George Kingsley Acquah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
George Kingsley Acquah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameGeorge, Kingsley Sesa
date of birth4 Ɔbɛnem 1942 Sesa
place of birthSekondi-Takoradi Sesa
date of death25 Ɔbɛnem 2007 Sesa
place of deathNkran Sesa
manner of deathnatural causes Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationƆtɛnmuafo, lawyer Sesa
position heldChief Justice of Ghana, Justice of the Supreme Court of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, Adisadel College Sesa

George Kingsley Acquah[sesa]

Justice George Kingsley Acquah MSG JSC, Ɔbɛnem bosom da ɛtɔ so nnan wɔ afe apem ahankron ne aduanan mmienu (4 March 1942) na ɔyɛ kɔɔto banodani a na ɔtɔ so aduonu mmiensa (23rd) wɔ kɔɔto kunini a ɛwɔ ɔman Ghana mu.[1][2] Wɔyii no sɛ kɔɔto banodani wɔ Kitawonsa bosome da ɛtɔ so nnan wɔ afe mpem mmienu ne mmiensa (2003) mu na ɔyɛɛ adwuma kɔpem sɛ baamoɔ wuo bɛfaa no kɔeɛ.[3]

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Justice Acquah wɔ Ɔbɛnem bosom da a ɛtɔ so nnan wɔ afe apem ahankron ne aduanan mmienu (4 march 1942) wɔ Sekondi a ɛwɔ apue mantam mu wɔ ɔman Gold Coast a sesie yɛfrɛ no Ghana no mu.[4][5] Ɔhyɛɛ ne mmɔfra sukuu aseɛ wɔ sukuu ahodoɔ pii, ɛbi ne Half Assini Methodist sukuu, Cape Coast Methodist sukuu, Ashanti Bekwai Methodist sukuu, Akim Oda Methodist sukuu, Nkawkaw Methodist sukuu ne Dunkwa-on-Offin Angelican school.[4] Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Adisadel College wɔ Cape Coast wɔ afe apem ahankron ne aduonom nson (1957) de kɔsi afe apem ahankron ne aduosia mmiensa (1963) ɛne ne college adesua a ɛtɔ so nsia no. Wɔ afe ahankron ne aduosia nnan (1964) de kɔsi afe ahankron ne aduosia nson (1967) na ɔwie ne mpanimfoɔ sukuu wɔ University of Ghana, Legon a na ɔkura abodin krataa wɔ B.A (Hons) wɔ philosophy.[4][5] Wɔ saa sukuu no ara mu afe apem ahankron ne aduoson (1970) na ɔsan nyaa abodin krataa wɔ mmara mu LL.B (Hons).[4][5] Afei ɔkɔɔ mmrannim sukuu, na ɛhɔ na ɔkɔ nyaa adwuma ho adansidie krataa wɔ mmra mu na wɔfrɛ no baa Bar wɔ afe ahankron ne aduoson mmienu (1972).[4]

Adwuma mu abrabɔ[sesa]

Na Justice George Acquah yɛ dwuma wɔ ankorankora mmra mu wɔ Cape Coast firi afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1972) ansa na ɔbɛyɛɛ kɔɔto kunini a ɔyɛ adwuma wɔ Ho a ɛwɔ Volta region.[4][6]Ɛbɔ bosom ne da a ɛtɔ so aduokron wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nkron mu (1989). Afei ɔsan bɛyɛɛ atɛnteneeni wɔ me nte me ho ase kɔɔto wɔ Ayɛwohommumɔ bosom wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnan (1994)[4] mu na afe akyi no ɔbɛyɛɛ ɔtɛmmuafoɔ wɔ kɔɔto kunini mu.[5]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ayɛwohomummɔ bosom mu wɔ afe mpem mmienu ne nsia mu no (2006), wɔ mma no anidie krataa wɔ “order of the state of Ghana”, saa anidie yi yɛ abɔdin a na ɛwɔ soro paa wɔ Ghana.[2][7]

Owuo[sesa]

Kokoram yadeɛ na ɛkuu Justice Acquah wɔ Ɔbɛnem bosom ,da ɛtɔ so aduonu num wɔ afe mpem mmienu ne nson mu wɔ Nkran. Na ɔyɛ barima warefoɔ a na ɔwɔ mma nsia.[8]

  1. "List of Chief Justices". Official Website. Judicial Service of Ghana. Archived from the original on 13 February 2007. Retrieved 26 March 2007.
  2. 2.0 2.1 "Justice Acquah Is Dead". Top Stories. Graphic Communications Group Limited. 26 March 2007. Retrieved 27 March 2007.
  3. "New Chief Justice sworn into office". General News of Friday, 4 July 2003. Ghana Home Page. 4 July 2003. Retrieved 26 March 2007.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 4.6 "Death of the Chief Justice of Ghana". Official Website. Judicial Service of Ghana. Archived from the original on 6 February 2012. Retrieved 13 April 2007.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 "Justice George Kingsley Acquah (Chief Justice )". Ghana Home Page. Retrieved 17 November 2019
  6. "Profile of Lead Faculties". Negotiation and Conflict Management Group. Archived from the original on 8 October 2007. Retrieved 26 March 2007.
  7. "the Commonwealth Judicial Education Institute Report" (PDF). Commonwealth Judicial Education Institute. September 2006. p. 13. Retrieved 26 March 2006.
  8. "Chief Justice is dead". General News of Sunday, 25 March 2007. Ghana Home Page. 25 March 2007. Retrieved 26 March 2007.