Kokonte

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kokonte(About this soundpronounciation of "Kokonte" ) yɛ aduane bi a yɛtumi kora ma no kyɛ, yɛdi saa aduane yi wɔ abibirem baabi te sɛ Togo, Ghana ɛne nea ɛkeka ho. Wɔ Ghana nnipakuo bi te sɛ Ga, Akan, Hausa na mpɛn pii no ɔdi kokonte. Edin foforɔ a yɛde frɛ kokonte ne twa w'ani hwɛ dan "face the wall" [1][2]ɛfiri sɛ na wɔn a wɔn diberɛ wɔ fam na ɛtaa di saa aduane no. Ɛsane nso yɛ aduane bi a agye din a, Ghanafoɔ pɛ ne die pa ara. Mpɛn pii no kokonte ahosuo no yɛ ntokontrama, fitaa ɛnaa sɛ ahabanmono a ɛdɔ, ɛgyina Abusuakuo a wɔreyɛ saa aduane no.[3][4] Mpɛn pii no yɛde bankye a yahata sam anaa bayerɛ a yahata sam na ɛyɛ saa aduane no.[5][6]

Kokonte yɛ Ghana aduane a yɛde bankye sam ayɛ a yɛtaa de abɛnkwan anaa nkatenkwan na ɛfie. Agye din wɔ aman a ɛwɔ abibirem atɔeɛ te sɛ Nigeria ɛna wɔsane di no wɔ Caribbean mmeaɛ.

Borɔfo din a wɔde to saa aduane yi ne "BROWN FUFU". Ɛbɛn Tapioca, Brazilianfol aduane a agye din wɔ Ghana Fram mantam.

Ɛyɛ aduane ne yɛ nnyɛ den a yɛ nya firi bankye a yahata na yayam mu,anaa ne nhini na ama n'ahosuo no ayɛ sɛ ntokontrama. Wɔ Ghana no Akanfoɔ na ɛtaa yɛ saa aduane yi, na ne tete din firi Kwa kasa mu.Nnipa pii noa nso frɛ no abitie,(abeteɛ), lapiiwa ne lapelawa.[7]

Sɛnea ɛteɛ[sesa]

Sɛnea kokonte no ahosuo bɛyɛ no gyina bankye korɔ a wode yɛɛ aduane no ne sɛdeɛ ɛsi ho faeɛ. Mpɛmpii no n'ahosuo yɛ ntokontrama, ɛtɔ mmerɛ bi nsia ɛbɛtumi ayɛ sɛnea ɛrebɛyɛ sɛ ntokontrama no. N'ahosuo no ne sukuu ataade soro a adantamfoɔ no hyɛ no wɔ Ghana no yɛ pɛ.

Akadeɛ[sesa]

  1. Bankye a yahata sam ne bayerɛ a yahata sam.

2. Nsuo.

Sɛdeɛ yɛsi yɛ saa aduane no[sesa]

  • Fa nsuo gu dadesɛn mu si gya so ma no nhuru.
  • Fa wo kokonte sam anaa bayerɛ sam no gu mu.
  • Num yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛmma no Ntotɔ aba.
  • Kɔso num yie kɔsi sɛ n'ahosuo no bɛyɛ sɛ ahaban mono a adɔ, ntokontrama anaa sɛ ayɛ sɛ fitaa.
  • Sɛ wohunu sɛ n'ahosuo no ada adi a na woatete agu adeɛ mu ama no ayɛ akɔnɔakɔnɔ na wode nkwan bi te sɛ abɛnkwan, nkatenkwan ne nea ɛkeka ho adi.[8]

Kwan a wɔfa so yɛ kokonte ne sɛ wɔbɛkɔ afuom akɔpɛ bankye anaa sɛ wɔbɛkɔ dwam a ɛbɛn wo akɔtɔ bi. Bankye yɛ aduane bi a nnipa pii a ɛwɔ Ghana die ɛfiri sɛ ne boɔ yɛ fo. Ɛbi bɛtumi atɔ esam no ketewa bi nanso ɔne n'abusuafoɔ bɛnya bebree adi. Ɛyɛ saa bankye no na yɛde fra borɔdeɛ de yɛ Ghana aduane a yɛfrɛ no fufu (ebinom frɛ no fufuo no).

Ansa na wobɛnoa no.[sesa]

Ansa na wobɛnya bankye noa yɛdi ankasa no, ɛwɔ sɛ wɔdwa ne ho no ansa. Yɛtumi de ne hono no ma mmoa di anaa sɛ yɛde yɛ fɛteliza ma asaase no(sɛ woyɛ kuanii a). Yɛhohoro bankye noa yɛdi no. Twitwam nketewa. Yɛhata saa bankye nketewa yi wɔ awia mu, na woakɔyam wɔ afidie mu ama no ayɛ esam.

