Mankessim

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mankessim yɛ kuro bi a ɛwɔ Mfimfini mantam[1] [2] [3] a ɛwɔ Ghana,[4] abibirem atɔeɛ. Ɛbɛyɛ kwansini aduoson num a ɛrekɔ Nkran, wɔ kwantenpɔn no so rekɔ Sekondi -Takoradi. Ɛyɛ Fante a ɛwɔ Ghana asoeɛ. Mankessim abakɔsɛm ne akofoɔ mmiɛnsa na ɛwɔ twaka(Obrumankoman,Odapagyan ne Osono) a wɔboa maa nnipa no tu firii Techiman  a ɛwɔ seisei Bono Ahafo mantam de kɔɔ Adoagyir a ɛwɔ mfimfini mantam. Kuro no wɔ ɛpɔ no soro bɛyɛ sɛ kwansini aduoson num na nnipa a ɛwɔ hɔ bɛyɛ mpem aduonu nsia, ahankron ne nkron.[5]

Mankessim yɛ amammerɛ  pɔn ma wɔn a wɔka fantse na wɔne Nananom pow a ɛbɛn  Obi dan na ɛwɔ twaka. Ɛwɔ edwa a ɛtwe adwadifoɔ firi Ghana ne aman ahodoɔ so. Sɛdeɛ ɛteɛ wɔ Fante nkuro foforɔ a agye din no, Mankessim wɔ Asafo nnwumakuo, Asraafoɔ kuo a seisei wɔnkɔ akoo bio na mmom wɔhyɛ wɔn animuonyam wɔ abakɔsɛm ne kuro no mpuntuo mu.

Nnipa titire[sesa]

  • Lydia Forson (wɔwoo no wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan(1984), sinitwafoɔ[6]
  • Augustine Arhinful, bɔɔlobɔfoɔ a wɔwoo no wɔ afe apem ahankron ne aduokron nan( 1994.)
  • Nanahemaa Ama Amissah III, Paramount Queen mother of Mankessim.[7]

Mpuntu nnwuma ahodoɔ[sesa]

  • Mankessim wɔ ayaresabea pii na wɔfaa Sanford World Kleeneke nkorabata a ɛtɔ so nan wɔ Ghana no adi wɔ Mfantseman mansini adantam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa. [8]Wɔsane wɔ Mercy Women's Ayaresabea [9]a ɛbɛn Manna Heights Hotel.

Ahomegyebea[sesa]

  • Yɛwɔ beaɛ a ɛtwe nnipa ma wɔba nsrahwɛ wɔ kuro no so . Beaeɛ a ɛyɛ amammerɛ pii ne ahomegyeɛ beaɛ pii a Fowaa Lodge ka ho wɔ hɔ[10]

Sikakorabea[sesa]

    • Ghana Commercial Bank
    • Kakum Rural Bank
    • Multi Credit
    • Opportunity Bank

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]