Michael Coffie Boampong

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Michael Coffie Boampong
AnanmusiniAugustine Tawiah
MP for Bia West
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2009 – 6 Ɔpɛpɔn 2013
ƆmanpanyinJohn Evans Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere(1962-03-06)6 March 1962
Owu bereNhwɛsoɔ:Death-date and age
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma6
Sukuu a w'akɔKumasi Polytechnic
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaNkontabufoɔ

Michael Coffie Boampong (6 Ɔbɛnem 1962 – 29 Ɔpɛpɔn 2018) yɛ Gaana ni na ɔsan so yɛ Nkontabufoɔ ne amanyɔni na ɔka mmrahyɛbadwakuo a ɛtɔ so nsia wɔ Gaana kabimamenkabi amanmuo adehyeman nnan ho. Na ɔyɛ National Demcratic Congress nipa a ɔkɔɔ mmrahyɛbadwafie ma Bia West abatoɔ mpasuaAtɔɛ mantamu.[1]

Abrabɔ ahyease ne sukuu[sesa]

Wɔ woo Boampong afe 1962 bosome Ɔbɛnem da ɛtɔso 6. Ɔfiri Sefwi Essam, kuro a ɛwɔ atɔɛ mantamu wɔ Gaana. Ɔkɔɔ ne sukuu wɔ Kumase Polytechnic,na ɔnyaa n'abɔdin Diploma in Business Studies (Accounting Option) afe 1987.

Amanyɔsem[sesa]

Wɔ afe 2001 abatoɔ no na Boampong di nkan kɔ mmrahyɛbadwafie, a ogyina hɔ ma Bia atɔɛ. Na ɔsan dii nkunim mprɛnsa soɔ nti som ne manfoɔ firii afe 2001 kɔ si 2012.[2] Wɔ afe 2000 abatoɔ no ɔyii maa 24,267 a ɛyɛ 68.50% na odii Benjamin Armah New Patriotic Party ne Albert Adomako Convention People's Party so nkunim na wɔ yii mma 11,179 ne 0 pɛpɛɛpɛ a ɛyɛ 31.50% and 0.00% pɛpɛɛpɛ

Wɔ mmrahyɛbadwafie nu na ɔka kuo bebre ho bi te sɛ: committee ma Poverty Reduction Strategy, Roads ne Transport, ne Special Budget Committee.[3][4]

Adwuma[sesa]

Boampong yɛ nkontabufoɔ. Na ɔsan yɛ Assistant Inspector of Taxes wɔ IRS.[5]

N'abrabɔ ne ne wuo[sesa]

Boampong ware yɛ na ɔwɔ nkwaa nsia. Ɔyɛ Kristoni. Boampong wu afe 2018 bosome Ɔpɛpɔn da ɛtɔso 29 wɔ 37 Military Hospital wɔ Nkran.[6]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://ghanamps.com/mps/details.php?id=116
  2. https://www.graphic.com.gh/news/politics/five-go-unopposed-in-ndc-primaries-in-western-region.html
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=43
  4. https://www.myjoyonline.com/news/roads-and-transport-committee-unaware-of-suspension-of-asokwa-road-project/
  5. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/republic/parliamentatian.php?ID=43
  6. https://www.rawgist.com/former-bia-west-mp-is-dead/