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Salaga South ConstituencySavannah mantamGhana.[3][4] Ɔno ne ɔbaa a ɔdi kan wɔ Salaga mantam no mu a wɔato aba ama no sɛ mmarahyɛbadwani wɔ ɔmanpanin a ɔto so nnan no mu.[3]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ Ne Ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Ibrahimah wɔ Kitawonsa bosome da ɛtɔ so aduonu nson (27) afe apem ahankron aduoson mu (1970) maa owufoɔ Kuntundawura, Alhaji Mohammed Zublilah Ibrahimah a ɔfiri Kpembe, a na ɔyɛ sukuu panyin (former principal and rector) ma Tamale Technical University a kane no na yɛfrɛ no Tamale Polytechnic ne Adisah Nassamu Ibrahimah.[1]

Ɔfiri Kpembe a ɛwɔ Ghana Atifi fam (Northern Region).[5] Ɔdii ne mmofraberɛm wɔ Winneba baabi a ɔfiri mfitiaseɛ nwomasua ase. Ɔyaa ne ntoasoɔ sukuu wɔ Tamale Senior High School[3] na akyiri ɔkɔɔ Nigeria a saa berɛ no na ne papa som sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Adu Bayero Suapɔn (Adu Bayero University) mu wɔ Kano a ɛwɔ Nigeria.[3] Ɔwɔ Bachelor of Arts abɔdin krataa wɔ Management Studies mu wɔ Cape Coast Suapɔn mu firi afe apem ahankron aduokron nwɔtwe mu (1998) ne Post Graduate Diploma wɔ Community Development mu, wɔ Trent Suapɔn (Trent University) mu wɔ Canada.[1] Ɔsane nso wɔ Master of Arts (MA) abɔdin krataa wɔ Nkitahodi Adesua (Communication Studies) mu firi nkitahodi adesua sukuu (school of communication studies), Ghana Suapɔn mu firi mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu (2006). Ɔsane nso wie Adwumayɛ ho Ɔbenfo Panyin wɔ Adwumayɛ abodin krataa mu (Executive Master of Business Administration - EMBA) wɔ Ghana Suapɔn Adwumayɛ Sukuu (University of Ghana Business School) mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu (2007) mu.[1][3]

Onyaa ne master's abodin krataa wɔ Diplomacy ne International Trade Business (Diplomacy) mu wɔ Anglia Apuei Suapɔn (University of East Anglia) a ɛwɔ United Kingdom (UK) wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu.[1][1] Mprempren ɔreyɛ n’asɛmti adwuma no de hwehwɛ PhD wɔ Nsɛm ho Amanneɛbɔ ne Nkitahodi (PhD in Media and Communication) mu wɔ Goldsmiths Kɔlege, London Suapɔn (University of London) a ɛwɔ United Kingdom[1]

Adwumayɛ[sesa]

Ibrahimah ayɛ adwuma wɔ nnwuma ahodoɔ pii mu titiri wɔ mpɔtam nkɔsoɔ nhyehyɛeɛ (community development planning), adwumayɛ (administration) ne aman ntam nkitahodie mu (diplomacy).[1] Ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ Amanneɛbɔ Dwumadibea no kwankyerɛfoɔ abadiakyiri (deputy director of the Information Services Department).[5]

Ɔyɛɛ adwuma sɛ adwuma sohwɛfoɔ (project officer) wɔ Atifi Fam Mpɔtam mmiɛnsa (Upper East Region, Upper West Region ne Northern Region) wɔ Nkuro nketewa mu Nsuo a Wɔde Ma Ho Nhyehyɛeɛ adwuma (Small Town Water Supply Systems project) no mu na ɔsane nso yɛɛ adwuma sɛ adwuma sohwɛfoɔ (project officer) wɔ Katolekfoɔ Mmoa Dwumadibea a ɛfa Nkɔsoɔ a Ɛba wɔ Mfitiaseɛ sukuu mu nhyehyɛeɛ (Catholic Relief Services on the Quality Improvements in Primary school programme) no ho wɔ Atifi Fam Mantam nyinaa nso mu.[1]

