Chop Bar

Ɛfi Wikipedia
A sign board of a chop bar
A picture of Palmnut soup in a chop bar

Sɛ yɛka sɛ chop bar a na yɛrekyerɛ beaɛ bi a yɛdidi wɔ Ghana[1][2] ha a mpɛn pii no yɛhu no wɔ Atɔeɛ fam[3]Ghana man mu a ɛhɔ na nnipa dodoɔ tumi hyia didi nonom nsa.[4]Yɛdi nnuane ahodoɔ wɔ apotɔwia mu wɔ adidibea hɔ.[5] saa adidibea yi mu pii no ara wɔ nsaden a wɔde ka nnuane no ho, ɛmu kakraa bi na ɛyɛ Borɔni nsa.[6] ɛyɛ amammerɛ ahyɛnsodeɛ ma Ghanafoɔ beberee titirew ne wɔn a wɔfiri Ghana Atɔeɛ fam, na ɛyɛ deɛ ɔmanfoɔ no pɛ yie pa ara. Adeɛ baako a ɛma Chop Bar da mu sonoko ne din ahodoɔ a wɔde atotosoɔ no a ɛbi ne "don't mind your wife chop bar" ɛna ɛbi nso ne "bush canteen".[7][8][9]

Banku seller


Abɔseɛ[sesa]

Yɛnyaa asɛmfua 'Chop' de firii sɛdeɛ Ghanafoɔ ka didi wɔ pidjin[6] kasa mu anaa wɔtwitwa nsɛmfua so tiawa wɔ wɔn kasa mu ɛna 'Bar' nso yɛ baabi a yɛhyia didi ɛno nti na ɛmaa yɛnyaa asɛmfua Chop Bar.[7] Chop Bar ahodoɔ no ara tontɔn nnuane a yɛyɛ no wɔ ɔman Ghana yi ankasa mu a ɛbi ne Fufuo, Banku, Konkonte ne Omotuo ( yɛka no borɔfo mu sɛ Rice balls) ɛne nkwa ahodoɔ pii nso.

Nnuane ahodoɔ a wɔtɔn wɔ Chop Bar[sesa]

FUFUO[sesa]

Fufuo(About this soundpronunciation of "Fufuo" ) anaa fufu, foofoo, foufou yɛ West Afrikafoɔ aduane a agye din paa. Wɔ Twi mu no, fufuo kyerɛ "aduane mmienu a wɔayam anaa wɔasiw abomu ma ayɛ mmerɛw". Wɔ Ghana no, fufuo yɛ Akanfoɔ aduane titiriw. Wodi fufuo wɔ Abibiremu aman pii so nso. Wɔde bankye ne borɔdiɛ anaa amankani a wɔanoa na ebomu wɔ fufuo.[10] Yɛde wɔma ne waduro na ɛwɔ fufuo. Sɛ yɛwɔ fufuo wie a, yɛde nkwan bi te sɛ Nkrakra, Abɛnkwan, Nkatenkwan ne Abunabun na edi. Wɔ West Africa aman foforɔ bi so no, wɔde muoko a wɔatwi, nkruma frɔyɛ anaa frɔyɛ afoforo na edi fufuo.[11]

Mmeaɛ A Wodi Fufuo[sesa]

Wodi fufuo wɔ aman a ɛwɔ Afrika Atɔe fam ne aman a ɛwɔ Afrika nfinfini so.[12] Ɛka Ghana ho no, wodi fufuo wɔ aman ahodoɔ yi so:Sierra Leone,GuineaLiberia, Cote D'Ivoire, Benin, Togo, Nigeria,Congo mmienu no nyinaa,Cameroon, the Central African Republic, Angola,Gabon, ne Caribbean.Wɔ Ghana, Cote D'ivoire, Liberia ne Cuba.

Sɛnea Wɔnoa Aduane Yi[sesa]

Wɔnoa bankye ne borɔdiɛ anaa amankani no wie a, wɔwɔ bankye dodoɔ a ɛne borɔdiɛ anaa amankani dodoɔ yɛ pɛ pɛnkoro.[13] Wotumi nso de nsuo fra bankye siam, borɔde siam anaa amankani siam ka wɔ gya so. Fufuo a wɔfa saa kwan yi so yɔ no, wɔtaa de nkwan na edi.Nkwan no bi ne abɛnkwan,nkatenkwan,nkrakra ne abunabun. Wɔ Nigeria ne aman foforɔ bi a ɛwɔ Abibirem ha no, wɔde bankye mmɔre a Nigeriafoɔ frɛ no " Akpu" na ɛyɛ fufuo no. Wɔde nkwan anaa frɔe na edi saa fufuo yi. Wotumi de esiam afoforo te sɛ semolina, eburo siam anaa borɔde siam si bankye siam ananmu.

