Kennedy Kwasi Kankam

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Kennedy Kwasi Kankam
Member of Parliament for Nhyiaeso Constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoRichard Winfred Anane
AnanmusiniStephen Amoah
Ne ho asɛm
Awo bere
Kennedy Kwasi Kankam

22 January 1978 (1978-01-22) (age 46)
Adiebeba, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
N'adwumaAccountant, Manager
CommitteesPublic Accounts Committee; Environment, Science and Technology Committee

Kennedy Kwasi Kankam yɛ Ghana amamanyɔni ; na ɔyɛ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni a ɔgyina Nhyiaeɛso Mansin no ananmu wɔ Asante Mantam mu wɔ ɔsono kokroko Ammanyɔkuo (New Patriotic Party-NPP) tekiti so.[1][2][3]Mprempren ɔyɛ Asokore Mampong Kuropɔn Badwa no panin.[4]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Kankam wɔ 22 Ɔbɛnem 1978 na ɔfiri Adiebeba a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[5] Esiane sɛ na ɔyɛ mmofra baanan mu panyin nti, onyinii wɔ ofie a nnipa a wɔte mfinimfini mu. Ná Kennedy yɛ osuani a ɔpɛ sɛ ɔyɛ adwuma na ɔpɛ anuonyam a wasi ne bo sɛ obesi yiye wɔ asetra mu. Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Nhyiaeɛso International School wɔ Kumasi firi Kitawonsa ,afe Apem Ahankron ne Aduɔwɔtwe -mmienu (1982) Kɔsi Kitawonsa , afe Apem Ahankron ne Aduɔkron-nsia(1994). Ɔtoaa ne nwomasua so wɔ Prempeh College firi Ɛbɔ , afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron-num (1995) kɔsi Obubuo, afe Apem Ahankron ne Aduɔkron-Nson(1997). Akyire yi, ɔkɔɔ (Christian Service University College), baabi a ɔwiee sukuu no, nyaa bachelor’s degree wɔ administration mu firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Nkron (2009) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmeɛnsa (2013). Akyire yi, ɔkɔɔ KNUST, kɔyɛɛ ne master’s degree wɔ akontabuo mu firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nan (2014) kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nsia (2016). Ɔkɔɔ Oxford Suapɔn mu kɔyɛɛ ne diploma wɔ mpuntuo atwerɛ mu wɔ Ɛbɔ, mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nson(2017).[6][7]

Adwuma[sesa]

Kankam yɛ Kekka Company Limited kwankyerɛfoɔ panin firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Enum (2005). Ɔdii dwuma sɛ adwuma baanodani Abadiakyire de ma Metro Mass Transit Limited firi mfeɛ Mpem Mmienu ne Mmienu (2002 ) kɔsii mfeɛ Mpem Mmienu ne Ɛnan(2004). Na ɔyɛ Nick ne Cilogar Investment Limited )adwadie sohwɛfoɔ. Ɔsan yɛ (kumasi Royal Golf Club) no panyin mprempren.

Amanyɔsɛm[sesa]

Kankam yɛ ɔsono Kokroko ammanyɔkuo (New Patriotic Party- NPP) no mu ni na na ɔyɛ Nhyiaeɛso Mantam no mmarahyɛbadwani.[8][9]Ayɛwohomumɔ, mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu (2020 ) mu no, ɔhwree ne mmarahyɛbadwa atenaeɛ no maa Stephen Amoah wɔ NPP mmarahyɛbadwa mfitiaseɛ abatoɔ no mu.[10] Nana Akufo-Addo na ɔpaw no na mprempren yi, ɔyɛ Municipal Chief Executive wɔ Asokore Mampog Mansini a ɛwɔ Ashanti Mantam mu no mu. [11]

Abadwakuo Ahodoɔ[sesa]

Kankam yɛ Ɔmanfoɔ Akontabuo abadwakuo no mu ni na na ɔsan yɛ abɔdeɛ mu nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, Nyansahunu ne Mfididwuma abadwakuo no mu ni.