Ibrahimah yɛɛ adwuma sɛ ɔfotufoɔ (consultant) wɔ Nsuo a Wɔde Ma Ahoteɛ ne Ahoteɛ Ho Nhyehyɛeɛ a Wɔbom Hwɛ (Joint Monitoring Program for Water Supply Sanitation and Hygiene - JMP) a WHO/UNICEF yɛeɛ wɔ Ghana. Ɔsane nso yɛɛ adwuma sɛ ɔman sohwɛfoɔ (country Manager) wɔ Akontaabufoɔ a Wɔagye Din a Fekuo (Association of Chartered Certified Accountant - ACCA) ne ɔman Ananmusifoɔ (country Representative) wɔ Discovery Channel Wiase Nyinaa Nwomasua Fekubɔ (Discovery Channel Global Education Partnership).[1]

Wɔ aman ntam nkitahodie (diplomacy) mu no ɔyɛɛ adwuma sɛ Soafoɔ-Fotufoɔ (Minister-Counsellor) ne Amanneɛbɔ ne Ɔmanfoɔ Nkitahodiɛ Titenani wɔ Ghana Aban Asoɛeɛ a ɛwɔ London.(Head of Information and Public Relations of the Ghana High Commission)[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwam mmɔdemmɔ[sesa]

Ɔsanaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron (August 2019) mu no, osii akan wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress - NDC) abatoɔ mu (primaries) maa Salaga South Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Salaga South Constituency) na odii nkonim sɛ ɔkannifoɔ a ɔbɛgyina akuo no ananmu wɔ Ɔpɛnimma bosome mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) Abatoɔ no mu.[6][7]

Zuwera Ibrahimah nyaa mma ahanan aduoson mmienu (472) de dii nkonim wɔ abatoɔ no mu tiaa Ibrahim Dey Abubakari a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani mfeɛ nwɔtwe maa amansin no, Ahmed Saaka Shaibu Dan ne Lukman Jawula a wonyaa mma no aha mmienu ne aduosia (260), ɔha ne du nsia (116) ne aba baako (1) sɛdeɛ ɛdidi soɔ no.[8][9][10]

Ibrahimah dii nkonim wɔ afe 2020 mmarahyɛbadwam abatoɔ mu maa Salaga South Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Salaga South Constituency) de yɛɛ abakɔsɛm sɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Savannah Mantam mu.[3] Ɔdii nkonim berɛ a ɔnyaa mma mpem aduonu ne ahanum aduonu nnum (20,525) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduanan nkron akyiri pɔ nnum. (49.5%) tiaa mmarahyɛbadwani na ɔwɔ hɔ mprempren Salifu Adam Braimah a ɔfiri Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) a ɔno nso yɛɛ Savannah Mantam mu Ɔsoafoɔ (Savannah Regional Minister) mmɔho mmienu (2), ɔnyaa mma mpem du nkron ne aduowɔtwe nsia (19,086) a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛ mu aduanan nnum akyiri pɔ nkron (45.90%) no akyi.[11][12]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ibrahimah kaa ntam dii nsiɛ sɛ Mmarahyɛbadwani a ɔgyina Salaga South Mmrahyɛbadwam mpɛsoa (Salaga South Constituency) ananmu wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so awotwe (8) wɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako (7th January 2021).[13] Ɛde bɛsi Ɔpɛpɔn bosome da ɛtɔ so nson (7) mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako 2021 no, ɔyɛ mmaa aduanan (40) no mu baako na ɔno nko ara na ɔfiri Savannah Mantam a wɔregyina wɔn mmarahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so awotwe (8) no mu.[14]

Ɔsom sɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuo (Foreign Affairs Committee) ne Mmarahyɛbadwa no Boayikuo a Wɔpaeɛ Nnipa no muni (Appointments Committee of Parliament).[5]