BANKU[sesa]

Banku ɛne nkwan

Banku (About this soundpronunciation of "Banku" ) yɛ tete din bi a ɛwɔ Ga-Dangme(Ga) kasa mu a wɔnya firii aburo mmɔle ne bankye mmɔle a aboro a yaka afera, aka abobɔ no kama. Ga-Dangme kasa mu na yɛnyaa saa din no firi. Yɛwɔ sɛdeɛ wɔsi ka saa din a ɛne no sɛ nanso ne nkyerɛaseɛ nnyɛ pɛ wɔ kasa no mu, ebi ne inku(ma nkuu wɔ Ha kasa mu), Ashanku(ma sɛdeɛ wɔde borɔdeɛ yɛ aduane bi a yɛfrɛ no Tatale wɔ Ga kasa mu), ne afoforɔ a n'awieeɛ yɛ "ku". Banku da nso firi akple nnuane a ɛyɛ Ewefoɔ na ɛdi.[14] Ɛyɛ Ghana ne Togofoɔ a ɛwɔ Ga-Dangme (anaa Ga) aduane a yɛde aburo mmɔle ne bankye mmɔle a aboro aka afra a yɛde agu nsuohyeɛ mu aka, ama no ayɛ fitaa[15], yɛde di nkwan, nkruma frɔeɛ anaa mako ne nsuomunam. Mpem pii no nnipa a ɛwɔ Ghana anaafoɔ mantam na ɛpɛ saa aduane no;Ewefoɔ, Fantefoɔ ne Ga-Dangmefoɔ nanso mantam ahodoɔ a aka a ɛwɔ Ghana no nso di saa aduane no. Wobɛtumi ahunu Banku wɔ Ghana afanaa nyinaa, ɛwɔm sɛ Ewefoɔ na ɛdi saa aduane no paa deɛ nanso ɛyɛ aduane baako a ɛho wɔi mfasoɔ a nnipakuo a ɛwɔ Ghana nyinaa di. Ga-Dangme (anaa Ga) wɔ kwan bi a wɔfa so ma aduane no yɛ mmerɛ a wɔfrɛ no Banku, saa nso na Fantefoɔ nso yɛ ma no yɛ den a wɔfrɛ no ɛtsew.[16]

Nnoɔma a yɛde yɛ saa aduane no[sesa]

[17] Ade titire a yɛde yɛ Banku yɛ aburo mmɔle ne bankye mmɔle, nkyene ne nsuo a ɛda nso firi nnoɔma a yɛde yɛ akplɛ ho. Nsonsoneɛ da sɛdeɛ yɛsi yɛ Banku ne akplɛ mu nanso sɛ wobobɔ ne mmienu a ɛsɛ yie paa ara.[18] Yɛde yɛ nsa na edie.[19] Mpempii no yɛde akplɛ di nkruma nkwan a yɛfrɛ no "Fetri Detsi" a Ewefoɔ na ɛdi.[20]

Sɛnea wɔsi yɛ saa aduane no.[sesa]

Sɛ woreyɛ mmɔle no a ɛfa mmerɛ pii. Wobɛdwa bankye na woatwitwa de afra aburo de agu nsuom ama adeɛ akye. Wobɛsɔne nsuo no afirim na wakɔyam bankye no ne aburo no ama no afe fekɔfekɔ na asane afɔ. Nea edi so wɔ ne yɛ mu ne sɛ wobɛfete mmɔle no ama no aboro. Ɛdi bɛyɛ nnanu anaa nnanum a ɛgyina senea ewiem nsakraeɛ teɛ no.[21] Hono aburo mmɔle no ne bankye mmɔle no dadesɛn mu. Ma no gya kakra na num kɔpem sɛ ɔbɛhuru. Kɔso ara num kɔpem sɛ ɛbɛyɛ den. Afei na wode wo bankuta no aka saa ama no ayɛ fekɔfekɔ a aba biara nnim. Sɛ ɛfe a na woapepa dadesɛn no ano kamakama. Fa nsuo gum ma ɛnyɛ sɛnea ɛrekata aduane no so na kata so ma no nhuru, na hwɛ sɛ aduane no baabiara ahuru a. Fa bankuta no ka banku no fra nsuo no. Kɔso ara ka saa fa nsuo gum kɔpem sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ na abɛn yie. Fa kyɛnsen ketewa bi te bi gu kyɛnsen foforɔ mu na bobɔ. Te banku no saa ara kɔpem sɛ ne nyinaa bɛsa afiri dadesɛn no mu. Wobɛtumi de adi nkwan biara a wopɛ, abomu anaa mako a yatwi ne nam anaa nsuomunam biara a wopɛ.

OMOTUO[sesa]

Omo tuo with groundnut soup and meat.

