Edward Wiredu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Edward Wiredu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameEdward Sesa
date of birth1934 Sesa
place of birthGhana Sesa
date of death31 Ɔpɛpɔn 2008 Sesa
place of deathGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationƆtɛnmuafo, lawyer Sesa
position heldChief Justice of Ghana, Justice of the Supreme Court of Ghana Sesa
educated atAdisadel College, Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Accra Academy Sesa

Edward Kwame Wiredu JSC (bɛyɛ 1936 – 31 Ɔbɛnim 2008) yɛ Ghana Ɔtemmuafoɔ Panyin wɔ mfe mpem mmienu ne baako ne mfe mpem mmienu ne mmiɛnsa (2001 & 2003) ntam.[1] Ɔno ne nea ɔto so du fi berɛ a Ghana bɛyɛɛ ɔman a ɛde ne ho. Wɔahyɛ no nso sɛ ɔde Fast Track Kɔɔto a ɛwɔ Ghana ne Alternate Dispute Resolution ne Judicial Institute nso bae.

N'abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔgyee Edward Wiredu kɔɔ Achimota Sukuu mu nanso ɔfirii hɔ ɛnam asɛm bi a ɛsiiɛ nti. Ɔbɛyɛɛ osuani wɔ Accra Academy na akyiri yi ɔtu kɔɔ Adisadel College baabi a ɔnyaa Cambridge Sukuu Adansedie krataa.[2] Wiredu nyaa nyansahu mu adesua a ɛto so nsia wɔ Kumasi College of Science and Technology nanso wanwie.[3]

Adwuma[sesa]

Wiredu suaa mmara wɔ Inns of Kɔɔtot Sukuu a ɛwɔ London no mu. Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Britainfoɔ asadan mu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduasia (1960) mu berɛ a ɔwiee Middle Temple no. Ɔkɔɔ so som wɔ Bench no so mfeɛ aduasa nan (34) a ne nyinaa yɛ bere a na ɔyɛ kokoam adwuma no. Wɔpaw no sɛ Asɛnnibea Kunini temmuafo wɔ afe apem ɔha nkron ne aduasia nkron (1969). Wɔ atuate a ɛyɛɛ nyinsɛn a ɛbaa Kotonimma da a ɛtɔ so du nnun afe mpem ɔha nkron ne aduoson nkron (15 May, 1979) akyi no, wɔhyɛɛ no ​​nsow sɛ ɔde ne ho hyɛɛ asɛm a ɛkyerɛ sɛ ɔnni fɔ mma Jerry Rawlings, ɛwom sɛ na Rawlings ankasa agye ne ho adi wɔ n’asɛnnibea no mu deɛ.[4] Wɔ afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe (1980) mu no, wɔmaa no so sɛ Asɛnnibea a wɔde asɛm kɔdan no temmuafo. Ɔbɛyɛɛ Asɛnnibea Kunini Temmufoɔ wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron(1990). John Kufuor paw no sɛ Ɔtemmufoɔ Panyin wɔ Kwasafoman a ɛtɔ so nan wɔ ne titenani dibea mfitiaseɛ wɔ Obubuo da a ɛtɔ so nkron afe mpem mmienu ne baako (9 November, 2001) no mu. Ebinom bu no sɛ ɔyɛ ɔbi a ɔkamfo Atemmufoɔ ahofadie denneennen.[5] Ɔkɔɔ pɛnhyen sɛ Ɔtemmufo Panyin wɔ Kotonimma a ɛyɛ mfe mpem mmienu ne mmiɛnsa (2003) no mu esiane akwahosan nti.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "List of Chief Justices". Official Website. Judicial Service of Ghana. Archived from the original on 3 April 2007. Retrieved 13 April 2007.
  2. 30-11-2002. Chief Justice Wiredu for court, www.ghanaweb.com, retrieved on:10-08-2009.
  3. "Chief Justice lied under Oath ?". ghanaweb.com. 25 August 2002.
  4. "Ex-Chief Justice Wiredu is dead". General News of Friday, 1 February 2008. Ghana Home Page. Retrieved 28 March 2008.
  5. Adu-Asare, Yaw (29 March 2006). "CJ Acquah Against Executive Interference in the Judiciary". Feature Article. Ghana Home Page. Retrieved 13 April 2007. Chief Justice Wiredu was a fierce and relentless defender of independence of the Judiciary, as a branch of government. He resisted interference from both the Executive and Parliament in the running of the Judicial Service, but in the final analysis, he recognized so often that his domain fell to the power of those who pulled the purse strings in government, so to speak.... In his capacity as head of the Judicial Service, Chief Justice Emmanuel K. Wiredu in early 2002 admonished the ministry of finance about what he described as unconstitutional behavior with respect to the budget allocation for the Service.
  6. "State burial service for Chief Justice Wiredu". General News of Thursday, 27 March 2008. Ghana Home Page. Retrieved 28 March 2008.