Naser Toure Mahama

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Naser Toure Mahama
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth17 Ɔbɛnem 1965 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, consultant Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atCentral University College Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewIslam Sesa

Naser Toure Mahama (wɔwoo no Ɔbɛnem 17, 1965) yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Ayawaso Apuei Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Mahama wɔ Ɔbɛnem 17, afe 1965. Ofiri Nima-Accra, kuro bi a ɛwɔ Greater Accra Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ɔkɔɔ West Africa Senior High School. Ɔkɔɔ Mfinifini Suapɔn Kɔlege (Central University College), Ghana na onyaa ne Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ aguadi mu (Bachelor of Science degree in marketing) wɔ afe 1987 mu.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mahama yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwani (NDC). Wɔ afe 2012 mu no, ɔde NDC mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no tekiti so sii akan wɔ Ayawaso Apuei fam nkongua no so na odii nkonim.[2]

Adwumafa[sesa]

  • Ɔkwankyerɛfo panyin, Aminasei Ngo Adwumakuw, Accra (managing director, Aminasei Oil Company, Accra)[2]
  • OTA Sikasesa Dwumadibea, Accra (OTA Forex Bureau, Accra)[2]
  • Mmarahyɛbadwani (Ɔpɛpɔn 7, 2013 besi ɛnɛ; afe a ɛtɔ so mmienu)[2]
  • Adwuma ahorow (Varied profession) [3].

N'asetra mu[sesa]

Naser yɛ Nkramoni. Waware na ɔwɔ mma mmienu (2).[2