University of Cambridge

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
University of Cambridge

University of Cambridge(About this soundpronounciation of "University of Cambridge" ) yε university a ɛwɔ Cambridge, United Kingdom.

University of Cambridge ɛyɛ collegiate research suapɔn a ɛwɔ Cambridge, United Kingdom. wɔtee saa suapɔn yi wɔ afe apem ahaanu ne nkron mu (1209)[1] ɛna ne nsa kaa ne royal charter firii owura Henry III nkyɛn wɔ afe apem ahaanu ne aduasa baako (1231) mu, Cambridge suapɔn no yɛ suapɔn a anyini na akyɛ yie a ɛtɔ so mmienu ɛwɔ English-speaking world , ɛna ɛsane nso yɛ wiase nyinaa suapɔn a ɛtɔ so nan a anyini na kyɛ yie pa ara.[2] suapɔn yi mu adesuafoɔ a ɛdi kan no nyinaa firii University of Oxford mu na ɛbae wɔ berɛ a na asuafoɔ no ne kuromanfoɔ no anya ntawantawa bi.[3] saa suapɔn akɛseɛ mmienu yi nyinaa a wɔyɛ ancient universities yi wɔ nnoɔma ahodoɔ bi a wɔn nyinaa yɛ a, ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na mpɛm pii no yɛtae frɛ wɔn mmienu yi sɛ Oxbridge. Yɛbɔ Cambridge abaso sɛ ɛyɛ suapɔn obiara pɛ sɛ ɔkɔgye nteteeɛ wɔ mu no mu baako wɔ wiase nyinaa.

Mmaa Nwomasua[sesa]

Newnham College is one of two existing women's colleges

Ɛfirii sɛ wɔtee saa suapɔn yi nyinaa na ɛyɛ mmarima nko ara na wɔkɔgye nteteeɛ wɔ hɔ. Kɔlɛgy a ɔdii kan maa mmaa akwanya maa wɔgyee nteteeɛ wɔ hɔ ne Girton College ( Emily Davies na ɔteeɛ) wɔ afe apem ahawɔtwe aduosia nkron (1869) mu ɛna Newnham College nso wɔ afe apem anawɔtwe aduoson mmienu mu (1872) (ɛno nso Anne Clough ne Henry Sidgwick wɔteeɛ), ansana Hughes Hall nso reba wɔ afe apem ahawɔtwe aduowɔtwe num (1885) mu (a ɛno nso Elizabeth Phillips Hughes na wɔtee sɛ Cambridge Teaching College a mmaa na wɔbɛkɔ hɔ), Murray Edwards College (a ɛno nso Rosemary Murray na wɔteeɛ sɛ New Hall) wɔ afe apem ahankron aduonum nan (1954) mu, ɛne Lucy Cavendish College wɔ afe apem ahankron aduosia num (1965) mu.

Mmaa a wɔdii kan kɔgyee nteteeɛ wɔ suapɔn yi mu no yɛɛ wɔn sɔhwɛ wɔ afe apem ahawɔtwe aduowɔtwe mmienu (1882) mu, nanso botae a na ɛsi wɔn ani so sɛ wɔbɛgye mmaa ama wakɔgye nteteeɛ no antumi amma mu de bɛsi afe apem ahankron aduanan nwɔtwe (1948) mu.[4] Mmaa nyaa akwanya kɔgyee nteteeɛ, tenaa ase twerɛɛ sɔhwɛ, na wɔde deɛ obiara nyaa no wɔ sɔhwɛ no mu no baa abɔntene wɔ afe apem ahawɔtwe aduowɔtwe baako (1881) mu; wɔ mmerɛ tiawa bi mu wɔ twentieth century akyi, yei maa kwan maa "steamboat ladies" gyee wɔn ad eundem abɔdin nkrataa degrees firii the University of Dublin.[5]

Nwomasua[sesa]

Nnipa titiriw ahodoɔ a wabɛgye nteteeɛ wɔ suapɔn yi mu bi ne Abenfoɔ a wɔka ho maa wɔtee Harvard University, a John Harvard ankasa ka ho bi; Emily Davies, onipa a ɔtee Girton College, suapɔn a ɛdikan a mma tumi kɔɔ hɔ kɔgyee nteteeɛ, ɛne John Haden Badley, onipa a ɔdikan kɔtee amansan nyinaa sukuu a na mmaa ne mmarima nyinaa tumi kɔ bɔm (a na ɛnyɛ aban dea) wɔ England; Anil Kumar Gain, 20th century nnipa a na wagye ne din yie wɔ nkontabuo mu a na ɔka wɔn a wɔkɔteeVidyasagar University a ɛwɔ Bengal, Siram Govindarajulu Naidu a na ɔyɛ vice chancellor de ma Sri Venkateswara University ɛne Menachem Ben-Sasson, Israeli mampanin de ma Hebrew University of Jerusalem.


Gallery[sesa]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Colleges of the University of Cambridge
  2. "Reports and Financial Statement 2019" (PDF). University of Cambridge. Retrieved 2 April 2020.
  3. Colleges £4,101.2M, University £3,020.0M
  4. Chambers, Suzanna (31 May 1998). "At last, a degree of honour for 900 Cambridge women". The Independent. Retrieved 9 May 2015.
  5. "Trinity Hall's Steamboat Ladies". Trinity news. 14 March 2012. Retrieved 9 September 2012.