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 1.11 Steve (2019-06-18). "Hajia Zuwera Ibrahimah plot to kick out Savannah Regional Minister as MP for Salaga South constituency". Ghana Alert (in American English). Archived from the original on 2021-04-23. Retrieved 2020-12-28.
  2. "Hajia Zuwera Ibrahimah Courts Support Of Grunshie Youth". Modern Ghana. 2020-09-03. Retrieved 2020-12-28.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 Joshua T. Anderson, ed. (2020-06-04), "Deer Woman Re-Generations: Re-Activating First Beings and Re-Arming Sisterhoods of Survivance in Deer Woman: An Anthology", Graphic Indigeneity, University Press of Mississippi, pp. 316–339, retrieved 2023-06-02
  4. "LAS VEGAS SANDS CORP., a Nevada corporation, Plaintiff, v. UKNOWN REGISTRANTS OF www.wn0000.com, www.wn1111.com, www.wn2222.com, www.wn3333.com, www.wn4444.com, www.wn5555.com, www.wn6666.com, www.wn7777.com, www.wn8888.com, www.wn9999.com, www.112211.com, www.4456888.com, www.4489888.com, www.001148.com, and www.2289888.com, Defendants.", Gaming Law Review and Economics, vol. 20, no. 10, pp. 859–868, 2016-12, doi:10.1089/glre.2016.201011, ISSN 1097-5349, retrieved 2023-06-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. 5.0 5.1 5.2 "PARLIAMENT IN REPUBLICAN GHANA", Parliamentary Affairs, 1963-05, doi:10.1093/oxfordjournals.pa.a054022, ISSN 1460-2482, retrieved 2023-06-02 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. "Neonatal bloodstream infection substantial burden in Ghana", PharmacoEconomics & Outcomes News, vol. 863, no. 1, pp. 24–24, 2020-10, doi:10.1007/s40274-020-7178-6, ISSN 1173-5503, retrieved 2023-06-04 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. "Prime minister vows to reimburse community pharmacy's COVID-19 costs 'as soon as possible'", Pharmaceutical Journal, 2021, doi:10.1211/pj.2021.20208791, ISSN 2053-6186, retrieved 2023-06-04
  8. NDC INVEST 2019 Annual Overview, 2020-05, retrieved 2023-06-04 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  9. "Supply side: candidates", Romanian Parliamentary Elections 1990–2012, Peter Lang, retrieved 2023-06-04
  10. Alan Williams (2021-03-19), "South Asian Studies in Britain: Remembering Roger Ballard (20 April 1943–30 September 2020)", South Asia Research, vol. 41, no. 2, pp. 155–170, doi:10.1177/02627280211000158, ISSN 0262-7280, retrieved 2023-06-04
  11. "Zuwera Ibrahimah", Wikipedia (in English), 2023-05-13, retrieved 2023-06-04
  12. "LAS VEGAS SANDS CORP., a Nevada corporation, Plaintiff, v. UKNOWN REGISTRANTS OF www.wn0000.com, www.wn1111.com, www.wn2222.com, www.wn3333.com, www.wn4444.com, www.wn5555.com, www.wn6666.com, www.wn7777.com, www.wn8888.com, www.wn9999.com, www.112211.com, www.4456888.com, www.4489888.com, www.001148.com, and www.2289888.com, Defendants.", Gaming Law Review and Economics, vol. 20, no. 10, pp. 859–868, 2016-12, doi:10.1089/glre.2016.201011, ISSN 1097-5349, retrieved 2023-06-04 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  13. Ghana - Official Gazette, retrieved 2023-06-04
  14. "Parliament: oldest MPs", The Almanac of British Politics, Routledge, pp. 39–40, 2005-08-19, ISBN 978-0-203-99464-1, retrieved 2023-06-04

Abɔnten Nkitahodie Ahodoɔ[sesa]