Yvonne Nduom

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Yvonne Nduom
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameYvonne Sesa
family nameYvonne Sesa
date of birth9 Kitawonsa 1953 Sesa
spousePaa Kwesi Nduom Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationpublic figure, Amanyɔni, businessperson Sesa
educated atArchbishop Porter Girls Senior High School, St. Louis Senior High School, University of Cape Coast, University of Wisconsin–Madison Sesa
member of political partyProgressive People's Party Sesa

Yvonne Nduom,(About this soundpronounciation of "Yvonne Nduom" ) wɔ wo no Kitawonsa bosome da ɛto so nkron (9) wɔ afe apem ahankron mmiensa (1953) mu wɔ Elmina a ɛwɔ mfimfini mantam wɔ Ghana.Yvonne yɛ nipa titiriw wɔ Ghana. Ne kunu ne ɔpanyin a ɔda Progressive People's Party.[1][2][3] Seisei Yvonne ne ɔpanyin paa a ɔda Coconut Grove Hotels ano.[4][5][6][7]Yvonne Nsuom na ɔyɛ Sterlin Management services , dwumakuo a agye din a ɛde nteteeɛ ma nnipa pii kɔfa baeɛ.

Mrs Nduom ɛyɛ nipa biaa ɔsɛ fata sɛ yɛ hwɛ ni suban ɛni ni nnoɔma pa a wayɛ na yɛdi hyɛ yɛ ho nkran. Sɛ wɔtumi ayɛ nnoɔma pii yi aa yɛnso yɛbɛ tumi ayɛ bi. Ɔwɔ nimdeɛ wɔ nnoɔma bebree mu, wei nyina trɛ sɛ wa bɔ no ho mmɔden paa na we duru mpɛnpɛnso a we duru.

Nwommasua[sesa]

Yvonne hyɛɛ ne mmɔfra adesua ase wɔ Ola Girls Catholic School wɔ Elmina ne Archbishop Porter Girls Secondary School wɔ Sekondi-Takoradi.[4] Ɔsan so tua ne sixth form adesua so wɔ St. Louis Secondary School wɔ Ghana Asante mantam.[8] Ɛno akyire no Yvonne san kɔɔ mfimfini mantam berɛ a Ɔwiee ne nnwomasua a ɛtɔ so nsia no wɔ Cape Coast suapɔn mu a ɛwɔ Cape Coast berɛ a Ɔwiee undergraduate adesua no.Okura Abodin nkrataa wɔ Brɔfo Kasa mu ne Abodin krataa ɛtɔ so mmienu wɔ Adesua mu wɔ Administration ne Supervision wɔ University of Cape coast ne University of Wisconsin.[9]

Abasobɔ[sesa]

Ghana Tourism Authority maa no Life Time Award wɔ Dwumadie a w'adi wɔ Hospitality Investment mu, wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012).[10]Entrepreneurs Foundation bɔɔ n'abaso maa no Best Female Entrepreneur wɔ afe nom a ɛyɛ mfeɛ mpem mmienu ne du nson(2017).

Abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Yvonne kunu ne Paa Kwesi Nduom, wɔ kura mmɔfraa annan Nana Kweku Nduom, Edjah Kweku Nduom, Chief Nduom, and Nana Aba Nduom.[11] Awarefoɔ no waree wɔ afe apem ahankron ne aduoson nsia(1976), wɔn awareɛ no abɛyɛ afotuo ne nkuranhyɛsɛm ama afoforɔ a waware, Ghana awarefoɔ ne nea ɛboro saa.

Dwumadie a wadi.[sesa]

Berɛ a na ɔwɔ United States no, Owurayere Nsuom kuraa diberɛ a ɛtoto nnoɔma bebree wɔ nnwumakuo bebree mu a ebi ne Blue Cross Blue Shield a ɛwɔ Wisconsin, TRS Hobbies a ɛwɔ Wisconsin, ne the National Rural Energy Cooperative Association (NRECA) wɔ Washington DC.Ɛnam sɛ ɔyɛ obi a wadi mu wɔ ntotoiɛ mu no, Yvonne de nteteeɛ maa nnwumakuo pii wɔ Ghana ne nea ɛboro saa a ebi ne Nestle, Ghana Airways, Unilever, Standard Chartered sikakorabea, ne Merchant sikakorabea.[12]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://www.modernghana.com/news/153302/nduoms-loverbares-her-heart.html
  2. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/I-ve-no-reason-to-doubt-EC-boss-Yvonne-Nduom-485724
  3. "NDUOM'S LOVER•Bares Her Heart". ModernGhana.com. Retrieved 27 November 2016.
  4. 4.0 4.1 http://www.superghana.com/lastest_news/mrsyvonnenduom.htm
  5. http://www.graphic.com.gh/entertainment/celebrity/journey-to-the-flagstaff-house-meet-mrs-yvonne-nduom.html
  6. Al, Fashion Et (23 December 2011). "Ghana Rising: Yvonne Nduom -An Elegant life…". Ghana Rising. Retrieved 26 November 2016.
  7. https://gh.linkedin.com/in/mrs-yvonne-nduom-49145a33
  8. https://myinfo.com.gh/2021/01/profile-of-yvonne-nduom-wife-of-dr-paa-kwesi-nduom/
  9. http://www.superghana.com/lastest_news/mrsyvonnenduom.htm
  10. "Archive copy". Archived from the original on 2016-12-16. Retrieved 2022-02-02. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  11. http://www.peacefmonline.com/pages/local/social/201305/164835.php
  12. gh.opera.news/gh/en/culture/0ce41b5f1681688b70e1372a69ee44bd