Mumuni Abudu Seidu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Mumuni Abudu Seidu
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Wa Central
Bere
7 January 1993 – 6 January 1997
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Wa Central
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Wa Central
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kofi Agyekum Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bereGhana
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔAggrey Memorial A.M.E. Zion Senior High School
N'adwumaAmanyɔni

Mumuni Abudu Seidu About this soundpronounciation of "Mumuni Abudu Seidu" Ghana mmarahyɛbedwani ne aban mu nnipa a wɔmfaa dwuma pɔtee bi nhyɛɛ ne nsa. Na ɔyɛ mmarahyɛbedwanii ma Wa Central abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Atifi Atɔe Mantam firi Ɔpɛpɔn 7, 1993 kɔsi Ɔpɛpɔn 6,2005.[1][2][3]

Nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Seidu wɔ Wa a ɛwɔ Atifi Atɔe Mantam a ɛwɔ Ghana. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wa A.M.E Zion Secondary School ɛwɔ Cape Coast. Ɔtoaa so wɔ Wesley College a ɛwɔ Kumasi. Ɛhɔ na onyaa ne Akyerɛkyerɛfoɔ Abasobɔdeɛ Krataa (Certificate A) na akyiri yi onyaa ne Bachelor of Arts abasobɔdeɛ wɔ University of Ghana. Afei ɔtoaa so wɔ University of Cape Coast na ɔsan nyaa abasobɔdeɛ a ɛkɔ anim wɔ nnwomasua mu.

Adwuma[sesa]

Ansa na Seidu refiri amanyɔsɛm ase no, na ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛno sane yɛ obi a ɔhwɛ nnwuma so. Na ɔkyerɛ adeɛ, ɔyɛɛ Akyerɛkyerɛni panyin mmerɛ bi na ɔsan yɛɛ nnwomasua so hwɛfoɔ wɔ ne mansini mu. Ɔtee ɔno ara ne sukuu na na ɔhwɛ adwumakuo bi a wosisi adan so.

Amanyɔsɛm[sesa]

1992 Abatoɔ[sesa]

Seidu hyɛɛ adwuma ase sɛ mmarahyɛbedwanii a ɔka mmarahyɛbedwafie a edi kan wɔ Ghana 'Republic' a ɛtɔ so nnan no mu wɔ ɔpɛpɔn, 1993 berɛ a odii nkonim wɔ 1992 mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no mu no. Wɔtoo saa aba yi wɔ Ɔpɛnimma 29, 1

1996 abatoɔ[sesa]

Seidu kɔɔ aban mu Ɔpɛpɔn 7,1997 berɛ a odii nkonim wɔ afe 1996 abatoɔ no mu no. Wɔn a wɔtoo wɔn so aba kaa ne ho ne Eiedi Clement N. Lugri a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no muni ne Sulemana Alhassan a ɔyɛ People's National Convention amanyɔkuo no muni. Seidu nyaa aba a wɔkanee no mu 25,718 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan anan ne akyiripɔ nwɔtwe. Wɔn a ɔne wɔn sii akan no mu baako nyaa 11,657 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduonu ne akyiripɔ mmiɛnsa na baako nso nyaa 6,150 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem du ne akyiripɔ nson.[4]

2000 Abatoɔ[sesa]

Woyii Seidu sɛ mmarahyɛbedwanii ma Wa Central abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Atifi Atɔe Mantam a ɛwɔ Ghana wɔ afe 2000 abatoɔ no mu. Eyi maa no gyinaa abatoɔ mpɛsoa no ananmu wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana 'Republic' a ɛtɔ so nnan no mu.[5]

Onyaa aba a wɔkanee no mu 14,278 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduonum nnum ne akyiripɔ nnan.[5] Wɔn a ɔne wɔn sii akan no ne Godfrey Tangu Bayon a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no mu nnipa, Albert Solomon Bawa Sulley a ɔyɛ People's National Convention amanyɔkuo no mu nnipa ne Abu Olivia Habiba a ɔyɛ Convention People's Party amanyɔkuo no mu nnipa. Godfrey nyaa aba no mu 6,027 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem eduonu mmiɛnsa ne akyiripɔw nnan, Albert nyaa 4,485 a ɛyɛ ɔha mu nkyekye mu du-nson ne akyiripɔ nnan na Olivia nyaa 1,005 a ɛyɛ ɔha mu nkyekyem mmiɛnsa ne akyiripɔw nkron. Na Seidu yɛ National Democratic Congress amanyɔkuo no mu nnipa . Wɔ saa abatoɔ yi mu no, National Democratic Congress dii nkonim wɔ abatoɔ mpɛsoa nson so wɔ Atifi Atɔe Mantam.[6]

Ne nyinaa mu no, abatoɔ mpɛsoa aha mmienu (200) a wɔtoo aba wɔ so no, amanyɔkuo no dii nkonim wɔ emu aduowɔtwe nkron so. Eyi maa wɔbɛyɛɛ kuo ketewa wɔ mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so nmiɛnsa wɔ Ghana 'Republic' a ɛtɔ so nnan no mu.

N'abrabɔ[sesa]

Seidu yɛ Kramoni.

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]