Reo Addai Basoah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Reo Addai Basoah
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameReo Sesa
family nameAddai, Basoah Sesa
date of birth1934 Sesa
date of death30 Kitawonsa 2002 Sesa
occupationAmanyɔni, economist Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cambridge, Yale University, King's College London Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa

Reo Addai Basoah(1936- Kitawonsa 30,2002), na ɔyɛ mmrahyɛbedwani ɛma Kumawu abatoɔ mpasua a ɛwɔ Asante mantamGhana[1]. Na ɔka mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa ho wɔ Ghana Adehyeman nnan no mu[2][3].Na ɔno ne ɔtitenani ma Ghana mmrahyɛbadwa kuo a ɛhwɛ sikasɛm ntotoeɛ ho nsɛm so kɔsii afe apem ahenkron aduokron nson ansa na ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwani bere a Ɔnyaa afe apem ahenkron aduokron nsia mmrahyɛbadwa abatoɔ no[4].

Basoah wuu wɔ Korle-Bu Teaching Ayaresabea wɔ Kitawonsa da ɛtɔ so Aduasa mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu bere a ɔyare yadeɛ ketewaa bi[5].

N'ahyɛase ne ne sukuukɔ[sesa]

Wɔwoo Basoah wɔ afe apem ahenkron aduasa - nsia. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Cambridge Technical College a ɛwɔ London. Ɔsane nso suaa adeɛ wɔ 'Yale University' suapɔn mu ansa na ɔkɔ toaa so wɔ 'King's College' a ɛwɔ Cambridge kɔ suaa deɛ brɔfo kasa mu yɛfrɛ no 'Economics'. Ɛwɔ afe apem ahenkron aduosia mmienu mu na ɔbɛyɛɛ Mmranimfoɔ a yɛfrɛ no brɔfo kasa mu 'Barrister-at-Law 'wɔ 'Lincoln's Inn'. Basoah same yɛɛ adwuma sɛ nwomasua ho Dawurobɔni wɔ ' Commonwealth Economic Committee' a na ɛwɔ London ne 'World Bank' a ɛwɔ Washington, D.C. firi afe apem ahenkron aduosia - num de kɔ si afe apem ahenkron aduoson mmienu mu[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Basoah hyɛɛ n'amanyɔsɛm adwuma no ase wɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu mu bere a ɔkɔɔ mmrahyɛbadwafie sɛ 'commissioner for the state enterprise commission'[1] Akyire wɔpaw no sɛ ɔtitenani de ma abadwakuo a ɛhwɛ Sikasɛm ho ntotoeɛ so wɔ afe apem ahenkron aduokron nson mu. Ɔgyina maa wɔtoo ne so aba wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia abatoɔ no mu bere a na ɔgyina,wɔ Kumawu abatoɔ mpasua so wɔ New Patriotic Party din mu[4]. Ɔnyaa akonwa no bere a Ɔnyaa mma no mpem du- num ne aduonu - num (15,025 votes )wɔ saa afe abatoɔ no mu[6] Ɔsane gyinaa bio wɔ mfeɛ mpem mmienu abatoɔ no mu na wɔsane too aba no maa no bio bere ɔnyaa mma no mpem du - mmiɛnsa, ahenum aduonum nnan (13,554 votes) a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn aduonum - nson akyire po aduowɔtwe[7]. Owura Basoah firii mu bere a na ɔwɔ mmrahyɛbadwafie redi dwuma sɛ mmrahyɛbadwani.

Ne wuo[sesa]

Basoah firii mu wɔ Korle-Bu Teaching Hospital ayaresabea bere a ɔyare nna kakraa bi a wɔgyee ne too ayaresabea hɔ nna nsa[2][4]

Beaɛ Menyaa Mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.kings.cam.ac.uk/sites/default/files/documents/about/kings-annual-report-2017-web.pdf
  2. 2.0 2.1 http://josephkyeiboateng.blogspot.com/2013/04/kumawu-besoro-to-get-community-centre.html
  3. http://www.mclglobal.com/History/Jan1999/25a1999/25a9p.html
  4. 4.0 4.1 4.2 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/MP-for-Kumawu-is-Dead-26166
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Kumawu-MP-laid-to-rest-27192
  6. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/ashanti/23/index.php
  7. https://www.graphic.com.gh/elections/constituency-details/2000/kumawu