Banku

Ɛfi Wikipedia
Banku ɛne nkwan
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Banku (About this soundpronunciation of "Banku" ) yɛ tete din bi a ɛwɔ Ga-Dangme(Ga) kasa mu a wɔnya firii aburo mmɔle ne bankye mmɔle a aboro a yaka afera, aka abobɔ no kama. Ga-Dangme kasa mu na yɛnyaa saa din no firi. Yɛwɔ sɛdeɛ wɔsi ka saa din a ɛne no sɛ nanso ne nkyerɛaseɛ nnyɛ pɛ wɔ kasa no mu, ebi ne inku(ma nkuu wɔ Ha kasa mu), Ashanku(ma sɛdeɛ wɔde borɔdeɛ yɛ aduane bi a yɛfrɛ no Tatale wɔ Ga kasa mu), ne afoforɔ a n'awieeɛ yɛ "ku". Banku da nso firi akple nnuane a ɛyɛ Ewefoɔ na ɛdi.[1] Ɛyɛ Ghana ne Togofoɔ a ɛwɔ Ga-Dangme (anaa Ga) aduane a yɛde aburo mmɔle ne bankye mmɔle a aboro aka afra a yɛde agu nsuohyeɛ mu aka, ama no ayɛ fitaa[2], yɛde di nkwan, nkruma frɔeɛ anaa mako ne nsuomunam. Mpem pii no nnipa a ɛwɔ Ghana anaafoɔ mantam na ɛpɛ saa aduane no;Ewefoɔ, Fantefoɔ ne Ga-Dangmefoɔ nanso mantam ahodoɔ a aka a ɛwɔ Ghana no nso di saa aduane no. Wobɛtumi ahunu Banku wɔ Ghana afanaa nyinaa, ɛwɔm sɛ Ewefoɔ na ɛdi saa aduane no paa deɛ nanso ɛyɛ aduane baako a ɛho wɔi mfasoɔ a nnipakuo a ɛwɔ Ghana nyinaa di. Ga-Dangme (anaa Ga) wɔ kwan bi a wɔfa so ma aduane no yɛ mmerɛ a wɔfrɛ no Banku, saa nso na Fantefoɔ nso yɛ ma no yɛ den a wɔfrɛ no ɛtsew.[3]

Nnoɔma a yɛde yɛ saa aduane no[sesa]

[4] Ade titire a yɛde yɛ Banku yɛ aburo mmɔle ne bankye mmɔle, nkyene ne nsuo a ɛda nso firi nnoɔma a yɛde yɛ akplɛ ho. Nsonsoneɛ da sɛdeɛ yɛsi yɛ Banku ne akplɛ mu nanso sɛ wobobɔ ne mmienu a ɛsɛ yie paa ara.[5] Yɛde yɛ nsa na edie.[6] Mpempii no yɛde akplɛ di nkruma nkwan a yɛfrɛ no "Fetri Detsi" a Ewefoɔ na ɛdi.[7]

Sɛnea wɔsi yɛ saa aduane no.[sesa]

Sɛ woreyɛ mmɔle no a ɛfa mmerɛ pii. Wobɛdwa bankye na woatwitwa de afra aburo de agu nsuom ama adeɛ akye. Wobɛsɔne nsuo no afirim na wakɔyam bankye no ne aburo no ama no afe fekɔfekɔ na asane afɔ. Nea edi so wɔ ne yɛ mu ne sɛ wobɛfete mmɔle no ama no aboro. Ɛdi bɛyɛ nnanu anaa nnanum a ɛgyina senea ewiem nsakraeɛ teɛ no.[8] Hono aburo mmɔle no ne bankye mmɔle no dadesɛn mu. Ma no gya kakra na num kɔpem sɛ ɔbɛhuru. Kɔso ara num kɔpem sɛ ɛbɛyɛ den. Afei na wode wo bankuta no aka saa ama no ayɛ fekɔfekɔ a aba biara nnim. Sɛ ɛfe a na woapepa dadesɛn no ano kamakama. Fa nsuo gum ma ɛnyɛ sɛnea ɛrekata aduane no so na kata so ma no nhuru, na hwɛ sɛ aduane no baabiara ahuru a. Fa bankuta no ka banku no fra nsuo no. Kɔso ara ka saa fa nsuo gum kɔpem sɛ ɛbɛyɛ mmerɛ na abɛn yie. Fa kyɛnsen ketewa bi te bi gu kyɛnsen foforɔ mu na bobɔ. Te banku no saa ara kɔpem sɛ ne nyinaa bɛsa afiri dadesɛn no mu. Wobɛtumi de adi nkwan biara a wopɛ, abomu anaa mako a yatwi ne nam anaa nsuomunam biara a wopɛ.

[9]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. A Grammatical Sketch of the Akra or Ga-language - By Johannes Zimmermann, (2) Online Reference By J DZeagu-Kudjodji and Others.
  2. Haard, N.F. (1999). Fermented Cereals: A Global Perspective. FAO agricultural services bulletin. Food and Agriculture Organization of the United Nations. p. 37. ISBN 978-92-5-104296-0.
  3. Banku". ifood.tv/. Future Today Inc. Retrieved 14 February 2015.
  4. online reference, by J Dzeagu-Kudjodji and others ;
  5. Annan, Dorcas Aba. "Akple & Ground Pepper with Grilled Tilapia". Archived from the original on 14 February 2015. Retrieved 14 February 2015.
  6. Edwards, E.; Gosden, C.; Phillips, R. (2006). Sensible Objects: Colonialism, Museums and Material Culture. Wenner-Gren International Symposium Series. Bloomsbury Publishing. p. 50. ISBN 978-1-84788-315-5.
  7. Ghana: Okro Stew". 196 flavors. 2019-06-26. Retrieved 2020-03-09.
  8. "Ghana: Banku". 196 flavors. 2019-06-25. Retrieved 2020-06-01.
  9. Gracia, Zindzy (2018-03-01). "How to prepare banku". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2021-05-15.