Ophelia Hayford

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Ophelia Hayford
nnipa
bɔbeasufemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageOphelia Hayford Sesa
given nameOphelia Sesa
family nameHayford Sesa
date of birth29 Ahinime 1973 Sesa
beae a wɔwoo noAkropong Sesa
spouseEkow Hayford Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Fante, Akuapem Sesa
occupationAmanyɔni, police officer Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
academic degreebachelor's degree, Bachelor of Laws Sesa
academic majorcriminal law, international human rights law, administrative law, political science, linguistics Sesa
work locationMfantseman Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKristofo Sesa

Ophelia Mensah Hayford yɛ Ghana Amanyɔfoɔ. Osii akan wɔ afe 2020 Ghana Amansan Abatoɔ mu na Odii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa no mu maa Mfantsiman Mansin.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Hayford wɔ 29 Ahinime 1973 na ofiri Akwapim-Akropong wɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu. Onyaa ne Bachelor’s degree wɔ Political Science ne Linguistics mu wɔ afe 2012. Ɔsan nyaa ne LLB. wɔ Nsɛmmɔnedi Mmara mu; Amanaman Ntam Nnipa Hokwan Mmara ne Adwumayɛ Mmara wɔ afe 2018 mu.

Adwuma ne paw a wɔpaw[sesa]

Ophelia yɛ Assistant superintendent of Police(ASP). Na ɔyɛ Inspector panyin wɔ Ghana Polisifo Dwumadibea. Ophelia Hayford nso ne Interpol Unit a ɛwɔ CID Asafo ti no yɛɛ adwuma. Ophelia bɛkaa Ghana Polisifoɔ ho wɔ afe 1993 mu sɛ obi a wɔagye no. Na efi saa bere no, wasom wɔ ɔsom adwuma no mu mfe 27.

Amanyɔsɛm[sesa]

Hayford yɛ New Patriotic Party no muni. Na ne kunu a wawu, Ekow Hayford yɛ mmarahyɛbadwani muni ma Mfantsiman Mantam no. Bere a ne kunu wui bere a na ɔresom wɔ dibea mu akyi no, osii gyinae sɛ obesi n’ananmu sɛ mmarahyɛbadwa no muni ma Mfantsiman Mantam no. Sɛ́ Assistant Superintendent wɔ Ghana Polisifoɔ Dwumadibea no, ɔde ne tender sɛ ɔbɛgyae adwuma sɛdeɛ afe 1992 Amanyɔ Mmara no hwehwɛ sɛ ɔbɛtumi asi akan wɔ abatoɔ no mu.

2020 abatoɔ[sesa]

Wɔ Ɔpɛnimma 2020 mu no, wɔpaw no sɛ Mmarahyɛbadwa no muni ma Mfantsiman Mansin akyi a osii akan wɔ 2020 Ghana Amansan Abatoɔ mu wɔ New Patriotic Party tekiti ase na ɔdii nkonim. Ɔnyaa abatoɔ 36,091 a ɛyɛ 51.83% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu. Wɔpaw no sen James Essuon a ofi National Democratic Congress ne Alijatu Ibrahim a ofi Ghana Union Movement mu. Eyinom nyaa abatow 32,379 ne 911 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 46.76%, ne 1.31% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.

Boayikuw[sesa]

Hayford yɛ oguamtrani Abadiakyiri ma Defense ne Interior Committee na ɔsan yɛ House Committee no muni.

N'asetena[sesa]

Ɔyɛ Ekow Hayford a wanya ne baebi akɔ yere. Ɔwɔ mma baanu. Ɔyɛ Kristoni.