Aquinas Tawiah Quansah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Aquinas Tawiah Quansah (wɔwoo no 4 April 1964) yɛ Ghana amanyɔni, na na ɔyɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni ne Central Regional Minister abadiakyiri wɔ Ghana . Ɔmampanyin John Evan Atta Mills na ɔpaw no na ɔsom kɔsii Ɔpɛpɔn 2013.

Mfitiase mfe ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Quansah wɔ 4 Ayɛwohomumɔ 1964 wɔ Saltpond, Central Region. Ɔkɔɔ Almeda College a ɛwɔ Atlanta, U.S.A., na owiee sukuu no nyaa abodin krataa wɔ Adwumayɛ ho nimdeɛ mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Quansah yɛ kan mmrahyɛbaguani ma Mfantseman mantam a ɛwɔ Central Region of Ghana. Ɔsii akan maa Mfantseman mantam no atenaeɛ wɔ afe 2012 Amansan Abatoɔ no mu na ɔdii nkonim. Ɔnyaa abatoɔ 31,837, a ɛyɛ 50.95% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na ɛno nti ɔdii akansifoɔ afoforɔ a Stephen Asamoah Boateng, Eugene Kwaninaabaka Baiden, Onaventure William Appiah ne Veronica Esi Adu-Boateng ka ho so nkonim. Nanso, wɔ afe 2016 mu no, ɔhweree National Democratic Congress nomination no na enti wannya hokwan ankɔgyina party no ananmu wɔ 2016 General Elections no mu . Na ɔyɛ Mfantseman West MP wɔ afe 2008 Ghana amansan abatow no akyi .

Ankorankoro asetra[sesa]

Quansah yɛ Kristoni a ɔyɛ fekubɔ wɔ Harvest Chapel International. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanu.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]