Ekow Hayford

Ɛfi Wikipedia

Ekow Hayford (a wɔwoo no 24 December 1970 - 9 October 2020) na ɔyɛ Ghana amanyɔni ne mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ nson(7) wɔ Ghana adehyeman amammuo a ɛtɔ so nan no mu nipa a ɔgyina maa Mfantseman mpɛsoa a ɛwɔ mfinimfin mantam(Central Region) wɔ Ɔsono amanyɔkuo(New Patriotic Party)[1] no din mu. Wɔkuu no wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so nkron(9) wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu mu(2020). Na ɔsan so yɛ Apam bɔɔlbɔ kuo(Apam Football Club) no baanodani.

Ekow Hayford
Member of the Ghana Parliament
for Mfantseman Constituency
Bere
7 January 2017 – 9 October 2020
OdikanfoAquinas Tawia Quansah
Ɛdɔm keseɛ726[2]
Ne ho asɛm
Awo bere(1970-12-24)24 December 1970
Mankessim, Ghana
Owu bere9 October 2020(2020-10-09) (aged 49)
Ghana
Cause of deathMurdered
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔGhana Institute of Management and Public Administration
N'adwumaPolitician

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Hayford wɔ Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so aduonu-nan(24) wɔ afe apem ahankron ne aduoson mu(1970) wɔ Mankessim, Central Region, Ghana. Na ɔyɛ ne maame Madam Mena Aba Attah ba koro pɛ. Na ɔwɔ Bachelor of Business Administration abodin krataa wɔ Methodist Sukuupɔn Kɔlege. Ɔsan nso nyaa Master of Business Administration (Supply Chain Management) abodin krataa wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA).[3]

Adwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Hayford adwuma a edi kan ne Ghana Polisifo Dwumadibea, a ɔsom wɔ mu fi 1993 kosi 1998. Ɔkɔɔ soro koduu dibea sɛ Corporal. Ogyaee adwuma no na ɔkɔɔ ankorankoro nnwuma mu. Na ɔyɛ MODISA Lodge ne MANTRAC Ghana Limited adwumayɛfoɔ panin ne Manager ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu.[4] Wɔ afe 2015 mu no, New Patriotic Party a ɛwɔ Mfantseman no ananmusifoɔ paw no sɛ ɔmmɛgyina akuo no ananmu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu.[5] Ɔdii nkunim wɔ mmarahyɛbadwafie no mu de mma ɔha nkyɛmu aduanan nsia ne akyirepɔ aduowɔtwe mmienu (46.82%) wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu.[6] Na ɔyɛ Atemmuo kuo mu nipa ne Ahobammɔ ne Mfinimfini kuo a ɛwɔ Mmarahyɛbadwafie no mu no mu nipa.

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Hayford ware woo mma nan(4) na ɔyɛ Methodist asafo no asoreba. Ɛbaa abɔten sɛ ɔwɔ yerenom mmienu, Ophelia Quansah Hayford ne Sarah Quansah Hayford.

Ne wuo[sesa]

Ahinime bosome da a ɛtɔ so nkron(9) wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu(2020), berɛ a ɔrefiri ɔsatuo akwantuo mu resan aba no, nnipa a wɔnnim no too Hayford tuo kum no.Wei sii wɔ Abeadze Dominase – Abeadze Duadzi – Mankessim kwan so bere a ofii ɔsatu akwantu bi mu resan aba no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔkwan kɛse so adwowtwafo baanum a wokurakura akode tow hyɛɛ no ​​so bɛyɛ Fida anɔpa 1:00. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔ ɔkwan bi so no, wɔkyerɛe sɛ Hayford yɛ mmarahyɛbadwamni no wɔ adwowtwa no mu na adwowtwafo no de wɔn ani sii no so pɔtee na wɔtoo no tuo, na wɔde ɔhaw ahorow a nnipa a wɔwɔ ɔman no mu rehyia no ho asodi too no so.[7]

Deɛ ɛfirii ne wuo no akyi baaeɛ[sesa]

Na ne yere Ophelia Hayford yɛ polisini kosii sɛ ne kunu wui. NPP amanyɔkuo no na wɔyii no sɛ ɔmmɛsi ne kunu ananmu sɛ ɔman no kandifoɔ wɔ Mfantseman atenaeɛ no mu wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu.[8] Ɛbɛdaa adi nso sɛ na Hayford wɔ yerenom baanu ankasa. Nea ɔtɔ so mmienu, Sarah Quansah Hayford, nso wɔ mma baanu na na ɔwɔ ayiyɛ amanne a edi kan a wɔyɛe wɔ Mankessim no ase.[9][10]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  2. Dublin, David. "Election Passport – Ghana". Election Passport. American University. Retrieved 16 October 2020.
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  5. NPP primaries: 69 aspirants to contest in Central Region (in American English), 2015-06-12, retrieved 2023-10-03
  6. Peace FM, Mfantseman Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-03
  7. "Suspected robbers shoot dead Ghana MP Ekow Hayford", BBC News Pidgin, retrieved 2023-10-03
  8. MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  9. https://www.graphic.com.gh/news/politics/late-mfantseman-mp-s-second-wife-raises-concerns-about-family-neglect.html
  10. Second wife of murdered Mfantseman MP pops up (in English), 2020-10-15, retrieved 2023-10-03