Isaac K. Amuah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Isaac K. Amuah
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameIsaac Sesa
date of birth15 Ɔpɛnimma 1929 Sesa
date of death19 Ɔsanaa 1997 Sesa
occupationlawyer, Ɔtɛnmuafo Sesa
position heldJustice of the Supreme Court of Ghana Sesa

Isaac K. Amuah (1929-1997) yɛ Ghana ɔtemmuafoɔ. Na ɔyɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no temmuafoɔ firi Obubuo bosom da a ɛtɔ so aduasa afe apem ahankron ne aduokron nnum de kɔsi Ɔsanaa da a a ɛtɔ so afe apem ahankron ne aduokron nson (30 November 1995 and 19 August 1997).

Abarabɔ mfitiaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Amuah wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so afe apem ahankron ne aduonu nkron (1929) mu wɔ Nkran.[1] Ɔnyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Nkran Aban Sukuu ne Methodist Mmarimaa Sukuu a ɛwɔ Nkran.[1] Akyiri n7o, ɔkɔɔ Mfantsipim Sukuu, Cape Coast , baabi a ɔnyaa ne ntoaso sukuu ne Fourah Bay College, Freetown, Sierra Leone nso yɛ babia ɔtoa ne nwomasua ne so firiiɛ.[1][2]

Adwuma[sesa]

Wɔfrɛɛ Amuah kɔɔ Lincoln's Inn wɔ afe apem ahankron ne aduonum nkron (1959) mu, ɛnam ɛno so nti ɔne Mmaranimfo afoforo yɛɛ adwuma wɔ Ghana mmara adwumayɛbea bi mu firi afe apem ahankron ne aduonum nkron de kɔsii afe apem ahankron ne aduosia mmienu (1959 and 1962).[3]Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so dunson afe apem ahankron ne aduosia mmienu (17 February, 1962) mu no, wɔpaw no sɛ Ɔmantam Ɔtemmuafo wɔ Kumasi.[4] Akyiri no ɔbɛyɛɛ mansini Asɛnnibea temmuafo wɔ Nkran, baabi a na ɔwɔ Jamestown.[5][6] Amuah sɔre faa dibea ahorow no mu bɛyɛɛ temmufo wɔ mentemehoase kɔɔto mu na ɔno akyiri no ɔbɛyɛɛ Asɛnnibea Kunini no temmuafo wɔ Obubuo da a ɛtɔ so aduasa wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnum (30 November 1995) no mu. Ɔtenaa saa adwumayɛbea yi mu kosii sɛ owui wɔ Ɔsanaa bosom no mu da a ɛtɔ so dunkron afe apem ahankron ne aduokron nson (19 August 1997).

N'abrabɔ[sesa]

Amuah wui wɔ n’adwuma mu wɔ Ɔsanaa bosom no mu da a ɛtɔ so dunkron afe apem ahankron ne aduokron nson (19 August 1997). Deɛ na n’ani gye ho paa yɛ akenkan.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Ghana Year Book. Daily Graphic. 1966.
  2. Ghana Year Book. Daily Graphic. 1966.
  3. Ghana Year Book. Daily Graphic. 1966.
  4. Ghana Year Book. Graphic Corporation. 1966.
  5. The Ghana Law Reports. General Legal Council. 1977.
  6. Nkrumah, I. K. (1976-06-02). Daily Graphic: Issue 7968 June 2 1976. Graphic Communications Group.