Kwadwo Safo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kwadwo Safo
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameKwadwo Sesa
family nameSafo Sesa
date of birth26 Ɔsanaa 1948 Sesa

Kwadwo Safo KantankaGhana sɛmpakani a wagye din paa,abɔdeɛ mu nyansapɛ,ɔyɛ nnwuma bebree, ɔwɔ pɛpa sɛ ɔbɛboa nnipa ɛna ɔno na ɔyɛ Kristo Asafo Asɔre(Christ Reformed Church) nyinaa Kɔfabaeɛ. N'asɔre no hyɛɛ aseɛ sɛ ekuo wɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron ɛno akyire no na ɛdane bɛyɛɛ asɔre wɔ ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako wɔ Nkran, Ghana ahenkuro. Adeɛ baako a ɛma saa asɔre no da nso firi nsɔre a aka ne sɛdeɛ wɔde wɔn ho ahyɛ mfudeɛ, nnwumakuo ne nnoɔma a wɔyɛ ho,ne sɛdeɛ wɔde saa nnoɔma yi boa afoforɔ ne ɔman no.[1]

Ne ho asɛm ne nnwuma.[sesa]

Wɔwoo Kwadwo Safo wɔ ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nsia wɔ afe apem ahankron ne aduanan nnwɔtwe nom wɔ Bekwai a ɛwɔ Ghana Asante mantam. Aberɛ a ɔwiee ne mmɔtafowa ne ne ntoasoɔ sukuu no , Apostle Safo kɔɔ Ghana Technical Works Institute wɔ Kumase. Ɛno akyire no ɔkɔsua nnade adwuma mfeɛ mmiɛnsa wɔ Volta Aluminium Company (VALCO).

Ɛnam ne nnwuma a ɔyɛ nti wɔkyerɛ mu sɛ, Apostle Kwadwo Safo yɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ nipa bi ɔsommo wɔ wiase a ɔtumi yɛ nnoɔma ahodoɔ pii wɔ mmerɛ biara mu. Sɛ Yɛyi n'asɔre no to nkyɛn a, ɔsane yɛ obi a ɔnim abɔdeɛ mu nyansapɛ nkorabata no mu biribiara, ɔsane yɛ mfudeɛ na ɔda nnoɔma soronko adi. Ɔde sika a ɔnya firi saa nnwuma yi mu na ɛyɛ adɔeɛ ma afoforɔ.[2]

Ɔne ne Kristo Asafo (Christ Reformed Church) nyinaa Kɔfabaeɛ, anamɔntuo bi a ɛhyɛɛ aseɛ no na ɛyɛ mpaebɔ kuo wɔ afe apem ahankron ne aduosia awieɛ nom.Ɛno akyire na ɛdane bɛyɛɛ asɔre wɔ ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako wɔ Nkran, Ghana ahenkuro. Bɛyɛ mfeɛ a atwam yi Kristo Asafo anyini asane anya nkorabata ɔha aduasa wɔ Ghana ɛna amanɔne nkorabata nso wɔ London (United Kingdom), Verona(Italy) ne United States. Christ Reformed Church yɛ asɔre bi a ɛdi homeda wɔ Ghana, dwumakuo bi a ɛka nsɔre bom na ɔkae memeneda homeda na ɔyɛ no kronkron.[3]

Kristo Asafo a ɛyɛ ankorankorɛ asɔre wɔ Ghana a wɔkyerɛ mu sɛ ɛyɛ amammerɛ asɔre no bɛyɛ mfeɛ pii no ɛda nso firi ankorankorɛ nsɔre a ɛwɔ abibirem ha. Wɔm de wɔn ho ahyɛ mfidi dwuma mu, nnwumakuo na wɔsane yɛ nnoɔma ba adwa so.[4]

N'abrabɔ[sesa]

Apostle Dr Kwadwo Safo aware anigyeɛ so ɛna ɛnam n'awareɛ no so ama no anya mma a wɔn ne Sarah Adwoa Safo, Kwadwo Safo Kantanka Jnr. Ɔmma n'abusua mu nnipa nkɔ petee mu. [4]

Ne babaa Adwoa Safo yɛ mmaranimnii a wagye din paa ne amanyɔni. Ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo New Partriotic Party mmarahyɛbedwanii ma Dome Kwabenya mpesua a ɛwɔ nkran punpuni mantam a ɛwɔ Ghana firi (mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu) Ɔwaree Hanny Mouhtiseb wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu.

Apostle Kantanka babarima Kwadwo Safo Kantanka Jnr nso yɛ obi a ɔkura nnwuma pii. Ɔwaree Juliet Ibrahim a ɔyɛ Ghana sinitwani a ɔgyee abasobɔdeɛ wɔm. Wɔ awareɛ nom no wɔnyaa babarima, Jayden ɛna wɔgyae awareɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu ɛnam mente me ho ase bi a anyɛ adwuma wɔ wɔn mu.

Nnoɔma a watumi anya.[sesa]

Apostle Kwadwo Safo Kantanka yɛ Great Kosa dwumakuo nyinaa Kɔfabaeɛ, dwumakuo a agye din a ɛyɛ kaa. Dwumakuo no hyɛɛ ne kaa adwuma no wɔ Ghana wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du num ahyɛaseɛ berɛ a Ghana Drɔba ne kaa akɛseɛ ahwɛsofoɔ maa wɔn akwanya sɛ wɔnyɛ saa adwuma no.

Ɔno no obi a ɔdikan wɔ abibiman mu a ɔde mfidie a ɛmu yɛ duru, ɛhyɛn akɛseɛ, ngine ne wiemhyɛn no nnoɔma baeɛ. Saa nipa yi a ɔwɔ adom akyɛdeɛ mmorosoɔ yi sane yɛ obi a ɔdikan de hyɛn a kanea ho nnoɔma biara wɔm baa wɔ abibirem atɔeɛ.

Ɔyɛ nnipa a ɔdikan a ɔde Bass Guitae baa wɔ wiase afanaa nyinaa a ɛwɔ nhoma nson ne ne nnoɔma pii ne mfidie a ɛwɔ su soronko bi te sɛ Weed Slashers, Street garbage Collectors, Spot Welding Mfidie, agyananbea a ɛno na ɛyɛ biribiara ne nsuo, cranes, robɔt a ɛyɛ adwuma wɔ ayaresabea ne nnwuma mu a ɛtumi yɛ nea wahyɛ no sɛ ɔnyɛ, rockets, missile launchers, mfidie a yɛde mmɔfra a woanni mfeɛ nkron ansa na wɔrewo no hyɛ mu, ɛhyɛn a ɛwɔ akodeɛ, kasafidie, ne nea ɛkeka ho.[1]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɛnam mmoa ɔde boa nkorɔfoɔ nti ama no anya abasobɔdeɛ ne ho nkrataa pii, a woama no animuonyamhyɛ wɔ dɔkɔta mu, Engineering animuonyamhyɛ ɛna nea ɛnkyɛɛ koraa ɔnyaeɛ ne Okunini Emeritus a Alfred Nobel suapɔn a ɛwɔ Ukraine de maa no.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.infoguideafrica.com/2020/10/kwadwo-safo-kantanka-biography-age.html?m=1
  2. https://www.talktoadwoa.com/2021/09/01/kwadwo-safo-kantanka-biography/
  3. https://www.infoguideafrica.com/2020/10/kwadwo-safo-kantanka-biography-age.html
  4. 4.0 4.1 https://www.kojosarfo.com/