John Yaw Afoakwa

Ɛfi Wikipedia
John Yaw Afoakwa
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJohn Sesa
date of birth26 Ɔpɛpɔn 1955 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationCatholic priest, Catholic bishop Sesa
position helddiocesan bishop Sesa
religion or worldviewCatholic Church Sesa
consecratorGabriel Justice Yaw Anokye, Jean-Marie Speich, Thomas Kwaku Mensah Sesa

John Yaw Afoakwa (wɔwoo no 26 Ɔbɛnem 1955) yɛ Ghana ɔsɔfo ne Roman Katolek Ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Obuasi. Wɔwoo no wɔ Akrokerry, Ashanti Mantam mu, Ghana.[1]

N'abrabɔ ahyease[sesa]

Afoakwa hyɛɛ asɔfodi mu maa Kumase asɔre kɛse no wɔ Kitawonsa 11, 1992.[1] Ɛno akyi no, wɔ Ɔbɛnem 3, 1995 no, ɔbɛyɛɛ Obuasi Asɔrekuo a wɔde sii hɔ nkyɛree no asɔfoɔ no fa denam incardination a wɔde hyɛ obi mu so.

Pope Francis paw John Yaw Afoakwa sɛ Obuasi Ɔsɔfopɔn wɔ Obubuo 22, 2014.[2] N’ahosohyira sɛ ɔsɔfopɔn no kɔɔ so wɔ January 10 wɔ afe a edi hɔ no mu, a Kumasi Ɔsɔfo Panyin, Gabriel Justice Yaw Anokye na ɔyɛɛ adwuma no. Wɔn a wɔkaa ho hyiraa wɔn ho wɔ guasodeyɛ no ase ne Asomafo Nuncio a ɔkɔɔ Ghana, Ɔsɔfo Panyin Jean-Marie Speich, ne Ɔsɔfo Panyin Emeritus a ofi Kumasi, Thomas Kwaku Mensah.

Efiri afe 2007 kosi afe 2011 no, Ɔsɔfo Afoakwa dii Parochial Vicar dibea wɔ Blessed Trinity Parish a ɛwɔ Diocese of Rochester, USA, faako a bere koro no ara mu no, osuaa ade na onyaa Master of Science wɔ Nhomasua mu wɔ Le Moyne College wɔ Syracuse.[2] Efi afe 2012 no, ɔde ne ho ahyɛ mu denneennen sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Bodwesango Ntosoa sukuu a ɛwɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana. Wɔ ne kyerɛkyerɛ dwumadie akyi no, ɔsom sɛ Aban Badwa no Titenani wɔ St. Joseph Senior High School wɔ Ahwiren. Bio nso, Rev. Afoakwa faa Rector asɛdeɛ wɔ St. Louis Rectorate na ɔsom sɛ Chaplain ne Board of Directors muni wɔ St. Louis Ayaresabea a ɛwɔ Bodwesango.[3]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 Rinunce e nomine, retrieved 2023-11-26
  2. 2.0 2.1 GNA (2014-11-24), His Holiness appoints Rev.Father John Yaw Afoakwah | News Ghana (in American English), retrieved 2023-11-26
  3. Charles Wundengba (2017-04-06), Biography of Bishop John Yaw Afoakwah (in American English), retrieved 2023-11-26