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Kankam yɛ Kristoni.[12] Ɔwaree. N’ani gye golf bɔ ne bɔɔlbɔ ho yie pa ara.[13]

Nsɛnsɛm[sesa]

Wɔ Ayɛwohomumɔ , mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu -baako (2021) mu no, nkontabufoɔ Panin no kyerɛɛ Kankam sɛ ɔmfa sika bɛyɛ cidi Mpem Ahanum (₵500,000) a ɔde maa nnipa bɛboro ahasa 300 wɔ Nhyiaeɛso Mansin mu mmra. Wɔkyerɛɛ sɛ, sika no kɔeɛ sɛ bosea, nanso wɔangye biara.[14][15][16]

Nkontaabuo amanneɛbɔ no ka sɛ, wɔammɔ mmɔden biara sɛ wobɛgye sika no wɔ bosome pii akyi wɔ berɛ a wɔde maeɛ no akyi.

“Wɔde sika a ɛyɛ GH500,000.00 fii (MPs Constituency Labor Project Fund )ne (Social Investment Fund )mu kɔɔ sikakorabea bi a ɛyɛ ankorankorɛ dea saa bere no. Mmarahyɛbadwani a ɔhwɛ Nhyiaeso so (Hon. Kennedy Kwasi Kankam), kaa kane Sikasɛm no ho Officer (Owura Daniel Kofi Kankam) ne Coordinating Director (Owura Samuel Donkor), sɛ wɔbɛkyekyɛ ama nnipa Ahanan ne aduasa 430 a wɔabɔ bosea. Na wɔbɛtua ansa na Ɔsanaa mfeɛ Mpem Mmienu ne Aduonu 2020 adu”. [17]

Adɔeyɛ[sesa]

Wɔ Oforisuo 2019 mu no, Kankam de bɔs a ɛtumi fa nnipa 33 maeɛ na ɔsan nso hayaa adwumayɛbea maa NPP baa dwumadibea a ɛwɔ ne mantam mu.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Peace FM (2014-12-17), Parliament - Nhyiaeso Constituency Election 2020 Results, retrieved 2023-10-02
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. K. Mensah (2021-10-05), Sam Pyne, Kennedy Kankam confirmed as MCEs (in American English), retrieved 2023-10-02
  5. Kankam, Kennedy Kwasi (in American English), retrieved 2023-10-02
  6. Kankam, Kennedy Kwasi (in American English), retrieved 2023-10-02
  7. Profile Of Asokore Mampong MCE Nominee Hon. Kennedy Kankam (in British English), retrieved 2023-10-02
  8. NPP primaries: Deputy Speaker, Majority Leader, 12 others go unopposed - MyJoyOnline.com (in American English), 2020-03-10, retrieved 2023-10-02
  9. Kennedy Kankam’s nomination as Asokore Mampong MCE dangerous for NDC – Alhaji Sani (in English), 2021-09-20, archived from the original on 2022-08-27, retrieved 2023-10-02
  10. Aspiring KMA Mayor, Kennedy Kankam indicted for dishing out Common Fund cash as loans (in American English), 2021-06-13, retrieved 2023-10-02
  11. 'He is not one of us' - Kennedy Kankam's nomination receives strong contention from residents - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-09-20, retrieved 2023-10-02
  12. Kankam, Kennedy Kwasi (in American English), retrieved 2023-10-02
  13. Profile Of Asokore Mampong MCE Nominee Hon. Kennedy Kankam (in British English), retrieved 2023-10-03
  14. Aspiring KMA Mayor, Kennedy Kankam indicted for dishing out Common Fund cash as loans (in American English), 2021-06-13, retrieved 2023-10-02
  15. Auditor General indicts former Nhyieso MP over failure to recover ¢500k of Assembly’s Common Fund - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-06-14, retrieved 2023-10-02
  16. admin (2021-06-15), Kennedy Kankam indicted in AG’s report (in English), retrieved 2023-10-02
  17. Aspiring KMA Mayor, Kennedy Kankam indicted for dishing out Common Fund cash as loans (in American English), 2021-06-13, retrieved 2023-10-02