Kwabena Mensah-Bonsu

Ɛfi Wikipedia
Kwabena Mensah-Bonsu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameKwabena Sesa
date of birth7 Ahinime 1944 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa

Kwabena Mensah-Bonsu (wɔwoo no 7 Ɔkɔtɔberɛ 1944) yɛ Ghana aban ntam nkitahodifo a wɔakɔ pɛnhyen.[1]

Nhomasua[sesa]

Bɛyɛ afe 1962 kɔsi afe 1964 no, ɔwiee ne nwomasua wɔ Opoku Ware Ntoaso Sukuu ne Prempeh CollegeKumasi. Ɛno akyi no, osuaa Franse ne Spania kasa, na onyaa ne bachelor’s abodin krataa wɔ 1970 mu.[1] Ɔkɔɔ sua ɔman adwumayɛ mu adesua wɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔman Adwumayɛ So na onyaa mmara ho ntetee sɛ mmaranimfo wɔ Ghana Mmra Sukuu mu. Akyiri yi, ɔde ne ho hyɛɛ adesua akyi adesua mu wɔ Amanaman Ntam Abusuabɔ mu wɔ Amanaman Ntam Asoɛe a Ɛhwɛ Asetra mu Nsɛm So.[1]

Adwuma[sesa]

Efiri ahinnime 1970 kosi Ɔpɛnimaa 1984 no, ɔsom wɔ Ghana Amannɔne Dwumadibea, na ɔyɛɛ adwuma wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu wɔ Ouagadougou ne Kinshasa. Wɔ afe 2001 mu no, ɔfaa adwuma sɛ Ɔmanpanyin namsifo wɔ Lomé (Togo). Wɔ Obubuo 18, 2004 no, odii dibea sɛ dean of the diplomatic corps na ɔde asɛmfua "brilliant" dii dwuma de kyerɛɛ Gnassingbé Eyadéma nkonimdi wɔ abatow mu.[2]

Akorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Wayback Machine (PDF), archived from the original on 2016-06-17, retrieved 2023-11-27{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. Allafrica (2004-01-08), Togo: Mensah-Bonsu Urges Eyadema