Joe Donkor

Ɛfi Wikipedia
Onionyamfoɔ
Joe Donkor
Mmarahyɛbadwani ɛwɔ Tano North abatoɔ mpɛsua so
Bere
Ɔpɛpɔn 7 , 1997 – Ɔpɛpɔn 6 2005
OdikanfoDominic Yaw Amoako
AnanmusiniErnest Akobuor Debrah
Ne ho asɛm
Awo bere1942
Owu bere2019(2019-00-00) (aged 76–77)
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaAdwuma Kwankyerɛfo
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joe Donkor (1942–2019) yɛ Ghanani amanyɔni a na ɔyɛ ɔsoafoɔ abadiekyire ma asoeɛ ɛhwɛ nnwomasua so ne asoeɛ a ɛhwɛ apaadie ne nnwuma ho nsɛm so. Ɔsom sɛ mmarahyɛbadwani maa Tano North abatoɔ mpasua a na ɛwɔ kane Brong Ahafo mantam mu a ɛwɔ Ghana.[1]

Nahyɛase ne ne sukuuu kɔ[sesa]

Wɔwoo Donkor wɔ afe apem ahenkron aduanan mmienu mu. Ɔhyɛɛ ne nwomasua ase wɔ Yamfo Roman Catholic mfitiaseɛ sukuu. Ɔwieeɛ no ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Achimota a ɛwɔ Nkran. Bere a na ɔwɔ afe a ɔbɛwieɛ sukuu no mu no, na ne kane Ghana Ɔmanpanin Jerry John Rawlings ahyɛ ne sukuu ase wɔ saa sukuu korɔ yi mu. Donkor nyaa abɔdin krataa wɔ Ghana suapɔn a ɛwɔ Legon, bere a ɔkɔ suaa adeɛ wɔ hɔ no. Ɔwiee ade sua no, ɔkɔ yɛɛ adwuma wɔ SIC akyire ɔnyaa mmoa kɔtoaa n'adesua so wɔ United Kingdom.

N'amanyɔsɛm dwumadie[sesa]

Ɔsane baa Ghana wɔ afe apem ahenkron aduowɔtwe baako mu bɛtoaa nadwuma a ɔyɛ no SIC no so sɛ Ɔkwankyerɛfo panin mfeɛ nwɔtwe a ɛfiri afe apem ahenkron aduowɔtwe baako kɔ si afe apem ahenkron aduowɔtwe nkron mu[2].

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ɛwɔ afe apem ahenkron aduokron mmienu mu wɔ Ghana adehyeman nnan mu no, Donkor gyina maa Wɔtoo ne to aba wɔ Tano North abatoɔ mpasua so wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu sɛ ɔrepɛ mmrahyɛbadwa akonwa no[3]. Wankɔ mmarahyɛbadwafie ɛƒiri sɛ Okunini Albert Adu Boahen a na ɔyɛ Ɔsono amanyɔkuo (New Patriotic Party) frankaatuni no bɔɔ abatoɔ no guiɛ. Donkor sane gyinaa bio wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia mu maa Wɔtoo aba yii no sɛ mmrahyɛbadwani maa no bɛkaa nnipa mmiɛnsa a Wɔtoo aba yii wɔn sɛ mmrahyɛbadwafoɔ wɔ kane Brong Ahafo wɔ Ɔsono amanyɔkuo din mu (New Patriotic Party)no ho. Mmrahyɛbadwafoɔ mmienu a na,wɔka ne ho no firi Sunyani East ne Sunyani West.[2]

Donkor bɔɔ ntoa wɔ nkuro nketewa nyinaa mu bere na aduru sɛ wɔbɔ ntoa no yɛɛ sɛ nnipa no bɛto aba n'amanyɔkuo no. Wɔtoo aba no maa no kɔɔ mmrahyɛbadwfie wɔ afe apem ahenkron aduokron nsia sɛ dɔmkumaa no mu baako. Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu no, Ɔsane nyaa mmarahyɛbadwa akonwa kɔɔ mmrahyɛbadwfie sɛ dɔmkɛseɛ no mu baako a na Ɔmanpanin John Agyekum Kuffour na naban te adwa soɔ.

Akyire wantumi ankɔ mmrahyɛbadwafie wɔ ɔsono amanyɔkuo no din mu ne mprensa so bere a Ernest Akobour tuu no wɔ Ɔsono amanyɔkuo aba a Wɔtoo de yi obi kɔ gyina ne din mu wɔ amansan abatoɔ mu no.

Sɛ ɔyɛ Ɔsoafoɔ[sesa]

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu no, Ɔmanpanin Kuffour paa no sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nnwuma ne apaadie so abadiekyire. Akyire no wɔsesaa no yɛɛ no ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nnwomasua so abadiekyire wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu.

Abatoɔ[sesa]

Ɛwɔ mfeɛ mmienu mu no, Donkor nyaa Tano North abatoɔ mpasua a ɛwɔ kane Brong Ahafo mmrahyɛbadwa akonwa no. Wɔtoo aba yii no wɔ Ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party din mu. Na ne mpasua no ka mpasua nson a Ɔsono amanyɔkuo no dii nkunim wɔ mmrahyɛbadwa nkonwa aduonu baako a na ɛwɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana no. Ɔsono amanyɔkuo New patriotic party nyaa dɔmkumaa wɔ mmrahyɛbadwafie bere a wɔnyaa mmrahyɛbadwa nkonwa aduokron mmienu(92) firii mmrahyɛbadwa nkonwa ahanu(200) no mu wɔ mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman nnan no mu. Ɔnyaa mma no mpem du mmiɛnsa ahenan ne nwɔtwe (13,408votes) firii mma mpem aduonu mmiɛnsa ahenkron aduonu nnan(23,924votes) mu. Yei ne ɔha mu abupɛn aduonum nsia akyire po nwɔtwe (56.8%) yɛ pɛ. Wɔtoo aba yii ne gyaa Nana Opoku Acheampong na ɔgyina ma National Democratic Congress, Alex Owusu Kwakye na ɔgyina ma National Reform Party, Appiah Kwadwo John na ɔgyina ma People's National Convention and Addo Kwasi na,ɔgyina ma Convention People's Party. Wɔnom nyaa mma no 9,361, 374, 264 and 190 te sɛdeɛ wɔn din didisoɔ no pɛpɛɛpɛ. Woka wɔn mma no nyinaa bɔmu a ɛyɛ Ɔha mu abupɛn aduasa nkron akyire po nson.

Nabrabɔ[sesa]

Na Donkor aware wɔ mma nson. Ɔfiiri mu Ɔbɛnim bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron (March 2019)[4]

  1. https://mobile.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Chief-of-Staff-mourns-Joe-Donkor-746070
  2. 2.0 2.1 https://m.facebook.com/fredaakosuaprempeh/posts/2443078239059883
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2020-06-22. Retrieved 2022-04-17. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://www.peacefmonline.com/pages/politics/politics/201903/377655.php