Omo tuo(About this soundpronounciation of "Omo tuo" ) (rice balls) yɛ Ghanafoɔ aduan a wɔde ɛmo na ɛyɛ. Mpɛn pii no wɔde ɛmo a emu abubu anaa ɛmo atenten a wɔahyɛda abubu mu na ɛnoa. Wɔde nsu pii na ɛnoa saa ɛmo yi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛmo no bɛben no na ayɛ mmerɛw paa. Ɛno akyi no wɔka ɛmo no ma ɛyɛ Ghana|nkuruwankruwa te sɛ bɔɔl. Wɔ Gaana no wɔde nkate nkwan anaa abɛ nkwan na edi omotuo. Wɔ Nigeria no wɔde nkruma nkwan bi a wɔfrɛ no miyan kuka na edi.

Sɛnea wɔ yɛ no[sesa]

Mpɛn pii no yɛde ɛmoo a abubu nketenkete anaa sɛ ɛmoo a ɛwowa a yabubu mu ama no ayɛ nketenkete na ɛyɛ. Yɛde nsuo bebree na ɛnoa ɛmoo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ mmerɛ. Yɛka ɛmoo no mano yɛ fekɔfekɔ, sɛ wowie a na woabobɔ no kurukuruwa sɛdeɛ wopɛ no.[22]Ghana no yɛde di nkwan bi te sɛ nkatenkwan anaa sɛ abɛnkwan. Wɔ Nigeria no wɔde "miyan kuka"(kyenkase nkwan) ka ho di.[23]

[24]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ferris, R. S. B. (1998). Postharvest Technology and Commodity Marketing: Proceedings of a Postharvest Conference, 2[9] Nov to 1 Dec 1995, Accra, Ghana. IITA. ISBN 9789781311116.
  2. Yankah, Kwesi (1990). Woes of a Kwatriot: Reflections on the Ghanaian Situation. Woeli Publishing Services. ISBN 9789964904258.
  3. "Chop bar operators urged to register and collect VAT". www.ghanaweb.com. Retrieved 2019-06-10.
  4. "Let's Go Eating At A Tema Chop Bar". Modern Ghana. 2008-10-22. Retrieved 2019-06-10.
  5. Hugon, Philippe; Farrugia, Caroline (1989). The Informal Sector: Women and Development Planning in Africa. Division of Studies for Development, Unesco.
  6. 6.0 6.1 Online, Peace FM. "It's Easy For A Foreigner To Be Confused By The Words 'CHOP BAR'". www.peacefmonline.com. Retrieved 2019-06-10.
  7. 7.0 7.1 "The Wonderful Ghanaian CHOP BAR Experience". GhanaCelebrities.Com. 2014-09-25. Retrieved 2019-06-10.
  8. Frimpon, Kwame (June 2010). The Boy in the Oversized Smock: School Memories in Living Color. Xlibris Corporation. ISBN 9781450077590.
  9. King, L. K.; Awumbila, B.; Canacoo, E. A.; Ofosu-Amaah, S. (2000-07-21). "An assessment of the safety of street foods in the Ga district, of Ghana; implications for the spread of zoonoses". Acta Tropica. 76 (1): 39–43. doi:10.1016/S0001-706X(00)00087-5. ISSN 0001-706X. PMID 10913764.
  10. https://www.fao.org/3/a0154e/A0154E02.htm
  11. https://www.britannica.com/topic/fufu
  12. https://www.fao.org/3/a0154e/A0154E07.htm
  13. https://www.fao.org/3/y5548e/y5548e08.htm
  14. A Grammatical Sketch of the Akra or Ga-language - By Johannes Zimmermann, (2) Online Reference By J DZeagu-Kudjodji and Others.
  15. Haard, N.F. (1999). Fermented Cereals: A Global Perspective. FAO agricultural services bulletin. Food and Agriculture Organization of the United Nations. p. 37. ISBN 978-92-5-104296-0.
  16. Banku". ifood.tv/. Future Today Inc. Retrieved 14 February 2015.
  17. online reference, by J Dzeagu-Kudjodji and others ;
  18. Annan, Dorcas Aba. "Akple & Ground Pepper with Grilled Tilapia". Archived from the original on 14 February 2015. Retrieved 14 February 2015.
  19. Edwards, E.; Gosden, C.; Phillips, R. (2006). Sensible Objects: Colonialism, Museums and Material Culture. Wenner-Gren International Symposium Series. Bloomsbury Publishing. p. 50. ISBN 978-1-84788-315-5.
  20. Ghana: Okro Stew". 196 flavors. 2019-06-26. Retrieved 2020-03-09.
  21. "Ghana: Banku". 196 flavors. 2019-06-25. Retrieved 2020-06-01.
  22. "Ghana Food Rice". ghanaweb.com. Retrieved 4 October201
  23. "Ghana: Omo Tuo". 196 flavors. 2019-06-29. Retrieved 2019-12-31
  24. Gracia, Zindzy (2018-03-01). "How to prepare banku". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2021-05-15.