Yɛwɔ akwan ahodoɔ pii a yɛfa so hata bankye no. Wɔ Ghana no , akuafoɔ wɔ adeɛ a yɛfrɛ no apa, a ɛyɛ adeɛ a yɛde abɛ dua ayɛ a akuafoɔ de wɔn aburo a wahunu gu so. Wɔahyɛda yɛ saa apa wɔ tete mukaase. Wɔyɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ntutuo a ɛfiri gya a W'asɔ no mu ɛba no bɛma aburo no aho, saa nso na wɔyɛ bankye no. Kwan a wɔfa so ho bankye no yɛ tuntum a ɛma aduane no nso ahosuo yɛ saa. Kwan a ɛyɛ a ɛwɔ sɛ yɛfa hata bankye no yɛ awia wɔ berɛ a yɛbɛ babaa mu agu adeɛ bi te sɛ dua anaa kyɛnsen bi a ɛso a wobɛtumi atrɛ bankye no wɔ so.

Adeɛ baako a ɛwɔ sɛ wohunu ne sɛ, sɛ woamma w'ani ankɔ bankye a woahata no so a , ɛbɛma n'ahosuo no ayɛ ntokontrama te sɛ algae. Sɛ ɛyɛ saa aduane a wodebɛyɛ no nso ahosuo bɛyɛ saa. Nti ɛwɔ sɛ bankye no ho wɔ aberɛ a ɛyɛ mono na ama n'aduane nso ayɛ fitaa. Ebinom nso gyedi sɛ aduane no ahosuo no yɛ sɛ ntokontrama a ɛma no yɛ dɛ.

Wɔwɔ bankye a aho no wɔ waduro ne wɔma mu ma no yɛ esam, anaa sɛ wɔde kɔ nikanika kɔyam. Wei na ɛde esam a wɔde yɛ aduane no ha a wɔde gu nsuo mu noa no, ka no wɔ gya so ma no ben, na woanya wo kokonte aduane.

Ne noa ne sɛdeɛ yɛsi siesie no.[sesa]

Wobɛtumi de nsuo dedɛɛdedɛɛ anaa nsuohyeɛ ahono kokonte sam no. Ebinom de nsuohyeɛ gu esam nom ansana wanoa. Yɛnim wɔ egya so ma no yɛ den afei na waka ama no aben pii. Sɛ ɛyɛ den paa na wɔde nsuohyeɛ agu mu akata bɛyɛ sima kakra bi na afei ɔde bankuta aka ayare dadesɛn no ho kɔpem sɛ nsuo no bɛfra aduane no yie,(wode nsuohyeɛ no bɛtumi aka akɔpem sɛdeɛ wopɛsɛ aduane no yɛ)kɔpem sɛ ɛbɛ ben.

Sɛ worebɛtete a nea ɛdikan, wode nsuo bɛtɔ kyɛnsen a worebɛte aduane no atom no nyinaa ho, na woate nea wobɛtumi adi ato mfimfini, te ne nyinaa agu mfimfini na wobɛhunu kokonte a ayɛ kamakama wɔ aseɛ. Wodane no a ɛwɔ sɛ wohunu bɔɔlo a ayɛ kama a wobɛtumi de wo nkwan aguso. Nea ɛtɔ so mmienu, ebi nso te nea wɔbɛtumi adi gu kyɛnsen mu na wɔde wɔn nkwan agu so.

Beaɛ a menyaa mmoa firii[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20160129114531/http://opinion.myjoyonline.com/pages/feature/201112/77586.php
  2. akpabli, kofi. "Why kokonte is facing the wall". Joyonline. kofi akpabli. Archived from the original on 29 January 2016. Retrieved 23 January 2016.
  3. "Archive copy". Archived from the original on 2019-08-11. Retrieved 2022-03-02. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2022-03-02. Retrieved 2022-03-02. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. How to prepare 'Kokonte' and palm nut soup". www.pulse.com.gh. 2016-03-02. Retrieved 2019-08-11
  6. "Kokonte and Peanut Butter Soup (Ghana)"
  7. Spring, Anita (2000). Women Farmers and Commercial Ventures: Increasing Food Security in Developing Countries (Directions in Applied Anthropology : Adaptations and Innovations). Lynne Rienner. pp. 264–265. ISBN 978-1555878696.
  8. https://yen.com.gh/104326-how-kokonte-groundnut-soup.html