Francis Poku

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Francis Poku a wɔwoo no Ahinime da a ɛtɔ so aduonunan afe apem ahanan-baako (21/10/1941) yɛ Ghana amanyɔni a na ɔsan yɛ polisini a ɔdi mu. Wɔ ɔmanpanin John Agyekum Kufuor aberɛ so no na ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ ɔman no nyinaa banbɔ so kɔpem Ɔpɛpɔn da ɛtɔ dummienu wɔ afe apem ahanu ne nwɔtwe (12/01/2008) wɔ berɛ a wɔyii no firii ne diberɛ wo berɛ a wɔmma nkyiremu biara.

N'abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Poku wɔ Kumase a ɛwɔ Assnte Mantam. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Opoku Ware Secondary School fiti 1957 kɔpem 1963 no ɔsan toaa so kɔɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology[1] wɔ afe 1963 mu kɔsi 1967. Ɔsuaa French wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology nyiaa abɔdin krataa Bachelor (Hons). Wɔ afe 1964 ne 1965 ntam hɔ no, Poku sua adeɛ wɔ University of Dakar a ɔnyaa Diploma wɔ French mu. Ɔnyaa abɔdin krataa biom wɔ Management sua ho firii Guildford University a ɛwɔ London.

Wɔ afe 1968 ne 1982 ntam no ɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana Police Service banbɔ adwuma no mu na ne diberɛ yɛ Chief Inspector. Abosome nsia pɛ akyiri no, wɔbɔɔ nabaso kɔɔ Assistant to the Superintendent of police. Ɔkɔɔ University of Westminster in London wɔ afe 1983 mu kɔ kyerɛɛ mmra. Ɛfiri afe 1987 de rekɔ 1995 no ɔyɛɛ adwuma wɔ United kingdom. Ɔde ne som wɔ banbɔ adwuma no mu baa awieɛ wɔ Ahinime afe apem ahanu ne baako mu wɔ berɛ na ne diberɛ aduru Commissioner of Polce [2]wɔ berɛ na wɔbɔɔ nabaso kɔɔ saa diberɛ no yɛ Ɔpɛpɔm afe apem ahanu ne baako.

Wɔ afe 2001 ne 2006 ntam no na Poku da Ghanman no nyinaa banbɔ ntotoeɛ ano. Wɔ Ayɛwohomumɔ afe 2006 mu no ɔmanpanin John Agyekum Kufuor paw no sɛ soafoɔ a ɔda ɔmammu no nyinaa banbɔ ano, mekyerɛ Minister of National Security.[3]

Abasobɔ[sesa]

Order of the Volta[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Katalog der Deutschen Nationalbibliothek, retrieved 2023-11-27
  2. "Francis Poku", Wikipedia (in German), 2021-09-07, retrieved 2023-11-27
  3. Francis Poku Clocks 80 (in American English), 2021-10-26, retrieved 2023-11-27
  4. "Order of the Volta", Wikipedia (in German), 2021-09-07, retrieved 2023-11-27