Joseph Osei-Bonsu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joseph Osei-Bonsu a wɔwɔɔ no Ɔgyefoɔ da ɛtɔ so nwɔtwe afe apem ahankron aduanan nwɔtwe (08/02/1948) wɔ Jamase, Asante Mantam,[1] yɛ Roman Catholic sɔfopɔn a ɔda Konongo-Mampong asɔre mpasua no ano.[2]

N'abrabɔ ne Nwomasua[sesa]

Ɔwuraa St. Peter’s Regional Seminary, Pedu a ɛwɔ Cape Coast ɛna ɔtoaa so kɔɔ Ushaw College, beaeɛ a wɔgye nteteɛ bɛyɛ sɔfo wɔ Catholic asɔre no mu a ɛwɔ Durham, England. Ɔhyaa abɔdin krataa B.A (Hons) Theology wɔ University of Durham wɔ afe 1974 mu. Ɔwie ne sukuu kɔ wɔ Ushaw College afe 1975 mu no ɔsan de n'ani kyerɛɛ Ghana a ɔhyɛɛ ne sɔfo wɔ St. Peter’s Cathedral, Kumasi, wɔ Ɔsanaa da ɛtɔ so mmiɛnsa 1975 a Sɔfopanin Peter Kwasi Sarpong na ɛhyɛɛ no.[3][4]

Ɔyɛɛ adwuma wɔ St. Mary’s Church, South Suntreso, Kumasi afe baako sɛ sɔfopanin abadiakyiri. Ɛfiri Ahinime 1992 kɔsi Ɔpɛpɔn 1995 mu no na ɔyɛ Head of the Department for the Study of Religions wɔ University of Ghana. Ɔkyerɛɛ New Testament ho adeɛ nso kakra wɔ St. Paul’s Seminary a ɛwɔ Sowutuom, Accra. Pope ankasa paw no sɛ ɔnka International Theological Commission a na ɛwɔ Rome, Italy ho wɔ afe 1992 mu. Ɔwɔɔ mu ara kɔpem Ahinime 1997.[5]

Ɔbɛnem da ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe apen ahankron aduokron-num (03/03/1995) no Pope John Paul II yii no sɛ sɔfopanin Bishop a ɔda Konongo-Mampong asɔre mpasua no ano. Cardinal Jozef Tomko na ɔhyiraa no so sɛ Bishop wɔ Kotonimma da ɛtɔ so aduowɔtwe afe koro no ara. Wɔde no sii akonnwa so anka wɔ Ayɛwohomumɔ da a ɛtɔ so du-baako, afe apen ahankron aduokron-num (11/06/1995).[6][7][8]

Nnwoma a watwere[sesa]

  1. Light on the Word: A Discussion of some difficult Passages in the New Testament (Takoradi: St. Francis Press, 2007).
  2. The Inculturation of Christianity in Africa: Antecedents and Guidelines from the New Testament and the Early Church (New Testament Studies in Contextual Exegesis 1: Frankfurt/Berlin /New York/Oxford: Peter Lang, 2005).
  3. Catholic Beliefs and Practices (Takoradi: St. Francis Press, 2005)
  4. Christianity on the Threshold of the Third Millennium: Prospects and Challenges: Fifth Marshall-Moreau-Murat Memorial Lectures, April 1997 (Takoradi: St. Francis Press, 1998).

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Catholic Diocese of Konongo-Mampong - The Bishop, retrieved 2023-11-27
  2. "Joseph Osei-Bonsu", Wikipedia (in German), 2023-07-22, retrieved 2023-11-27
  3. "Joseph Osei-Bonsu", Wikipedia (in German), 2023-07-22, retrieved 2023-11-27
  4. Bishop Joseph Osei-Bonsu [Catholic-Hierarchy], retrieved 2023-11-27
  5. Catholic Diocese of Konongo-Mampong - The Bishop, retrieved 2023-11-27
  6. Bishop Joseph Osei-Bonsu [Catholic-Hierarchy], retrieved 2023-11-27
  7. "Joseph Osei-Bonsu", Wikipedia (in German), 2023-07-22, retrieved 2023-11-27
  8. Most Rev. Joseph Osei – Bonsu | Ghana Catholic Bishops' Conference (in American English), retrieved 2023-11-27