Dominic Yaw Amoako

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Dominic Yaw Amoako About this soundpronounciation of "Dominic Yaw Amoako" Ghana amanyɔnii ne ekuoba wɔ mmarahyɛbedwam a ɛdi kan wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu, ɔyɛ anamɔnsini ma Tano Anaafoɔ mpɛsoaso de ma National Democratic Congress amanyɔkuo no (NDC).

Abrabɔ Ahyɛaseɛ Ne Sukuu[sesa]

Yɛ woo Dominic wɔ Terchire, a ɛwɔ Ahafo mantam wɔ Ghana ɛwɔ Oforisuo bosome da a ɛto so du, afe apem ahankron ɛduonu. Dominic kɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Acheresua Senior High School, ɔnyaa Akyerɛkyerɛ Nteteɛ abɔdin krataa wɔ Akyerɛkyerɛ Nteteɛ sukuupɔn mu, ɛfiri ho no ɔtoa so tu anammɔm toa Akyerɛkyerɛ Nteteɛ sukuupɔn kɛseɛ so de nyaa Diploma wɔ Brɔfo kasa mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛ yi Dominic kɔɔ mmarahyɛbedwam a ɛdikan wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu, wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson, afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa no mu wɔ abrɛ yɛde nkunim abɔdin no maa no wɔ afe apem ahankron aduonkron mmienu Ghanaman abatoɔ no mu, a ɛkɔɔ so wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron, afe apem ahankron aduokron mmienu. Dominic dii nkuguo de maa ne kuo yɔnko Felix Boakye a ɔbɛ yɛ ɔkansini wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghanaman mu abatoɔ no mu, nanso ɔkansini Felix dii nkukuo maa New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo ba Joe Donkor. Donkor dii Felix so nkunim wɔ abrɛ ɔnyaa mma ɔha mu nkyekyemu aduasa nkron akyiripɔ aduanan firi mma no nyinaa mu, ɛkeka kɔ mma bɛyɛ mpem du mmienu ne du, wɔ aberɛ Felix nso nyaa mma ɔha mu nkyekyemu aduasa nwɔtwe akyiripɔ pɔ aduonu firi mma no nyinaa mu a ɛno nso ɛkeka kɔ bɛyɛ mpem dubaako aha nsia aduasa nan.[1]

N'abrabɔ[sesa]

Dominic yɛ Okristoni.

Beaɛ A Menyaa Mmoa Firi Yɛ[sesa]

[1]

  1. 1.0 1.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/brongahafo/59/index.php